Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛ Kristofo Yɛ Biribi De Siw Awo Ano a, Ɛyɛ Bɔne?

Sɛ Kristofo Yɛ Biribi De Siw Awo Ano a, Ɛyɛ Bɔne?

Nea Bible Ka

 Yesu anka ankyerɛ n’akyidifo sɛ wɔnwo anaa mma wɔnwo. Yesu asuafo no nso, wɔn mu biara nni hɔ a ɔhyɛɛ awo ho mmara. Bible nka no baabiara sɛ mma obi nsiw n’awo ano. Ɛfa saa asɛm no ho deɛ, ɛsɛ sɛ obiara de asɛm a ɛwɔ Romafo 14:12 no yɛ adwuma. Ɛhɔ ka sɛ: “Yɛn mu biara bebu n’ankasa akontaa akyerɛ Onyankopɔn.”

 Okunu ne ɔyere na ɛsɛ sɛ wɔsi gyinae sɛ wɔbɛwo anaasɛ wɔrenwo. Mmofra dodow a wɔbɛwo ne bere a wɔpɛ sɛ wɔwo nso, wɔn ara na ɛsɛ sɛ wɔsi ho gyinae. Sɛ awarefo bi pɛ sɛ wɔfa kwan bi so siw wɔn awo ano, na sɛ ɛnyɛ nea ɛbɛsɛe nyinsɛn a, ɛnde ɛyɛ wɔn ara gyinaesi. Ɛnsɛ sɛ obiara ka ho asɛm.​—Romafo 14:4, 10-13.