Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Henanom Ne “Anyansafo Mmiɛnsa” No? Onyankopɔn Na Ɔmaa “Nsoromma” No Kyerɛɛ Wɔn Kwan Kɔɔ Betlehem Anaa?

Henanom Ne “Anyansafo Mmiɛnsa” No? Onyankopɔn Na Ɔmaa “Nsoromma” No Kyerɛɛ Wɔn Kwan Kɔɔ Betlehem Anaa?

Nea Bible ka

 Sɛ edu Buronya bere a, nnipa pii ka sɛ akwantufo a wɔkɔsraa Yesu wɔ n’awo akyi no, na wɔyɛ “anyansafo mmiɛnsa” anaa “ahemfo mmiɛnsa.” Nanso sɛ Bible reka nkurɔfo yi ho asɛm a, ɔmfrɛ wɔn saa. (Mateo 2:1) Bere a Asɛmpa kyerɛwfo Mateo reka wɔn a wɔkɔsraa Yesu ho asɛm no, ɔde Hela asɛmfua ma’goi na ɛyɛɛ adwuma. Ɛbɛyɛ sɛ saa asɛmfua no kyerɛ nnipa a wɔaben wɔ nsoromma mu hwɛ ne adaemonesɛm mu. a Bible nkyerɛase pii frɛ wɔn “nsoromma mu ahwɛfo” anaa “magi. b

 “Anyansafo” ahe na wɔkɔsraa Yesu?

 Ɛsono obiara ne nea ɔka, nanso Bible no anka anyansafo a wɔkɔsraa Yesu no dodow. Encyclopedia Britannica no ka sɛ, “Nnipa pii a wɔtete Asia gye di sɛ na anyansafo no anaa Magi no dodow yɛ 12, nanso wɔn a wɔtete Europe ne America no gye di sɛ na wɔyɛ mmiɛnsa; ɛbɛyɛ sɛ wɔhwɛɛ nneɛma a wɔde kɔkyɛɛ abofra no dodow so na ɛkaa saa. Nneɛma no ne ‘sika, ɛhyɛ, ne kurobow’ (Mateo 2:11).”

 Ná “anyansafo” no yɛ ahemfo anaa?

 Ɛwom, edu Buronya bere a, sɛnea wɔka akwantufo no ho asɛm ne sɛnea wɔyɛ wɔn mfoni no ma ɛyɛ te sɛ na wɔyɛ ahemfo, nanso Bible no nka no baabiara sɛ na wɔyɛ ahemfo. Encyclopedia Britannica no ka sɛ, Yesu wui akyi no, sɛ nkurɔfo reka Yesu awo ho asɛm a, wɔde nsɛm no bi keka ho. Wei maa nnipa pii fii ase kaa sɛ na saa akwantufo no yɛ ahemfo.

 Ná “anyansafo” no din de sɛn?

 Bible no ammobɔ nsoromma mu ahwɛfo no din. The International Standard Bible Encyclopedia no ka sɛ, “anansesɛm ne atetesɛm ahorow bi wɔ hɔ a, ɛka sɛ wɔn din de Gaspar, Melchior, ne Balthasar.”

 Bere bɛn na “anyansafo” no kɔsraa Yesu?

 Wɔwoo Yesu no, ɛbɛyɛ sɛ abosome kakra twaam ansa na nsoromma mu ahwɛfo no rekɔsra no. Nea enti a yebetumi aka saa ne sɛ, bere a na Ɔhene Herode pɛ sɛ okum Yesu no, ɔhyɛe sɛ wonkum mmarimaa a wɔawo wɔn foforo kosi wɔn a wɔadi mfe mmienu so. Nsɛm a nsoromma mu ahwɛfo no kae no na ogyinaa so yɛɛ saa.—Mateo 2:16.

 Ɛnyɛ anadwo a wɔwoo Yesu no na nsoromma mu ahwɛfo no kɔsraa no. Bible ka sɛ: “Bere a wɔkɔɔ fie no mu no, wohuu abofra kumaa no ne ne maame Maria.” (Mateo 2:11) Wei kyerɛ sɛ, bere a nsoromma mu ahwɛfo no kɔsraa Yesu no, na ɔnyɛ akokoaa a ɔda mmoa adididaka mu bio, mmom na ɔne n’abusua te fie.—Luka 2:16.

