Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wobɛyɛ Dɛn Ahu Onyankopɔn Yiye?

Wobɛyɛ Dɛn Ahu Onyankopɔn Yiye?

Nea Bible ka

 Wubetumi ahu Onyankopɔn yiye a, gye sɛ wusua ne ho ade na woyɛ nea ɔpɛ. Woyɛ saa a, Onyankopɔn ‘bɛbɛn wo.’ (Yakobo 4:8) Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ “ɔne yɛn mu biara ntam nware.”—Asomafo Nnwuma 17:27.

 Nea yɛyɛ a ɛbɛma yɛahu Onyankopɔn

 Kenkan Bible

  •  Nea Bible aka: “Kyerɛwnsɛm no nyinaa fi Onyankopɔn honhom mu.”—2 Timoteo 3:16.

  •  Nea ɛkyerɛ: Bible yɛ Onyankopɔn nhoma. Ne tirim asɛm na ɔde maa wɔn a wɔkyerɛw Bible no. Bible yɛ nhoma bi a ɛda nsow, na nea Onyankopɔn pɛ sɛ yɛyɛ no, Bible mu na ɛwɔ. Bible mu ara nso na yehu Onyankopɔn suban te sɛ ne dɔ, n’atɛntrenee ne ne mmɔborɔhunu.—Exodus 34:6; Deuteronomium 32:4.

  •  Nea wubetumi ayɛ: Kenkan Bible da biara. (Yosua 1:8) Ɛyɛ a dwennwene nea woakenkan no ho, na bisa wo ho sɛ: ‘Dɛn na asɛm yi ma mihu fa Onyankopɔn ho?’—Dwom 77:12.

     Ma yɛnyɛ wei ho nhwɛso. Kenkan Yeremia 29:11, na bisa wo ho sɛ: ‘Dɛn na Onyankopɔn pɛ sɛ minya, asomdwoe anaa mmusu? Ɔyɛ Onyankopɔn a ɔmfa bɔne nkyɛ, anaa ɔpɛ sɛ minya daakye papa?’

 To wo bo ase hwɛ nneɛma a Nyankopɔn abɔ

  •  Nea Bible aka: “[Onyankopɔn] suban ahorow a nnipa ntumi nhu, a ɛno ne ne tumi a ɛwɔ hɔ daa ne Onyankopɔn ko a ɔyɛ no, ada adi pefee fi bere a ɔbɔɔ wiase, na wɔnam nneɛma a wayɛ so na ehu.”—Romafo 1:20.

  •  Nea ɛkyerɛ: Nneɛma a Onyankopɔn abɔ a yehu no, ɛma yehu ne suban a ɔwɔ no bi. Ɛte sɛ obi a ɔyɛ mfoni anaa obi a ɔyɛ mfiri akɛse. Nneɛma a ɔyɛ no ma yehu sɛnea ɔte. Sɛ yɛhwɛ sɛnea nnipa adwene yɛ adwuma ne nneɛma a yetumi kae no a, ɛma yehu sɛ Onyankopɔn nim nyansa. Afei nso, sɛ yɛhwɛ ɛhyew a efi owia ne nsoromma a aka no mu ba, a ɛnhyew asaase ne ɛso nneɛma a, ɛma yehu sɛ Onyankopɔn wɔ tumi paa.—Dwom 104:24; Yesaia 40:26.

  •  Nea wubetumi ayɛ: Hyɛ da gye bere hwɛ nneɛma a Onyankopɔn abɔ, na sua biribi fi mu. Sɛ worehwɛ nneɛma a Onyankopɔn abɔ a, ɛyɛ a bisa wo ho sɛ, ‘Nneɛma a ɛyɛ nwonwa a Onyankopɔn abɔ yi, dɛn na ɛma yehu fa ne ho?’ a Nanso, ɛnyɛ Ɔbɔadeɛ no ho biribiara na yebetumi ahu wɔ nneɛma a wabɔ mu. Ɛno nti na ɔde Bible ama yɛn no.

