Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO | AWARE

Wopɔn a, Woapɔn

Wopɔn a, Woapɔn

 Nnansa yi, abɛɛfo mfiri abu so. Enti ebia w’adwumawura, wɔn a wo ne wɔn yɛ adwuma, anaa wɔn a woyɛ adwuma ma wɔn nyinaa hwɛ kwan sɛ, sɛ wohia wo a, “wɔbɔɔ wɔn nsa ano” ara pɛ, na wɔanya wo. Wei nti, anhwɛ a wobɛka w’adwuma ne nneɛma foforo a ehia nyinaa abɔ so. Wowɔ fie mpo a, wobɛhwɛ na woreyɛ adwuma, enti wunnya bere nyɛ nneɛma foforo a ehia, na wunnya bere mma wo yere anaa wo kunu mpo.

 Nea ɛsɛ sɛ wuhu

  •   Abɛɛfo mfiri betumi ama adwuma agye wo abɔ so, na worennya bere mma wo yere anaa wo kunu mpo. Sɛ wowɔ fie na yɛfrɛ wo adwumam, w’adwumamfo sɛnde wo email, anaa wɔsɛnde wo text message pɛ, wobɛhwɛ na wode mmirika.

     “Kan no, sɛ wopɔn adwuma a, na woapɔn. Wunim sɛ worekɔ fie na wo ne w’abusua akɔbɔ nkɔmmɔ. Nanso seesei asesa koraa. Wowɔ fie mpo a, na adwumam email ne fon kɔl atoa wo wɔ hɔ. Ɛba saa a, wonkae sɛ wowɔ kunu anaa yere bi mpo wɔ fie.”—Jeanette.

  •   Sɛ wopɛ sɛ wunya bere yɛ w’adwuma, na wunya bere nso ma wo yere anaa wo kunu a, ɛnde fa adwene. Sɛ woantoto nneɛma yiye a, nea wubehu ara ne sɛ w’adwuma agye wo afi wo yere anaa wo kunu nsam.

     “Wo yere anaa wo kunu na ɛyɛ a wotaa bu w’ani gu no so, efisɛ adwene a wunya ara ne sɛ, ‘O, ɔno de ɔbɛte ase. Ɔde bɛkyɛ me. Akyiri yi, mɛpɛ bere ama no.’”—Holly.

 Wopɔn a, woapɔn—Nea ɛbɛboa wo

  •   Ma w’aware ho nhia wo paa. Bible se: “Nea Onyankopɔn de abom no, ɛnsɛ sɛ onipa dasani biara tew mu.” (Mateo 19:6, New American Bible, Revised New Testament) Sɛ ɛnsɛ sɛ woma onipa ‘tew’ wo fi wo yere anaa wo kunu ho a, w’adwuma na ɛsɛ sɛ woma ɛtew wo fi ne ho anaa?

     “Wɔn a woyɛ adwuma ma wɔn no, ebinom adwene ne sɛ, esiane sɛ wotua wo ka nti, bere biara a wohia wo no, ɛsɛ sɛ wonya wo. M’aware ho hia me paa, enti meka kyerɛ wɔn a meyɛ adwuma ma wɔn no sɛ, ɛda a menyɛ adwuma no, wohia me a wɔrennya me, na mɛfrɛ wɔn akyiri yi.”—Mark.

     Bisa wo ho sɛ, ‘Nneɛma a meyɛ no, ɛma obiara hu sɛ m’aware ho hia me sen m’adwuma anaa?’

  •   Sɛ wohwɛ na adwuma no boro wo so a, nnye mmɔ so. Bible ka sɛ: “Ahobrɛasefo na nyansa ne wɔn te.” (Mmebusɛm 11:2) Sɛ wobrɛ wo ho ase a, wubehu sɛ nnwuma bi wɔ hɔ a, ɛbɛyɛ papa sɛ worennye koraa anaa ɛbɛyɛ papa sɛ wode bi bɛma obi ayɛ.

     “Meyɛ plɔmba, enti sɛ obi hia me denneennen a, na ɛkyerɛ sɛ ne ho akyere no. Sɛ mehwɛ na merentumi nkɔyɛ adwuma no mma no ntɛm a, ɛnde mekyerɛ no plɔmba foforo a obetumi aboa no.”—Christopher.

     Bisa wo ho sɛ: ‘Sɛ yɛma me adwuma foforo ka m’adwuma ho, na mihu sɛ ɛremma minnya bere mma me yere anaa me kunu a, mayɛ krado sɛ mɛpo anaa? Sɛ yɛrebisa me yere anaa me kunu a, ɔbɛka sɛ merennye adwuma no anaa?’

