Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Ne Mmara Nsɛm Du a Onyankopɔn De Mae No?

Dɛn Ne Mmara Nsɛm Du a Onyankopɔn De Mae No?

Nea Bible ka

 Mmara Nsɛm Du no yɛ mmara a Onyankopɔn de maa tete Israel man no. Wɔsan frɛ saa mmara yi Nsɛm Du. Wɔkyerɛɛ ase fii Hebri asɛmfua ʽaseʹreth had·deva·rimʹ mu. Saa asɛm yi pue mprɛnsa wɔ Bible nhoma nnum a edi kan (Torah) no mu. (Exodus 34:28; Deuteronomium 4:13; 10:4) Asɛmfua koro no ara nso, wɔkyerɛ ase wɔ Greece kasa mu sɛ deʹka (du) ne loʹgous (nsɛm). Ɛno na ɛma yenyaa asɛmfua “Decalogue” wɔ borɔfo kasa mu.

 Onyankopɔn kyerɛw Mmara Nsɛm Du no guu abopon mmienu so. Ɔde maa ne diyifo Mose wɔ Sinai Bepɔw so. (Exodus 24:12-18) Bible mu no, yebehu Mmara Nsɛm Du no wɔ Exodus 20:1-17 ne Deuteronomium 5:6-21.

 Sɛnea Wɔahyehyɛ Mmara Nsɛm Du No

  1.   Som Yehowa Nyankopɔn nkutoo.—Exodus 20:3.

  2.   Nsom ɔbosom biara.—Exodus 20:4-6.

  3.   Mfa Onyankopɔn din nni agorɔ.—Exodus 20:7.

  4.   Di Homeda.—Exodus 20:8-11.

  5.   Di w’awofo ni.—Exodus 20:12.

  6.   Nni awu.—Exodus 20:13.

  7.   Nsɛe aware.—Exodus 20:14.

  8.   Mmɔ korɔn.—Exodus 20:15.

  9.   Nni adansekurum.—Exodus 20:16.

  10.   Mma w’ani mmere ade.—Exodus 20:17.

 Mmara Nsɛm Du no, adɛn nti na ɛsono sɛnea ebinom ahyehyɛ no?

 Bible no amfa nɔma anhyɛ mmara no biara ho. Enti nnipa pii adwene nhyia wɔ sɛnea ɛsɛ sɛ wɔhyehyɛ mmara nsɛm no ho. Sɛnea yɛahyehyɛ wɔ soro ha no, saa na wɔtaa hyehyɛ mmara no. Nanso ebinom hyehyɛ Mmara Nsɛm Du no wɔ ɔkwan foforo so. Nsonsonoe a ɛwɔ mu no, yehu wɔ mmara a edi kan, nea ɛtɔ so mmienu, ne nea etwa to no mu. a

 Adɛn nti na Onyankopɔn de Mmara Nsɛm Du no mae?

 Mmara Nsɛm Du no, na ɛka Mose Mmara no ho. Mmara ahorow bɛboro 600 na ɛbom yɛ Mose Mmara no. Ɛbɛyɛɛ nhyehyɛe anaa apam wɔ Onyankopɔn ne tete Israel man no ntam. (Exodus 34:27) Onyankopɔn hyɛɛ Israelfo no bɔ sɛ, sɛ wodi Mose Mmara no so a, ebesi wɔn yiye. (Deuteronomium 28:1-14) Nanso nea enti a wɔde Mmara no mae pa ara ne sɛ, ebesiesie Israelfo no ama Mesia anaa Kristo a wɔahyɛ ne ho bɔ no.—Galatifo 3:24.

 Ɛsɛ sɛ Kristofo di Mmara Nsɛm Du no so anaa?

 Dabi. Onyankopɔn de Mose Mmara, a Mmara Nsɛm Du no ka ho no maa tete Israel man no nkutoo. (Deuteronomium 5:2, 3; Dwom 147:19, 20) Kristofo nhyɛ Mose Mmara no ase. Yudafo a wɔbɛyɛɛ Kristofo no mpo, na ‘wɔasan wɔn afi Mmara no ho.’ (Romafo 7:6) b Wɔde “Kristo Mmara” no besii Mose Mmara no ananmu. Ahyɛde a Kristo de maa n’akyidifo no nyinaa ka Kristo Mmara no ho.—Galatifo 6:2; Mateo 28:19, 20.

