Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 17

DWOM 111 Nea Ɛma Yɛn Ani Gye

Mfi Honhom Fam Paradise No Mu Da

Mfi Honhom Fam Paradise No Mu Da

“Munni ahurusi na momma mo ani nnye daa, ade a merebɔ no nti.”YES. 65:18.

NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM

Yɛbɛhwɛ sɛnea yebenya honhom fam paradise no so mfaso, ne sɛnea yɛbɛboa afoforo ma wɔn nso aba mu bi.

1. Dɛn ne honhom fam paradise no, na dɛn na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ?

 ƐNNƐ, paradise bi wɔ asaase so ha; nnipa bebree wɔ hɔ na wɔn ani abere denneennen reyɛ adwuma. Nnipa ɔpepem pii a ɛwɔ hɔ no wɔ asomdwoe mapa. Wɔn a ɛwɔ saa paradise yi mu no, wɔasi wɔn bo sɛ wɔremfi mu da. Afei nso, wɔpɛ sɛ nnipa bebree bɛka wɔn ho wɔ hɔ. Paradise bɛn ho asɛm na yɛreka yi? Ɛyɛ honhom fam paradise! a

2. Dɛn na ɛyɛ nwanwa wɔ honhom fam paradise no ho?

2 Satan wiase bɔne yi, atirimɔdensɛm ne ɔtan ahyɛ mu ma. Nanso, nea ɛyɛ nwanwa ne sɛ, Yehowa ayɛ sɛnkyerɛnne kwan so beae bi ama n’asomfo. Ɛhɔ de, baakoyɛ ne asomdwoe abu so wɔ hɔ. (1 Yoh. 5:19; Adi. 12:12) Yɛn Nyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ no nim sɛnea wiase bɔne yi teetee yɛn, enti ɔma yenya asomdwoe ne ahobammɔ a ɛbɛma yɛakɔ so de anigye asom no. Bible no ka honhom fam paradise no ho asɛm sɛ ɛyɛ “guankɔbea” ne “turo a nsu nam mu yɔɔ.” (Yes. 4:6; 58:11) Ɛwom, yɛte awiei mmere a emu yɛ den yi mu, nanso Yehowa adaworoma nti, wɔn a ɛwɔ honhom fam paradise no mu no ani gye na wɔwɔ ahobammɔ.—Yes. 54:14; 2 Tim. 3:1.

3. Tete no, sɛn na Yesaia ti 65 baa mu?

3 Yehowa nam odiyifo Yesaia so kaa sɛnea asetena bɛyɛ ama wɔn a ɛbɛtena honhom fam paradise no. Yebehu wei ho asɛm wɔ Yesaia ti 65. Asɛm a ɛwɔ hɔ no dii kan baa mu afe 537 ansa na Yesu reba. Saa bere no, Yehowa gyee Yudafo a na wɔanu wɔn ho no fii Babilon nkoasom mu, na wɔsan kɔɔ wɔn kurom. Yehowa hyiraa ne nkurɔfo, na Yerusalem kurow a na ayɛ amamfo no, ɔboaa wɔn ma wɔsan kyekyee no fɛfɛɛfɛ. Afei wɔsii asɔrefie no bio, na ɛsan bɛyɛɛ baabi titiriw a wɔsom Yehowa.—Yes. 51:11; Sak. 8:3.

4. Ɛnnɛ, sɛn na Yesaia ti 65 reba mu?

4 Afe 1919 na Yesaia nkɔmhyɛ no fii ase nyaa mmamu a ɛtɔ so mmienu. Saa bere no na Yehowa asomfo a ɛwɔ hɔ nnɛ dee wɔn ho fii Babilon Kɛse no ho. Ɛno akyi no, honhom fam paradise no fii ase, na nkakrankakra ɛtrɛw kɔɔ wiase baabiara. Adawurubɔfo yeree wɔn ho kaa Ahenni ho asɛmpa no, na wɔtetew nsafo bebree. Wɔn a ɛbaa asafo no mu no sesaa wɔn suban. Mmea ne mmarima a kan no na wɔdi aturuturasɛm anaa wɔbu brabɔne no, ‘wɔhyɛɛ suban foforo a Onyankopɔn bɔɔ no sɛnea ɔpɛ no.’ (Efe. 4:24) Nokwasɛm ne sɛ, nhyira a Yesaia kaa ho asɛm no, bebree wɔ hɔ a, ɛbɛbam sɛnea ɛte no pɛpɛɛpɛ wɔ wiase foforo no mu. Nanso ɛnnɛ mpo, honhom fam paradise no mu a yɛwɔ nti, ɛma yenya nhyira pii. Momma yɛnhwɛ nhyira a honhom fam paradise no ma yenya no bi, na yɛnhwɛ nea enti a ɛnsɛ sɛ yefi mu da.

