Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Ne Akekaboa Kɔkɔɔ a Adiyisɛm Ti 17 Ka Ne Ho Asɛm No?

Dɛn Ne Akekaboa Kɔkɔɔ a Adiyisɛm Ti 17 Ka Ne Ho Asɛm No?

Nea Bible ka

 Akekaboa kɔkɔɔ a Adiyisɛm ti 17 ka ho asɛm no, egyina hɔ ma ahyehyɛde bi a ne botae ne sɛ ɛbɛka wiase aman nyinaa abom na akasa ama wɔn. Kan no, na wɔfrɛ no Amanaman Apam, nanso seesei de, wɔfrɛ no Amanaman Nkabom.

Nea Ɛboa Yɛn Ma Yehu Nea Akekaboa Kɔkɔɔ No Kyerɛ

  1.   Ɛyɛ amammui ahyehyɛde. Akekaboa kɔkɔɔ no wɔ “ti ason” a egyina hɔ ma “mmepɔw ason” ne “ahemfo baason,” anaa ahenni nson. (Adiyisɛm 17:9, 10) Bible mu no, wɔde mmepɔw ne mmoa gyina hɔ ma aban ahorow.—Yeremia 51:24, 25; Daniel 2:44, 45; 7:17, 23.

  2.   Ɛne wiase amammui ahyehyɛde no di nsɛ. Akekaboa kɔkɔɔ no, ɛne akekaboa a ɔwɔ eti mmaako mmaako nson a Adiyisɛm ti 13 ka ho asɛm no di nsɛ. Akekaboa a ɔwɔ eti nson no gyina hɔ ma wiase yi amammui ahyehyɛde. Nkekaboa mmienu no nyinaa wɔ ti nson ne mmɛn du, na wɔn nyinaa wɔ abusudin. (Adiyisɛm 13:1; 17:3) Wei nyɛ asɛm ne asɛm a ahyia kɛkɛ. Mmom akekaboa kɔkɔɔ no yɛ wiase amammui ahyehyɛde no honi, anaa ne sɛso.—Adiyisɛm 13:15.

  3.   Enya ne tumi fi atumfoɔ afoforo hɔ. Akekaboa kɔkɔɔ no ‘fi atumfoɔ afoforo mu na ɛbae.’ Ɛno kyerɛ sɛ, enya ne tumi fi saa atumfoɔ no hɔ.—Adiyisɛm 17:11, 17.

  4.   Ɛne ɔsom ahorow bɔ kosua tafere. Atorosom a ɛwɔ wiase nyinaa a Bible ka bom frɛ no Babilon Kɛse no, ɛte akekaboa kɔkɔɔ no so. Ɛno kyerɛ sɛ, ɔsom ahorow no kyerɛ akekaboa no nea ɔnyɛ.—Adiyisɛm 17:3-5.

  5.   Ebu Onyankopɔn animtiaa. “Abusudin ayɛ akekaboa no ma.”—Adiyisɛm 17:3.

  6.   Wɔbɛka no ahyɛ a ɔrentumi nyɛ hwee kosi bere bi. Akekaboa kɔkɔɔ no, ɔbɛkɔ “amoa donkudonku” a no mu, kyerɛ sɛ, ɔrentumi nyɛ hwee kosi bere bi. Nanso akyiri yi ɔbɛsan aba.—Adiyisɛm 17:8.

Bible nkɔmhyɛ aba mu

 Ma yɛnhwɛ sɛnea Amanaman Apam no ne Amanaman Nkabom a edii ɛno akyi bae no ama Bible nkɔmhyɛ a ɛfa akekaboa kɔkɔɔ no ho no aba mu.

  1.   Ɛyɛ amammui ahyehyɛde. Amanaman Nkabom no ka sɛ, egye tom sɛ “Aman a ɛka ho nyinaa wɔ hokwan sɛ wɔwɔ hɔ sɛ ɔman na wɔn ankasa di wɔn man so.” b Enti amammui ahyehyɛde a ɛwɔ hɔ no, ɛbɔ no kyidɔm.

