Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Baakoyɛ Ne Nkabom

Baakoyɛ Ne Nkabom

Twe Bi:

  • (NNIANIM)

    Momma yɛnto ayeyi dwom!

    Momma yenni ah’rusi!

  1. 1. Yɛwɔ dɔ ne baakoyɛ.

    Yɛwɔ gyidi; yɛsom Yehowa.

    Ɔde n’asɛm ama yɛn,

    Enti yɛka ‘ky’rɛ nnipa nyinaa.

    (NNYESO NNIANIM)

    Nea ebesi bia’a,

    Ɔka yɛn ho daa.

    Anuanom mpem mpem ka yɛn ho.

    (NNYESO)

    Hwɛ sɛnea baakoyɛ, nkabom ne ɔdɔ.

    Ma yɛnya ’hoɔden som nokware Nyankopɔn.

    Yɛdodɔ yɛn ho nti ama yɛanya ’hotɔ.

    Sɔ me nsa, yɛnkɔ yɛ’anim; ma yɛmfa baakoyɛ ne ɔdɔ.

  2. 2. Yɛn nuanom som bo ma yɛn.

    Baabia’a wofi ne sɛnea wɔte bia’a.

    Asomdwoe na yɛhwehwɛ

    Efisɛ ɛno na Yehowa pɛ.

    (NNYESO NNIANIM)

    Baabia’a yɛbɛkɔ,

    Anuanom wɔ hɔ

    Hwɛ ɔdɔ ne asomdwoe nkoaa!

    (NNYESO)

    Hwɛ sɛnea baakoyɛ, nkabom ne ɔdɔ

    Ma yenya ’hoɔden som nokware Nyankopɔn.

    Yɛdodɔ yɛn ho nti ama yɛanya ’hotɔ.

    Sɔ me nsa, yɛnkɔ yɛ’anim, ma yɛmfa baakoyɛ ne ɔdɔ.

    Ma yɛmfa ɔdɔ ne baakoyɛ.

    (NNYESO)

    Hwɛ sɛnea baakoyɛ, nkabom ne ɔdɔ

    Ma yenya ’hoɔden som nokware Nyankopɔn.

    Yɛdodɔ yɛn ho nti ama yɛanya ’hotɔ.

    Sɔ me nsa, yɛnkɔ yɛ’anim, ma yɛmfa baakoyɛ ne ɔdɔ

    Baakoyɛ ne ɔdɔ.

    Baakoyɛ ne ɔdɔ.