Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mewɔ Yareɛ Koankorɔ Bi—Bible Bɛtumi Aboa Me Anaa?

Mewɔ Yareɛ Koankorɔ Bi—Bible Bɛtumi Aboa Me Anaa?

Nea Bible ka

 Aane. Onyankopɔn dwene n’asomfoɔ a wɔyare no ho. Bible ka sɛ, sɛ obi som Yehowa Nyankopɔn yie na sɛ ɔyare a, “Yehowa bɛwowa no yarepa so.” (Dwom 41:3) Sɛ wowɔ yareɛ koankorɔ bi a, nneɛma mmiɛnsa a ɛdidi so yi bɛboa wo:

  1.   Bɔ mpaeɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yareɛ no mmunkam wo so. Sɛ wobɔ wo yareɛ no ho mpaeɛ a, “Onyankopɔn asomdwoeɛ a ɛboro adwene nyinaa soɔ” no bɛka w’akoma ato wo yam na wo yareɛ no ho adwendwene anhyɛ wo so.​—Filipifoɔ 4:6, 7.

  2.   Ma w’ani nnye. Bible ka sɛ: “Sɛ woma w’ani gye a, w’apɔw mu bɛyɛ den. Sɛ daa woyɛ wo ho mmɔbɔmmɔbɔ a, ɛnneɛ awerɛhoɔ bɛku wo.” (Mmebusɛm 17:22, Good News Translation) Sua sereɛ. Ɛba sɛ nneɛma mu nyɛ a, ɛbɛboa wo ama w’ani aka. Ɛbɛsan ama woanya apɔwmuden.

  3.   Nya anidasoɔ sɛ daakye ɛbɛyɛ yie. Sɛ wowɔ daakye ho anidasoɔ pa na sɛ yareɛ koankorɔ bi bɔ wo mpo a, w’ani bɛkɔ so ara agye. (Romafoɔ 12:12) Bible ka sɛ berɛ bi bɛba a, “ɔmanfoɔ no mu biara renka sɛ: ‘Meyare.’” (Yesaia 33:24) Saa berɛ no, Onyankopɔn bɛsa yareɛ koankorɔ a adɔkotafoɔ ayɛ ayɛ ara nanso wɔntumi nsa no. Ɛho nhwɛsoɔ nie: Bible ka sɛ berɛ bi bɛba a obiara remmɔ akwakoraa anaa aberewa bio. Ɛkyerɛ mu sɛ: “Ma ne honam nyɛ frɔmfrɔm nsene mmɔfra deɛ; ma no nsan nkɔ ne mmeranteberɛ mu ahoɔden mu.”​—Hiob 33:25.

 Hyɛ no nso: Yehowa Adansefoɔ gye di sɛ, yɛyare a, Onyankopɔn bɛtumi aboa yɛn. Nanso, yɛsan kɔ dɔkota hɔ kɔpɛ ayaresa. (Marko 2:17) Sɛ obi yare a, yɛnkyerɛ no sɛnea ɔnsa ne ho yareɛ. Yɛgye di sɛ ɛsɛ sɛ obiara paw ayaresa a ɔpɛ.