Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bible Ho Video​—Nkyerɛkyerɛ a Ɛho Hia Paa

Video ntiantiaa yi bɛma woanya Bible nsɛmmisa a ɛho hia paa ho mmuae. Ebi ne: Adɛn nti na Onyankopɔn bɔɔ asaase? Tebea bɛn na awufo wom? ne Adɛn nti na Onyankopɔn ma yehu amane?

Obi Na Ɔbɔɔ Amansan Yi Anaa?

Ebinom nnye adebɔ ho nsɛm a ɛwɔ Bible mu no ntom, ebi koraa ka sɛ ɛyɛ anansesɛm. Nanso, nea Bible ka no, yebetumi agye adi anaa?

Onyankopɔn Wɔ Hɔ Ampa?

Ntease wom sɛ yebegye adi sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. Hwɛ adanse a ɛkyerɛ saa.

Enti Onyankopɔn Wɔ Din?

Onyankopɔn wɔ abodin pii. Ebi ne Ade Nyinaa so Tumfoɔ, Ɔbɔadeɛ, ne Awurade. Onyankopɔn din pue bɛboro 7,000 wɔ Bible mu.

Wobɛyɛ Dɛn Ne Onyankopɔn Afa Adamfo?

Mfe ɔhaha pii ni a nnipa abɔ mmɔden sɛ wobehu wɔn Bɔfo no. Bible betumi aboa yɛn ama yɛne Onyankopɔn afa adamfo. Sɛ wuhu ne din a, na moafi adamfofa no ase ara no no.

Hena Ne Bible no Kyerɛwfo?

Sɛ nnipa na ɛkyerɛwee a, ɛnde adɛn na yɛfrɛ no “Onyankopɔn asɛm”? Hena nsusuwii na ɛwɔ Bible mu?

Bible no Yɛ Nokware?

Sɛ Onyankopɔn na ɔkyerɛw Bible no a, ɛnde ɛsɛ sɛ edi mũ sen nhoma biara.

Dɛn Nti Na Onyankopɔn Bɔɔ Asase?

Wohwɛ yɛn asase yi so a, wubehu nneɛma a ɛyɛ fɛ pii. Ɔkwan a ɛda asase ne owia ntam no fata paa. Saa ara nso na asase no twa ne ho pɛpɛɛpɛ. Adɛn nti na Nyankopɔn tɔɔ ne bo ase bɔɔ asase no kama saa?

Tebea Bɛn Na Awufo Wom?

Bible ahyɛ bɔ sɛ, bere bi bɛba a, Onyankopɔn benyan nnipa pii afi awufo mu sɛnea Yesu nyanee Lasaro fii awufo mu no.

Hell Yɛ Baabi a Wɔyɛ Nkurɔfo Ayayade Anaa?

Bible no ma yehu sɛ, “Onyankopɔn ne dɔ.” Wei nti, sɛ obi yɛ bɔne, na owu a, ɔrenyɛ no ayayade da.

Yesu Kristo—Ɔno Ara Ne Onyankopɔn Anaa?

Yesu Kristo—ɔno ara ne Onyankopɔn anaa? Ɛsono Onyankopɔn na ɛsono Yesu anaa?

Adɛn Nti na Yesu Wui?

Bible ma yehu sɛ Yesu wu no ho hia paa. Mfaso bɛn na ɛwɔ ne wu no so?

Dɛn Ne Onyankopɔn Ahenni?

Yesu wɔ asase so no, ɔkaa Nyankopɔn Ahenni ho asɛm sen biribi foforo biara. Mfe pii ni na n’akyidifo abɔ mpae sɛ saa Ahenni no mmra.

Onyankopɔn Ahenni Fii Ase Dii Tumi Afe 1914

Bɛboro mfe 2,600 a atwam ni, Onyankopɔn maa ɔhene bi soo dae bi, na saa dae no renya mmamu nnɛ.

Efi Afe 1914 Reba No, Wiase No Asesa

Efi afe 1914 reba no, nnipa suban ne nneɛma a ɛresisi no di adanse sɛ, “awiei mmere” ho nkɔmhyɛ a ɛwɔ Bible mu no abam.

Atoyerɛnkyɛm a Ɛyɛ a Esisi No, Efi Onyankopɔn Anaa?

Nnipa mmienu bi a atoyerɛnkyɛm adi wɔn nya aka nea wɔsua fii Bible mu.

Dɛn Nti Na Onyankopɔn Ma Amanehunu Ho Kwan?

Nnipa pii bisa sɛ, ‘Adɛn nti na nitan ne amanehunu ahyɛ wiase mu mã saa?’ Mmuae a Bible de ma no tɔ asom, na ɛbɛkyekye wo werɛ.

Onyankopɔn Pene Ɔsom Ahorow Nyinaa So Anaa?

Nnipa bebree gye di sɛ wobetumi apaw ɔsom biara a wɔpɛ.

Ahoni a Wɔde Di Dwuma Wɔ Ɔsom Mu—Onyankopɔn Pene So Anaa?

Yenhu Onyankopɔn, enti ahoni betumi aboa yɛn ama yɛabɛn no anaa?

So Onyankopɔn Tie Mpaebɔ Nyinaa?

Nanso sɛ obi mpaebɔ ma ɛda adi sɛ ɔyɛ pɛsɛmenkominya nso ɛ? Ɔbarima bi hwe ne yere wɔ fie, na adekyee a, ɔsrɛ Nyankopɔn hɔ nhyira nso ɛ?

Onyankopɔn Adwene Ne Sɛn Wɔ Aware Ho?

Onyankopɔn pɛ sɛ w’aware sɔ. Aware ho afotu a ɛwɔ Bible mu no aboa awarefo bebree.

Sɛ Obi Hwɛ Ponografi a, Wayɛ Bɔne Atia Onyankopɔn Anaa?

Wohwɛ Bible mu a, wubehu asɛmfua “ponografi” wom? Yɛyɛ dɛn hu sɛnea Onyankopɔn te nka wɔ aguamansɛm anaa ponografi ho?