  2.   Ɛne wiase amammui ahyehyɛde no di nsɛ. Afe 2011 no, ɔman baako kɔkaa Amanaman Nkabom no ho maa aman a ɛwom no dodow bɛyɛɛ 193. Ɛno nti Amanaman Nkabom no kyerɛ sɛ, aman ne nnipa a ɛwɔ wiase no fã kɛse no ara, wɔn na wɔyɛ wɔn ananmusifo.

  3.   Enya ne tumi fi atumfoɔ afoforo hɔ. Aman a wɔka bom yɛ Amanaman Nkabom no na wɔyɛɛ saa ahyehyɛde no, na tumi a ɛwɔ no, aman no ara na wɔde ama no.

  4.   Ɛne ɔsom ahorow bɔ kosua tafere. Efi tete nyinaa, ɔsom ahorow a ɛwɔ wiase no akɔtaa Amanaman Apam ne Amanaman Nkabom no akyi. c

  5.   Ebu Onyankopɔn animtiaa. Nea enti a wɔtew Amanaman Nkabom no ne sɛ, “wɔmmoa mma amanaman no nnya asomdwoe ne ahotɔ.” d Anhwɛ a, wobɛka sɛ nea wɔde asi wɔn ani so no yɛ adepa. Nanso nea ɛwom paa ne sɛ, Amanaman Nkabom no bu Onyankopɔn animtiaa efisɛ nneɛma a Nyankopɔn aka sɛ n’Ahenni nko ara na ebetumi ayɛ no, ɛno na wɔka sɛ wɔbɛyɛ.—Dwom 46:9; Daniel 2:44.

  6.   Wɔbɛka no ahyɛ a ɔrentumi nyɛ hwee kosi bere bi. Bere a wɔtew Amanaman Apam no wɔ Wiase Ko a Edi Kan no akyi no, na wɔn botae ne sɛ wɔbɛhwɛ ama asomdwoe aba amanaman ntam nanso wɔantumi anyɛ. Bere a Wiase Ko a Ɛtɔ So Mmienu no fii ase wɔ afe 1939 no, Amanaman Apam no gui. Bere a Wiase Ko a Ɛtɔ So Mmienu no baa awiei wɔ afe 1945 no na wɔtew Amanaman Nkabom no. Botae a esi Amanaman Nkabom no ani so, sɛnea wɔtoto wɔn nneɛma, ne sɛnea wɔahyehyɛ Amanaman Nkabom no, ɛte sɛ Amanaman Apam de no pɛpɛɛpɛ.

a Nhoma bi ka sɛ, Greek asɛmfua a wɔkyerɛ ase “amoa donkudonku” no, ɛkyerɛ sɛ “emu dɔ ara ma wusi mu a wunnu ase da.” (Vine’s Expository Dictionary of Old and New Testament Words) Saa Greek asɛmfua no, wɔakyerɛ ase ‘ebun’ wɔ Akuapem Twi Bible a The Bible Society of Ghana Yɛe no mu. Bible mu no, saa asɛmfua no kyerɛ baabi a wɔaka obi ahyɛ anaa tebea a obi kɔ mu a ɛte sɛ nea wɔaka no ahyɛ baabi a ontumi nyɛ ne ho hwee.

b Hwɛ Amanaman Nkabom Mmara Nhoma no Fã a Ɛtɔ So 2 no.

c Ɛho nhwɛso ne sɛ, Amerika nsɔrensɔre pii a wɔyɛ Protestantfo kaa wɔn ho boom tee bagua bi, na afe 1918 no, wɔde too gua sɛ, Amanaman Apam no yɛ “amammui ahyehyɛde a egyina Onyankopɔn ahenni no ananmu wɔ asaase so.” Afe 1965 no, Buddhafo, Katolekfo, Apuei Fam Ortɔdɔksfo, Hindufo, Nkramofo, Yudafo, ne Protestantfo kohyiaam wɔ San Francisco sɛ wɔrekɔtaa Amanaman Nkabom no akyi na wɔabɔ mpae ama wɔn. Afei nso, afe 1979 no, Pope John Paul II kaa sɛ, ogye di sɛ Amanaman Nkabom no “bedi anim apere asomdwoe ne atɛntrenee wɔ wiase.”

d Hwɛ Amanaman Nkabom Mmara Nhoma no Fã a Edi Kan no.