  •   Mompɛ bere nnwudwo mo ho. Bible se: “Biribiara wɔ ne bere a wɔahyɛ ato hɔ.” (Ɔsɛnkafo 3:1) Sɛ nnwuma gu wo so a, saa bere no paa na ehia sɛ wopɛ bere na wo ne wo yere anaa wo kunu dwudwo mo ho.

     “Sɛ nnwuma gu yɛn so paa a, ɛyɛ a yɛpɛ bere dwudwo yɛn ho. Ebia yɛbom didi anwummere anaa yɛkɔnantenantew mpoano kɛkɛ, nanso ɛno ma yenya kwan didi yɛn ho nkɔmmɔ, me ne me kunu nko ara.”—Deborah.

     Bisa wo ho sɛ: ‘Ɛyɛ a mepɛ bere ne me yere anaa me kunu nko ara didi yɛn ho nkɔmmɔ? Sɛ yɛrebisa me yere anaa me kunu a, ɛdɛn na ɔbɛka?’

  •   Munnum no. Bible ka sɛ: ‘Mompɛɛpɛɛ mu nhu nneɛma a ehia koraa no.’ (Filipifo 1:10) Ɛwom ara a, mubetumi adum mo fon na adwumamfo amfrɛfrɛ mo anaa wɔansɛnde mo text message.

     “Mayi bere bi asi hɔ, na saa bere no du pɛ, mebɔ mmɔden gyae adwuma biara a mereyɛ. Edu saa bere no a, mikyim me fon to baabi, enti sɛ obi frɛ anaa ɔsɛnde message a, ɛremma.”—Jeremy.

     Bisa wo ho sɛ: ‘M’adwene yɛ me sɛ mensɔ me fon nsi so bere nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a m’adwumam panyin anaa obi a meyɛ adwuma ma no rehwehwɛ me a, obenya me anaa? Sɛ yɛrebisa me yere anaa me kunu a, ɛdɛn na ɔbɛka?’

  •    Ɛyɛ a te wo yere anaa wo kunu ase. Bible ka sɛ: “Momma nnipa nyinaa nhu mo ntease.” (Filipifo 4:5) Nea ɛwom ne sɛ, ɛtɔ da a, adwuma bi betumi aba ama wo yere anaa wo kunu agya wo hɔ. Nhwɛso bi ne sɛ, ebia na wo yere anaa wo kunu adwuma a ɔyɛ nti, sɛ ɔpɔn mpo a, ɛsɛ sɛ nkurɔfo tumi frɛ no bere biara. Sɛ saa a, te no ase. Nhwɛ kwan sɛ ɔbɛtena wo nkyɛn bere nyinaa.

     “Me kunu yɛ ɔno ara n’adwuma ketewaa bi. Ɛtɔ da a, bere a wapɔn adwuma mpo, biribi tumi ba putupuru a ɛsɛ sɛ ɔkɔyɛ. Ɛtɔ da a ɛma me bo fuw, nanso sɛ mehwɛ bere pii a onya ma me no a, ɛma mete no ase.”—Beverly.

     Bisa wo ho sɛ: ‘Mema me yere anaa me kunu hu sɛ, nnwuma bebrebe a egu no so nti, sɛ onnya bere pii mma me a, ɛnhaw me anaa? Sɛ yɛrebisa me yere anaa me kunu a, ɛdɛn na ɔbɛka?’

 Munsusuw wei ho

 Nea edi kan, mo mu biara nsusuw nsɛmmisa a edidi so yi ho. Muwie a, na moabom asusuw obiara mmuae ho.

  •   Wo yere anaa wo kunu aka akyerɛ wo pɛn sɛ wowɔ fie koraa a na woreyɛ adwuma? Sɛ saa a, wo ne no yɛ adwene?

  •   Wohwɛ a, ɛdɛn pɔtee na woyɛ a, ɛbɛma woanya bere ayɛ adwuma na woasan anya bere ama wo yere anaa wo kunu?

  •   Aba wo tirim pɛn sɛ, sɛ wo yere anaa wo kunu pɔn adwuma ba fie koraa a na ɔreyɛ adwuma anaa? Sɛ saa a, wokae mmere pɔtee bi a ɛbaa saa?

  •   Sɛ nsakrae bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wo yere anaa wo kunu yɛ na amma adwuma annye no ammɔ so a, anka wobɛka sɛ ɛdɛn na ɔnyɛ?