 Onyankopɔn na ɔmaa “nsoromma” no kyerɛɛ “anyansafo” no kwan kɔɔ Betlehem anaa?

 Ebinom gye di sɛ Onyankopɔn na ɔmaa nsoromma no kyerɛɛ anyansafo no kwan kɔɔ Yesu nkyɛn wɔ Betlehem. Momma yɛnhwɛ nea a yebetumi aka sɛ saa asɛm no nyɛ nokware.

  •   Nsoromma no dii kan kyerɛɛ nsoromma mu ahwɛfo no kwan kɔɔ Yerusalem. Bible ka sɛ: “Nsoromma mu ahwɛfo fi apuei fam baa Yerusalem, na wɔkae sɛ: ‘Ɛhe na nea wɔawo no sɛ Yudafo hene no wɔ? Yɛwɔ apuei fam na yehuu ne nsoromma, enti yɛaba sɛ yɛrebɛkotow no.’”—Mateo 2:1, 2.

  •   Ɛnyɛ “nsoromma” na edii kan kyerɛɛ nsoromma mu ahwɛfo no kwan kɔɔ Betlehem, mmom Ɔhene Herode. Bere a Herode tee sɛ wawo nea ɔbɛyɛ “Yudafo hene” no, obisabisaa mu hwɛɛ baabi a na wɔbɛwo Kristo a wɔahyɛ ne ho bɔ no. (Mateo 2:3-6) Bere a ɔtee sɛ wɔbɛwo no wɔ Betlehem no, ɔka kyerɛɛ nsoromma mu ahwɛfo no sɛ wɔnkɔhwehwɛ abofra no, na sɛ wohu no a, wɔmmɛka nkyerɛ no.

 Wei na ɛmaa nsoromma mu ahwɛfo no de wɔn ani kyerɛɛ Betlehem. Bible ka sɛ: “Bere a wotiee ɔhene no asɛm wiei no, wosiim kɔe, na hwɛ! nsoromma a wohui bere a na wɔwɔ apuei fam no dii wɔn anim kosii sɛ ekogyinaa faako a abofra kumaa no wɔ no atifi.”—Mateo 2:9.

  •   “Nsoromma” a epuei no, na anka ɛde Yesu nkwa reto asiane mu, na ɛno na ɛmaa wonkunkum mmofra a wɔn ho nni asɛm no. Bere a nsoromma mu ahwɛfo fii Betlehem no, Onyankopɔn bɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ, mma wɔnnsan nkɔ Herode nkyɛn bio.—Mateo 2:12.

 Bere a Herode huu sɛ nsoromma mu ahwɛfo no adi no huammɔ no, dɛn na ɔyɛe? Bible ka sɛ: “Afei bere a Herode hui sɛ nsoromma mu ahwɛfo no adaadaa no no, ne bo fuwii kɛse, na ɔsoma ma wokokunkum mmarimaa a wɔwɔ Betlehem ne ne mpɔtam hɔ nyinaa, efi wɔn a wɔawo wɔn foforo so kosi wɔn a wɔadi mfe abien so, sɛnea bere a ohu fii nsoromma mu ahwɛfo no hɔ kyerɛ no.” (Mateo 2:16) Yetumi hu sɛ, adebɔne a ɛte saa a ɛkɔɔ so no, na ɛrentumi mma da sɛ Onyankopɔn na ɔhyɛ akyi.—Hiob 34:10.

a Hela abakɔsɛm kyerɛwfo bi a ɔtenaa ase bɛyɛ afe 600 A.Y.B. a wɔfrɛ no Herodotus kaa sɛ, ma’goi a na wɔwɔ ne bere so no, na wɔyɛ Mediafo anaa Persiafo. Ɔkaa sɛ, sɛ ɛba dae asekyerɛ ne nsoromma mu hwɛ mu a, na wɔaben paa.

b Hwɛ New American Standard Bible, The New American Bible, The New English Bible, ne New International Version Study Bible no. King James Nkyerɛase no kaa sɛ akwantufo a wɔkɔsraa Yesu no yɛ “anyansafo,” nanso anka sɛ na wɔyɛ mmiɛnsa.