 Fa Onyankopɔn din yɛ adwuma

  •  Nea Bible aka: “Mɛbɔ ne ho ban, efisɛ onim me din. Ɔbɛfrɛ me, na megye no so.”—Dwom 91:14, 15.

  •  Nea ɛkyerɛ: Onyankopɔn a ne din de Yehowa no, nnipa a enim ne din na wɔde edin no yɛ adwuma wɔ obu mu no, ɔma n’ani ku wɔn ho. b (Dwom 83:18; Malaki 3:16) Onyankopɔn din a wabɔ akyerɛ yɛn no, ɛkyerɛ sɛ wama yɛahu no. Ɔse: “Mene Yehowa. Me din ne no.”—Yesaia 42:8.

  •  Nea wubetumi ayɛ: Sɛ woreka Yehowa ho asɛm a, fa ne din yɛ adwuma.

 Bɔ Yehowa mpae

  •  Nea Bible aka: “Yehowa bɛn wɔn a wɔfrɛ no nyinaa.”—Dwom 145:18.

  •  Nea ɛkyerɛ: Wɔn a wɔde gyidi bɔ Yehowa mpae no, ɔtwe bɛn wɔn. Ɔsom a yɛde ma Onyankopɔn no, mpaebɔ ka ho, na ɛkyerɛ sɛ yebu no paa.

  •  Nea wubetumi ayɛ: Ɛyɛ a taa bɔ Onyankopɔn mpae. (1 Tesalonikafo 5:17) Nea ɛhaw wo, ne sɛnea wote nka nyinaa, ka kyerɛ no.—Dwom 62:8. c

 Nya Onyankopɔn mu gyidi

  •  Nea Bible aka: “Sɛ obi nni gyidi a, ɔrentumi nsɔ Onyankopɔn ani yiye.”—Hebrifo 11:6.

  •  Nea ɛkyerɛ: Sɛ yebetumi abɛn Onyankopɔn a, gye sɛ yenya ne mu gyidi. Bible mu no, yɛka sɛ obi wɔ gyidi a, ɛkyerɛ sɛ ogye di sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. Ɛnyɛ ɛno nko ara. Ɛkyerɛ nso sɛ ɔde ne werɛ nyinaa bɛhyɛ Onyankopɔn mu, na wagye adi sɛ ne bɔhyɛ nyinaa bɛba mu, na ne mmara nso yɛ papa. Sɛ wopɛ sɛ wo ne obi ntam yɛ papa a, ehia sɛ wugye no di.

  •  Nea wubetumi ayɛ: Gyidi a ɛyɛ papa no, egyina nimdeɛ so. (Romafo 10:17) Enti sua Bible, na nya nea wo ara wubegyina so agye Onyankopɔn adi, na woahu sɛ n’afotu yɛ papa. Yehowa Adansefo ani begye sɛ wɔne wo besua Bible no. d

 Yɛ nea Onyankopɔn pɛ

  •  Nea Bible aka: “Nea Onyankopɔn dɔ kyerɛ ni: Ɛno ne sɛ yebedi n’ahyɛde so; na n’ahyɛde nyɛ adesoa.”—1 Yohane 5:3.

  •  Nea ɛkyerɛ: Wɔn a wɔyere wɔn ho di Yehowa ahyɛde anaa ne mmara so de kyerɛ sɛ wɔdɔ no no, Yehowa bɛn wɔn.

  •  Nea wubetumi ayɛ: Sɛ woresua Bible a, ɛyɛ a hwɛ nea Onyankopɔn pɛ ne nea ɔmpɛ. Bisa wo ho sɛ: ‘Nsakrae bɛn na ehia sɛ meyɛ na ama masɔ me Bɔfo no ani?’—1 Tesalonikafo 4:1.

 Fa Onyankopɔn afotu bɔ wo bra na wubehu sɛ odwen wo ho

  •  Nea Bible aka: “Ka hwɛ, na wubehu sɛ [Onyankopɔn] ye.”—Dwom 34:8, The Bible in Basic English.

