Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Tete Egyptfo Mfoni Bi a Ɛfoa Bible Mu Asɛm Bi So

Tete Egyptfo Mfoni Bi a Ɛfoa Bible Mu Asɛm Bi So

 Sɛ wokɔ Egyptfo kurow Karnak mu a, wubehu tete asɔredan bi a wosi maa wɔn nyame bi a ne din de Amun. Wudu asɔredan no pon ano a, wubehu adwini anaa mfoni a ɛwɔ ha yi wɔ hɔ. Saa mfoni no, ne tenten yɛ mita nwɔtwe. Abenfo ka sɛ mfoni yi kyerɛ nkonim a Farao Sisak dii wɔ aman a ɛwɔ Egypt atifi fam no so. Saa aman no bi ne Yuda ne Israel ahemman a na ɛwɔ atifi fam no.

Karnak mfoni no na egu ɔfasu ho yi; nkoa no bi na wɔayɛ wɔn mfoni kɛse no

 Wohwɛ mfoni no a, wubehu sɛ Amun de nkoa 150 rema Sisak anaa Sheshonk. a Akoa biara gyina hɔ ma kurow baako a Egyptfo dii so nkonim. Sɛ wohwɛ akoa biara mfoni a, wubehu sɛ wɔakyerɛw kurow a ofi mu no din agu ne ho. Edin a wɔakyerɛw agu mfoni no ho no, emu bi wɔ hɔ a nkyerɛwee no mu da hɔ, enti wokenkan a ɛyɛ yiye. Saa nkurow no bi ne Bet-Sean, Gibeon, Megido, ne Sunem. Wɔn a wɔtaa kenkan Bible no nim saa nkurow yi ho asɛm.

 Akodi a ɛkɔɔ so wɔ Egyptfo ne Yudafo ntam no, Bible ka ho asɛm. (1 Ahene 14:25, 26) Nokwasɛm ne sɛ, nea ɛkɔɔ so bere a Sisak kɔɔ Yudafo so no, Bible kyerɛkyerɛ mu kɔ akyiri. Bible ka sɛ: “Na Ɔhene Rehoboam ahenni afe a ɛto so anum mu no, Egypt hene Sisak baa Yerusalem so. . . . Ɔde nteaseɛnam apem ahanu ne apɔnkɔsotefo mpem aduosia na ɛbae; nnipa a wɔne no fi Egypt bae no de, wɔn dodow nti, wɔantumi ankan wɔn . . . Na ɔfaa Yuda nkurow a ɛyɛ den no, na ɔbae ara beduu Yerusalem.”—2 Beresosɛm 12:2-4.

 Sɛ mfoni a ɛwɔ Karnak yi da nkyɛn a, wɔn a wɔhwehwɛ tete nneɛma no ahu adanse foforo a ɛkyerɛ sɛ Sisak kɔɔ Israel asase so ne wɔn kodii ako. Bible ka kurow bi a ne din de Megido ho asɛm, na nhwehwɛmufo akohu ɔbo bi wɔ baabi a na Megido wɔ no; wohui sɛ wɔakyerɛw asɛmfua “Sheshonk” wɔ ɔbo no so.

 Nkonim a Sisak dii wɔ Yuda so no, Bible ka ho asɛm pɛpɛɛpɛ. Wei kyerɛ sɛ Bible akyerɛwfo no yɛ anokwafo. Nkonim a wɔn manfo dii ne nkogu a wodii nyinaa, wɔkyerɛw ho asɛm too hɔ. Ná tete akyerɛwfo afoforo ntaa nni nokware saa.

a Bible mu no, wɔakyerɛw edin no “Sisak,” na saa na wɔbɔ din no wɔ Hebri kasa mu.