To Dwom Ma Yehowa​—Nnwom Foforo

Fa anigye to nnwom yi bi fa yi Yehowa Nyankopɔn ayɛ na som no. Wubetumi atwe nnwom no ne emu nsɛm no bi.

DWOM 136

Ahennie no Redi Tumi​—Ma Ɛmmra!

Saa dwom a emu yɛ hye yi kamfo Yehowa Nyankopɔn sɛ ɔde Kristo Yesu asi Ahenni no so.

DWOM 137

Ma Yɛn Akokoɔduro

Bra ma yɛnto dwom yi mfa nsrɛ Yehowa Nyankopɔn hɔ akokoɔduro a yɛde bɛdi ne din ho adanse.

DWOM 138

Wo Din Ne Yehowa

Yi Yehowa din kronkron no ayɛ ma nnipa nyinaa nhu sɛ ɔno ne ade nyinaa so Tumfoɔ.

DWOM 139

Kyerɛkyerɛ Wɔn Ma Wɔnnyina Pintinn

Adesrɛ a yɛde to Yehowa Nyankopɔn anim sɛ ɔmma yɛnni nkonim wɔ nkwa mmirikatu no mu.

DWOM 140

Ɔkwampaefo Adwuma

Adwuma a ɛsom bo ma wo no, fa anigye yɛ ma Yehowa nhu sɛ wodɔ no.

DWOM 141

Yɛhwehwɛ Asomdwoe Nnipa

Anigye dwom; ɛkyerɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma nnipa ne sɛnea yɛyere yɛn ho hwehwɛ Onyankopɔn nnwan a ɔnni wɔn ho agorɔ no.

DWOM 142

Yɛka Asɛmpa no Kyerɛ Nnipa Nyinaa

To dwom fa kyerɛ sɛ Yehowa pɛ sɛ obiara te asɛmpa no bi, na yɛn nso yɛbɛtumi aboa nnipa a wɔwɔ mmaa nyinaa ama wɔabɛyɛ Onyankopɔn nnamfo.

DWOM 143

Hann Ahyerɛn Wɔ Sum Mu

Wiase yi aduru sum, nanso asɛm a yɛka no hyerɛn sɛ kanea.

DWOM 144

Wobenya Nkwa

We must preach God’s message while there is still time.

DWOM 145

Siesie Wo Ho Kɔka Asɛmpa

Nneɛma bi betumi ama aniha aka yɛn, nanso Yehowa bɛboa yɛn.

DWOM 146

Moayɛ Ama Me

Sɛ obi yɛ biribi de kyerɛ sɛ ɔdɔ Yesu nuanom a wɔasra wɔn no na ɔtaa wɔn akyi a, Yesu fa no sɛ wayɛ ama no.

DWOM 147

Agyapade Soronko

Yehowa dɔ wɔn a wɔasra wɔn no, na wɔn nso wɔn ani gye ho sɛ wɔbɛyɛ n’apɛde.

DWOM 148

Wode Wo Dɔba no Maa Yɛn

Yehowa akyɛ yɛn ade kɛse a ɛsen biara. Ama yɛn nyinaa anya anidaso. Da Yehowa ase wɔ saa akyɛde yi ho.

DWOM 149

Agyede no Som Bo Ma Yɛn

Sɛnea Yesu yii ne yam de ne ho bɛbɔɔ afɔre no yɛ ɔdɔ a ɛsen biara a Yehowa ada no adi. Yɛn ani sɔ nea Yehowa ayɛ ama yɛn no paa.

DWOM 150

Yɛbɛboa Adwuma No

Ma ɛnna adi sɛ biribiara a Yehowa pɛ sɛ woyɛ de som no no, w’ani gye ho sɛ wobɛyɛ.

DWOM 151

Wɔbɛda Onyankopɔn Mma Adi

Da bi reba a Yehowa benyan Kristo nuanom akɔ soro ne no akodi nkonim na wɔanya wɔn akatua. Yɛhwɛ saa da no kwan denneennen.

DWOM 152

Yɛn Ahoɔden, Yɛn Anidasoɔ ne Yɛn Ahotɔsoɔ

Sɛ wiase yi mu haw ne abɛbrɛsɛ ma ehu ka yɛn a, Onyankopɔn betumi ayɛ yɛn ahoɔden, yɛn anidasoɔ, ne yɛn ahotɔsoɔ.

DWOM 153

Anigyesɛm Bɛn Ni!

Anigyesɛm bɛn na ɛkyɛn sɛ wobɛyɛ wo fam deɛ ahwehwɛ wɔn a wɔfata?

DWOM 154

Yebegyina Mu Pintinn

Dwom a ɛbɛboa yɛn ama yɛafa abɛbrɛsɛ nyinaa amu asom Yehowa akosi.