 Mmara Nsɛm Du no ho hia nnɛ anaa?

 Yiw. Esiane sɛ Mmara Nsɛm Du no ma yehu Onyankopɔn adwene nti, sɛ yesua a, yebenya so mfaso. (2 Timoteo 3:16, 17) Mmara Nsɛm Du no gyina nokwasɛm ahorow a entwam da so. (Dwom 111:7, 8) Nea ɛte ne sɛ, nokwasɛm ahorow yi na nkyerɛkyerɛ a ɛwɔ Bible no fã a nnipa pii frɛ no Apam Foforo no mu no gyina so.—Hwɛ “ Yehu afotusɛm a ɛwɔ Mmara Nsɛm Du no mu wɔ Apam Foforo no mu.

 Yesu kyerɛkyerɛe sɛ Mose Mmara no ne Mmara Nsɛm Du no nyinaa gyina ahyɛde atitiriw mmienu so. Ɔkaa sɛ: “‘Fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’adwene nyinaa dɔ Yehowa wo Nyankopɔn.’ Eyi ne ahyɛde a ɛyɛ kɛse sen ne nyinaa ne nea edi kan. Nea ɛto so abien a ɛte sɛ ɛno ne sɛ, ‘Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.’ Ahyɛde abien yi so na Mmara no nyinaa ne Adiyifo no sɛn.” (Mateo 22:34-40) Enti ɛwom sɛ wɔnhwɛ kwan sɛ Kristofo bedi Mose Mmara no so de, nanso wɔde ahyɛde ama wɔn sɛ wɔnnɔ Onyankopɔn ne wɔn yɔnko nnipa.—Yohane 13:34; 1 Yohane 4:20, 21.

  Yehu afotusɛm a ɛwɔ Mmara Nsɛm Du no mu wɔ Apam Foforo no mu

Afotusɛm

Mmara No Mu Nsɛm a Ɛwɔ Apam Foforo No Mu

Som Yehowa Nyankopɔn nkutoo

Adiyisɛm 22:8, 9

Nsom abosom

1 Korintofo 10:14

Di Onyankopɔn din ni

Mateo 6:9

Som Onyankopɔn daa

Hebrifo 10:24, 25

Di w’awofo ni

Efesofo 6:1, 2

Nni awu

1 Yohane 3:15

Nsɛe aware

Hebrifo 13:4

Nwia ade

Efesofo 4:28

Nni adansekurum

Efesofo 4:25

Mma w’ani mmere ade

Luka 12:15

a Yudafo no de, “wɔkyerɛ sɛ ‘asɛm’ a ɛwɔ Exodus ti 20 nkyekyɛm 2 no na edi kan wɔ mmara no mu. Wɔaka nsɛm a ɛwɔ nkyekyɛm 3-6 no abom ayɛ no mmara baako, na ɛno na ɛtɔ so mmienu.” (The Jewish Encyclopedia) Katolekfo nso, wɔkyerɛ sɛ Exodus ti 20, nkyekyɛm 1-6 yɛ ahyɛde baako. Wei nti, ahyɛde a ɛka sɛ ɛnsɛ yɛde Onyankopɔn din di agorɔ no na ɛtɔ so mmienu wɔ mmara nsɛm no mu. Nea ɛbɛyɛ na mmara no ayɛ du sɛnea ɛte no, wɔakyɛ ahyɛde a etwa to no mu ayɛ no mmienu. Baako yɛ mma w’ani mmere wo yɔnko yere, na nea ɛka ho nso yɛ mma w’ani mmere wo yɔnko ade.

b Romafo 7:7 no de mmara a ɛtɔ so du no yɛɛ nhwɛso de kyerɛe sɛ ɛka Mose Mmara no ho. Enti na Mmara Nsɛm Du no ka Mose Mmara no ho.