Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn ne Onyankopɔn Ahenni?

Dɛn ne Onyankopɔn Ahenni?

Nea Bible ka

 Onyankopɔn Ahenni yɛ aban ankasa a Yehowa Nyankopɔn de asi hɔ. Esiane sɛ “Onyankopɔn Ahenni” di tumi fi soro nti, Bible san frɛ no “ɔsoro ahenni.” (Marko 1:14, 15; Mateo 4:17) Onyankopɔn Ahenni no ne nnipa ahenni di nsɛ wɔ nneɛma pii mu, nanso Onyankopɔn Ahenni no sen aban foforɔ biara.

  •   Ahemfo. Onyankopɔn apaw Yesu Kristo sɛ Ahenni no so hene, na wama Yesu tumi a ɛkyɛn wiase ahemfo nyinaa deɛ. (Mateo 28:18) Tumi a Yesu anya no, ade pa nko ara na ɔde bɛyɛ efisɛ wakyerɛ dedaw sɛ ɔyɛ Ɔkannifoɔ a ɔwɔ mmɔborɔhunu na yɛbɛtumi de yɛn ho ato ne so. (Mateo 4:23; Marko 1:40, 41; 6:31-34; Luka 7:11-17) Onyankopɔn ama Yesu ayi nnipa afi aman nyinaa mu sɛ wɔne no nkɔtena soro na wɔnni “asase so ahene.”​—Adiyisɛm 5:9, 10.

  •   Mmere dodow a ɛbɛdi tumi. Nnipa aban deɛ ɛnnɛ ɛwɔ hɔ, ɔkyena na atwam. Nanso, Onyankopɔn Ahenni no “wɔrensɛe no da.”​—Daniel 2:44.

  •   Ɔmanfoɔ. Obiara a ɔyɛ Onyankopɔn apɛde no, ɔbɛtumi ayɛ Onyankopɔn Ahenni no muni; ɛmfa ho ne baabi a ɔfi.​—Asomafo Nnwuma 10:34, 35.

  •   Mmara. Mmara (anaa ahyɛdeɛ) a Onyankopɔn Ahenni de ma no, ɛnkasa ntia nneɛma bɔne kɛkɛ. Mmom no, ɛboa ne manfoɔ ma wɔnya suban pa. Nhwɛso baako ne Bible mu asɛm yi: “‘Fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’adwene nyinaa dɔ Yehowa wo Nyankopɔn.’ Eyi ne ahyɛde a ɛyɛ kɛse sen ne nyinaa ne nea edi kan. Nea ɛto so mmienu ne sɛ, ‘Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.’” (Mateo 22:37-39) Onyankopɔn Ahenni no manfoɔ nyɛ adeɛ a ɛbɛha afoforo efisɛ wɔdɔ Onyankopɔn ne wɔn yɔnko nnipa.

  •   Ntetee. Onyankopɔn Ahenni no kyerɛ ne manfoɔ sɛ wɔmmɔ bra pa, na ɛsan kyerɛ wɔn ɔkwan a wɔbɛfa so ayɛ saa.​—Yesaia 48:17, 18.

  •   Nea ɛbɛyɛ. Ɛnyɛ Onyankopɔn Ahenni no atirimpɔw ne sɛ ɛbɛma wɔn a wɔdi anim no anya kwan adidi ɔmanfoɔ ho. Mmom no, ɛbɛma Onyankopɔn apɛdeɛ ayɛ hɔ. Nea ɛno kyerɛ ne sɛ, bɔ a Onyankopɔn ahyɛ sɛ ɔbɛma wɔn a wɔdɔ no anya daa nkwa wɔ paradise asase so no bɛbam.​—Yesaia 35:1, 5, 6; Mateo 6:10; Adiyisɛm 21:1-4.