Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE MU NSƐM A WƆAKYERƐKYERƐ MU

Yesaia 42:8—“Mene Awurade”

Yesaia 42:8—“Mene Awurade”

 “Mene Yehowa. Me din ne no; meremfa m’anuonyam mma obiara, na m’ayeyi nso, meremfa mma ahoni.”—Yesaia 42:8, Wiase Foforo Nkyerɛase.

 “Mene Awurade, me din ne no, na meremfa m’anuonyam mma obi, na m’ayeyi nso, meremfa mma ahoni.”—Yesaia 42:8, Akuapem Twi Bible a The Bible Society of Ghana Yɛe.

Nea Yesaia 42:8 Kyerɛ

 Onyankopɔn bɔɔ ne din ankasa kyerɛɛ yɛn wɔ hɔ, na ɔde kaa ho sɛ ɔne ahoni nkyɛ n’ayeyi anaa n’anuonyam.

 Onyankopɔn ankasa na ɔde saa din no too ne ho. Twi kasa mu no, yɛtaa kyerɛ din no ase “Yehowa.” a (Exodus 3:14, 15) Onyankopɔn din pue bɛyɛ 7,000 wɔ Apam Dedaw (anaa Hebri Ne Aram Kyerɛwnsɛm) no mu. Nanso wohwɛ Bible pii mu a, wubehu sɛ wɔde abodin “Awurade” na asi anan. Nea yɛreka yi bi wɔ Dwom 110:1. Asɛm a ɛwɔ hɔ no yɛ nkɔmhyɛ a ɛfa Yehowa ne Yesu ho. Akuapem Twi Bible a The Bible Society of Ghana Yɛe no ka wɔ hɔ sɛ: “Awurade [kyerɛ sɛ, Yehowa] ka kyerɛɛ me wura [kyerɛ sɛ, Yesu] sɛ.” (Asomafo Nnwuma 2:34-36) Nanso sɛ obi kenkan saa asɛm yi a, ebetumi ayɛ den ama no sɛ obehu nsonsonoe a ɛda “Awurade” ne “me wura” no ntam. Wei nti, Wiase Foforo Nkyerɛase Bible no de Onyankopɔn din no ahyɛ baabi a ɛsɛ sɛ ɛhyɛ, sɛnea ɛbɛyɛ a emu bɛda hɔ ama yɛahu nea ɛyɛ Onyankopɔn ne nea ɛyɛ Yesu. Ɛka sɛ: “Yehowa ka kyerɛɛ me Wura sɛ: ‘Tena me nsa nifa kosi sɛ mede w’atamfo bɛyɛ wo nan ntiaso.’”

 Abenfo binom ka sɛ Onyankopɔn din no kyerɛ “Nea Ɔma Ɛyɛ Hɔ.” Edin a ɛte sɛɛ de, nokware Nyankopɔn no nko ara na ɛfata no, efisɛ ɔno nko ara na obetumi ama n’ankasa anaa n’abɔde ayɛ nea ehia biara ama n’apɛde ayɛ hɔ.

 Yehowa na ɔbɔɔ yɛn; ɔno ne nokware Nyankopɔn koro pɛ no, enti ɔfata sɛ yɛsom ɔno nko ara. Ɛmfata sɛ yɛsom ahoni, abosom, anaa biribi foforo biara.—Exodus 20:2-6; 34:14; 1 Yohane 5:21.

Yesaia 42:8 Ho Nsɛm

 Sɛ wokenkan Yesaia ti 42 a, ne mfiase no wubehu sɛ Yehowa kaa sɛ nea ‘wapaw no’ no bɛyɛ adwuma bi. Onyankopɔn kaa sɛ ne somfo a wagye no atom yi de “atɛntrenee bɛbrɛ amanaman no.” (Yesaia 42:1) Ɛbɔ a Onyankopɔn hyɛe yi, ɔkaa ho asɛm sɛ: “Afei mereka nsɛm foforo. Mereka ho asɛm akyerɛ mo ansa na aba.” (Yesaia 42:9) Bere a wɔhyɛɛ nkɔm faa nea ‘wɔapaw no’ no ho no, edii mfe pii ansa na ɛreba mu. Ɛbaa mu bere a Mesia anaa Kristo no baa asaase so bɛyɛɛ ne som adwuma no.—Mateo 3:16, 17; 12:15-21.

Sɛnea Wɔakyerɛ Yesaia 42:8 Ase Wɔ Bible Foforo Mu

 “Mene Yehowa, me din ne no, na meremfa m’anuonyam memma obi, na m’ayeyi nso, memfa memma abosom.”—Twi Bible Dedaw a The Bible Society of Ghana Yɛe.

a Hebri kasa mu no, nkyerɛwde nnan na wɔde gyina hɔ ma Onyankopɔn din no. Twi kasa mu no, wɔtaa kyerɛw no YHWH. Twi Bible ahorow bi kyerɛw Onyankopɔn din no “Yahwe.” Sɛ wopɛ wei ho nsɛm pii a, hwɛ Nkekaho A4 wɔ Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase no mu, asɛm a wɔato din “Onyankopɔn Din Pue Wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm No Mu.”