  •  Nea ɛkyerɛ: Onyankopɔn to nsa frɛ wo sɛ, wo ara bɛka hwɛ, na wubehu sɛ oye. Sɛ wuhu sɛ Onyankopɔn dɔ wo, na ɔreboa wo a, ɛbɛyɛ wo dɛ sɛ wobɛbɛn no.

  •  Nea wubetumi ayɛ: Sɛ wokan Bible a, fa Onyankopɔn afotu a ɛwom no bɔ wo bra, na wubehu sɛ mfaso wɔ so paa. (Yesaia 48:17, 18) Afei nso, ebinom wɔ hɔ a, Onyankopɔn aboa wɔn ama wɔadi wɔn haw so, na ama wɔne wɔn mmusua anya asetena pa, na wɔanya anigye mu anigye. Ɛyɛ a hwɛ saafo no, na wubehu sɛ Onyankopɔn afotu ye paa. e

 Onyankopɔn ho nsɛm a ɛnyɛ nokware

 Asɛm a ɛnyɛ nokware: Onyankopɔn tumi so, na ɔyɛ kɛse, enti ɛnyɛ ade a ɔbɛbɛn yɛn.

 Nokwasɛm: Ɛwom sɛ Onyankopɔn wɔ tumi sen obiara, na ɔyɛ kɛse sen obiara, nanso ɔto nsa frɛ yɛn sɛ yɛmmra ne nkyɛn. Wohwɛ Bible mu a, wubehu mmarima ne mmea bi a wɔbɛyɛɛ Onyankopɔn nnamfo paa.—Asomafo Nnwuma 13:22; Yakobo 2:23.

 Asɛm a ɛnyɛ nokware: Yɛrentumi nhu Onyankopɔn, efisɛ sɛnea ɔte no, yɛrentumi nte ase da.

 Nokwasɛm: Onyankopɔn ho nneɛma bi wɔ hɔ a ɛyɛ den sɛ yɛbɛte ase. Baako ne sɛ ɔyɛ Honhom a yɛrentumi mfa yɛn ani nhu no. Nanso, yebetumi ahu sɛnea ɔte. Nea ɛwom mpo ne sɛ, Bible se gye sɛ yehu Onyankopɔn ansa na yɛanya daa nkwa. (Yohane 17:3) Sɛ Bible reka Ɔbɔadeɛ no ho asɛm, anaa ɛreka ne suban ho asɛm, anaa nea enti a ɔbɔɔ nnipa ne asaase, ne sɛnea ɔpɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra a, ɛka no sɛnea yɛbɛte ase. (Yesaia 45:18, 19; 1 Timoteo 2:4) Afei nso, sɛnea yɛadi kan aka no, Bible ma yehu Onyankopɔn din. (Dwom 83:18) Enti yebetumi ahu Onyankopɔn, na yɛasan abɛn no ama no ayɛ yiye.—Yakobo 4:8.

a Sɛ wopɛ sɛ wuhu sɛnea nneɛma a Onyankopɔn abɔ ma yehu ne nyansa a, hwɛ asɛm a ɛba toatoa so a yɛato din “Wɔbɔe Anaa?” no.

b Nnipa pii ka sɛ edin Yehowa no kyerɛ “Nea Ɔma Ɛyɛ Hɔ.” Enti Onyankopɔn din a wabɔ akyerɛ yɛn no, nea ɔreka ara ne sɛ: ‘Nea mepɛ ne nea mabɔ me tirim sɛ mɛyɛ no, sɛnea ɛte biara, ɛbɛba mu. Asɛm biara a meka no, midi so.’

c Hwɛ asɛm a yɛato din “Why Pray? Will God Answer Me?”

d Sɛ wopɛ wei ho nsɛm pii a, hwɛ video a yɛato din Yɛne Obi Sua Bible a, Yɛyɛ no Sɛn?

e Hwɛ nsɛm a ɛba toatoa so a yɛato din “Bible Tumi Sesa Nnipa.”