Henanom na Wɔreyɛ Yehowa Apɛde Nnɛ?

Yehowa Adansefo wɔ wiase baabiara na wofi mmusua ne aman ahorow nyinaa mu. Dɛn na ama nnipakuw a wofi mmeae ahorow yi abom ayɛ biako?

Dɛn Ne Onyankopɔn Apɛde?

Onyankopɔn pɛ sɛ ɔma nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa hu n’apɛde. Dɛn ne saa apɛde no, na henanom na wɔrekyerɛkyerɛ afoforo ma wɔahu saa apɛde no?

LESSON 1

Yehowa Adansefo Yɛ Nnipa Bɛn?

Yehowa Adansefo baahe na wunim wɔn? Yɛn ho nsɛm bɛn na wunim ankasa?

LESSON 2

Dɛn Nti na Wɔfrɛ Yɛn Yehowa Adansefo?

Hwɛ nneɛma abiɛsa nti a yɛfaa saa din yi.

LESSON 3

Ɛyɛɛ Dɛn na Wɔsan Huu Bible Mu Nokware No?

Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu paa sɛ yɛte nea Bible kyerɛkyerɛ no ase?

LESSON 4

Dɛn Nti na Yɛayɛ Wiase Foforo Nkyerɛase No?

Dɛn na ɛma Onyankopɔn Asɛm a wɔakyerɛ ase yi yɛ soronko wɔ nkyerɛase afoforo ho?

LESSON 5

Dɛn na Wubehu Wɔ Yɛn Kristofo Nhyiam Ahorow Ase?

Yehyiam sua Kyerɛwnsɛm no, na yɛhyehyɛ yɛn ho nkuran. Yebegye wo fɛw so!

LESSON 6

Yɛyɛ Dɛn Nya Fekuw a Yɛne Yɛn Mfɛfo Kristofo Bɔ no so Mfaso?

Onyankopɔn Asɛm hyɛ Kristofo fekubɔ ho nkuran. Sua akwan a wubetumi afa so anya fekubɔ a ɛte saa so mfaso ho ade.

LESSON 7

Dɛn na Yɛyɛ Wɔ Yɛn Nhyiam Ahorow Ase?

So woabisa pɛn sɛ dɛn na yɛyɛ wɔ yɛn nhyiam ahorow ase? Akyinnye biara nni ho sɛ Bible nkyerɛkyerɛ a edi mũ a wubenya wɔ hɔ no bɛma w’ani agye.

LESSON 8

Dɛn Nti na Yesiesie Yɛn Ho Kama Kɔ Yɛn Asafo Nhyiam Ahorow?

So ntade a yɛhyɛ ho hia Onyankopɔn? Sua Bible nnyinasosɛm a yegyina so paw ntade a yɛhyɛ ne sɛnea yesiesie yɛn ho no ho ade.

LESSON 9

Ɔkwan Pa Bɛn na Yebetumi Afa so Asua Ade Ansa na Yɛakɔ Asafo Nhyiam?

Sɛ wudi kan sua ade a yebesusuw ho wɔ yɛn asafo nhyiam ahorow ase a, ɛbɛboa wo ma woanya so mfaso kɛse.

LESSON 10

Dɛn Ne Abusua Som?

Sua sɛnea saa nhyehyɛe yi betumi aboa wo ma woabɛn Onyankopɔn na ahyɛ abusuabɔ a ɛwɔ w’abusua mu den no ho ade.

LESSON 11

Dɛn Nti na Yɛkɔ Nhyiam Akɛse?

Afe biara yɛyɛ nhyiam akɛse abiɛsa. Wobɛyɛ dɛn atumi anya nhyiam ahorow yi so mfaso?

LESSON 12

Ɔkwan Bɛn so na Wɔayɛ Ahenni no Ho Asɛm a Yɛka no Ho Nhyehyɛe?

Yedi nhwɛso a Yesu yɛe bere a na ɔwɔ asase so no akyi. Akwan a yɛfa so yɛ asɛnka adwuma no bi ne dɛn?

LESSON 13

Hena Ne Ɔkwampaefo?

Adansefo binom de nnɔnhwerew 30, 50, anaa nea ɛboro saa yɛ asɛnka adwuma no ɔsram biako mu. Dɛn na ɛkanyan wɔn ma wɔyɛ saa?

LESSON 14

Sukuu Bɛn na Wɔyɛ Ma Akwampaefo?

Ntetee soronko bɛn na wɔde ma wɔn a wɔde wɔn bere nyinaa yɛ Ahenni asɛnka adwuma no?

LESSON 15

Ɔkwan Bɛn so na Mpanyimfo no Boa Asafo No?

