Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

DWOM 4

“Yehowa Ne Me Hwɛfo”

“Yehowa Ne Me Hwɛfo”

(Dwom 23)

  1. 1. Me Hwɛ-fo pa ne Ye-ho-wa.

    Ɔ-no na me-di n’a-kyi.

    O-bu me yi’e sɛ n’a-gya-pa-de.

    Ɛ-no ma mi-nya gyi-di.

    Ɔ-ma mi-nya ho-me-bea pa.

    Hwɛ sɛ-nea me kra ’dwu-dwo.

    O-fi ne dɔ kɛ-se mu ky’rɛ me kwan;

    Me-fa ɔ-kwan tre-nee so.

    O-fi ɔ-dɔ mu kye-rɛ me kwan;

    Me-fa ɔ-kwan tre-nee so.

  2. 2. Me-nan-tew e-sum ka-bii mu.

    W’a-ho-ba-mmɔ hyɛɛ me den.

    Me hwɛ-fo pa, me-ba-ta wo ho.

    Wo nko ne m’a-ban-nen-nen.

    Wu-nim m’a-hia-de nyi-naa ’ra.

    Me k’ru-wa yɛ ma bu so.

    Wo-de wo po-ma bɛ-bɔ me ho ban.

    Wo nko ne m’a-ho-to-so.

    Wo-de wo po-ma bɔ me ho ban.

    Wo nko ne m’a-ho-to-so.

  3. 3. Me Hwɛ-fo, w’a-yam-ye dɔɔ-so.

    Wo-fa me to wo ko-kom.

    Wo-krɔ-krɔ me b’re a mi-di yaw.

    Wo nko ne m’a-ni-da-so.

    W’a-som-fo ren-hia b’ri-bia-ra.

    Mɛ-ka ’kye-rɛ o-bia-ra.

    Wo-bɛ-tow me pon m’a-tam-fo a-nim;

    W’a-dɔe be-di m’a-kyi daa.

    Wo-tow me pon m’a-tam-fo a-nim;

    W’a-dɔe be-di m’a-kyi daa.

(Hwɛ Dw. 28:9; 80:1 nso.)