Asafo mu mpanyimfo yɛ Kristofo mmarima a wɔn ho akokwaw a wodi asafo no anim. Mmoa bɛn na wɔde ma?

LESSON 16

Adwuma Bɛn na Asafo mu Asomfo Yɛ?

Asafo mu asomfo boa asafo no ma biribiara kɔ so pɛpɛɛpɛ? Sua sɛnea obiara a ɔkɔ asafo nhyiam no nya wɔn adwuma no so mfaso ho ade.

LESSON 17

Ɔkwan Bɛn so na Amansin so Ahwɛfo Boa Yɛn?

Dɛn nti na amansin so ahwɛfo srasra asafo ahorow no? Wobɛyɛ dɛn atumi anya wɔn nsrahwɛ so mfaso?

LESSON 18

Dɛn na Yɛyɛ De Boa Yɛn Nuanom a Wɔakɔ Ahokyere Mu?

Sɛ asiane bi si a, yɛyɛ ntɛm yɛ nhyehyɛe kɔboa yɛn nuanom a wɔakɔ ahokyere mu no. Akwan bɛn na yɛfa so boa?

LESSON 19

Hena ne Akoa Nokwafo ne Ɔbadwemma No?

Ná Yesu bɛpaw nkurɔfo a wɔbɛma n’akyidifo honhom fam aduan bere nyinaa wɔ awiei bere no mu. Ɔkwan bɛn so na wɔreyɛ eyi?

LESSON 20

Ɔkwan Bɛn so na Akwankyerɛ Kuw no Yɛ Adwuma Nnɛ?

Wɔ asomafo no bere so no, nnipakuw ketewaa bi—asomafo no ne mpanyimfo no a na wɔwɔ akwankyerɛ kuw no mu no na na wogyina Kristofo asafo no ananmu. Ná ɛnnɛ nso ɛ?

LESSON 21

Dɛn Ne Betel?

Betel yɛ beae soronko a wɔyɛ adwuma a ɛho hia paa. Sua wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ hɔ no ho ade pii.

LESSON 22

Dɛn na Wɔyɛ Wɔ Baa Dwumadibea?

Obiara betumi akɔ yɛn baa dwumadibea ahorow no mu biara ma wɔde no akɔhwehwɛ hɔ. Yɛhyɛ wo nkuran sɛ yɛ saa!

LESSON 23

Ɔkwan Bɛn so na Wɔkyerɛw Yɛn Nhoma Ahorow na Wɔkyerɛ Ase?

Yɛkyerɛ nhoma ahorow ase kɔ kasa bɛboro 600 mu. Dɛn nti na yɛbɔ mmɔden yɛ adwuma a ɛte saa?

LESSON 24

Yɛyɛ Dɛn Nya Sika De Yɛ Wiase Nyinaa Adwuma No?

Sɛ yɛka sikasɛm a, dɛn na ɛma yɛn ahyehyɛde no yɛ soronko wɔ ɔsom ahorow a aka no ho?

LESSON 25

Dɛn Nti na Yesisi Ahenni Asa, na Yɛyɛ Dɛn Tumi Sisi?

Dɛn nti na yesisi Ahenni Asa, na yɛyɛ dɛn tumi sisi? Sua sɛnea saa adan a ɛnyɛ konkuronn yi boa asafo ahorow no ho ade pii.

LESSON 26

Yɛbɛyɛ Dɛn Atumi Aboa ma Wɔasiesie Yɛn Ahenni Asa So?

Ahenni Asa a wɔhwɛ siesie no yiye ma ɛhɔ tew no fata beae a yɛsom yɛn Nyankopɔn no. Nhyehyɛe bɛn na moayɛ a mode siesie mo Ahenni Asa so?

LESSON 27

Yɛbɛyɛ Dɛn Atumi Anya Nhomakorabea a Ɛwɔ Ahenni Asa so no so Mfaso?

So wopɛ sɛ woyɛ nhwehwɛmu bi na wunya Bible mu nimdeɛ pii? Wubetumi akɔ nhomakorabea a ɛwɔ Ahenni Asa so no!

LESSON 28

Dɛn na Wubetumi Ahu Wɔ Yɛn Intanɛt Dwumadibea Hɔ?

Wubetumi ahu yɛn gyidi ho nsɛm pii na bere koro no ara woanya Bible ho nsɛmmisa ho mmuae.

So Wobɛyɛ Yehowa Apɛde?

Yehowa Nyankopɔn dɔ wo ankasa. Dɛn na wubetumi ayɛ wɔ w’asetenam da biara da de akyerɛ sɛ wodɔ no?