WƆN A ƐWƆ HONHOM FAM PARADISE NO MU NO, NHYIRA BƐN NA WƆNYA?

5. Sɛnea Yesaia 65:13 ka no, nhyira bɛn na yenya wɔ honhom fam paradise no mu?

5 Yedidi yiye wɔ honhom fam, na yɛn ho tɔ yɛn. Wɔn a ɛwɔ honhom fam paradise no mu ne wɔn a enni mu no, Yesaia nkɔmhyɛ no ma yehu nsonsonoe kɛse a ɛda wɔn ntam. (Kenkan Yesaia 65:13.) Nea Yehowa asomfo hia wɔ honhom fam nyinaa, ɔde ma wɔn ma ebu so. Wama yɛn ne honhom kronkron no, n’Asɛm Bible no, ne honhom fam aduan pii sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi ‘adidi, anom, na yɛn ani agye.’ (Fa toto Adiyisɛm 22:17 ho.) Nanso wɔn a wɔnni honhom fam paradise no mu de, ‘ɔkɔm bɛde wɔn, osukɔm bɛde wɔn na wɔn ani bewu.’ Nea wɔhia na ama wɔne Yehowa afa adamfo no abɔ wɔn.—Amos 8:11.

6. Nhyira a Yehowa de ma yɛn no, sɛn na Yoel 2:​21-24 ka ho asɛm, na dɛn na yɛbɛyɛ na yɛanya so mfaso?

6 Yoel nkɔmhyɛ no mu no, ɔkaa nneɛma bi te sɛ hwiit, bobesa, ne ngo ho asɛm de kyerɛe sɛ Yehowa yi ne yam ma n’asomfo nea wɔhia biara sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn gyidi bɛyɛ den. (Yoel 2:​21-24) Ɔnam Bible, asafo nhoma, yɛn wɛbsaet, adesua a yɛkɔ ne amansin ne amantam nhyiam so na ɛyɛ saa. Sɛ yedidi yiye wɔ honhom fam da biara a, ɛbɛma yɛne Yehowa ntam ayɛ kama na yɛn ho atɔ yɛn.

7. Dɛn na ɛma yenya “koma mu anigye”? (Yesaia 65:14)

7 Anigye ne akomatɔyam. Yehowa nkurɔfo betumi ‘adi ahurusi’ efisɛ wɔn ani sɔ nea Yehowa ayɛ ama wɔn no paa. (Kenkan Yesaia 65:14.) Nokwasɛm a ɛhyɛ yɛn gyidi den ne bɔhyɛ a ɛkyekye yɛn werɛ a ɛwɔ Bible mu no, ɛma yenya “koma mu anigye.” Anidaso a Kristo agyede afɔre no ama yɛanya no, ɛno nso ma yenya “koma mu anigye.” Sɛ yɛne yɛn nuanom Kristofo bɔ saa nneɛma yi ho nkɔmmɔ a, ɛma yɛn ani gye paa!—Dw. 34:8; 133:​1-3.

8. Nneɛma atitiriw mmienu bɛn na edi akoten wɔ honhom fam paradise no mu?

8 Nneɛma atitiriw mmienu a edi akoten wɔ honhom fam paradise no mu no, ɛno ne ɔdɔ ne baakoyɛ a ɛwɔ Yehowa asomfo mu no. Saa “nkabom” yi ma yehu sɛnea asetena bɛyɛ wɔ wiase foforo no mu, efisɛ saa bere no, ɔdɔ ne baakoyɛ a ɛwɔ Yehowa asomfo mu no, ɛbɛkyɛn nea yehu no nnɛ no koraa. (Kol. 3:14) Onuawa bi kaa nea ohui wɔ Yehowa asomfo ho bere a edi kan a ohyiaa wɔn. Ɔkaa sɛ: ‘Ná minnim ɔkwan a mɛfa so anya anigye; m’abusua mu mpo, na anigye nnim. Yehowa Adansefo mu na midii kan huu sɛnea wɔda ɔdɔ adi.’ Obiara a ɔpɛ sɛ onya anigye ne akomatɔyam ankasa no, ɛsɛ sɛ ɔba yɛn honhom fam paradise no mu. Ɛmfa ho nea wiase no ka fa Yehowa asomfo ho biara no, yɛwɔ din pa wɔ Yehowa anim, na wɔn a wɔsom no nyinaa nso gye yɛn tom.—Yes. 65:15.

9. Amanehunu a yehyia wɔ asetena mu no, dɛn na Yesaia 65:​16, 17 ka fa ho?

9 Yɛn ho dwo yɛn, na yɛn koma ntu. Yesaia 65:14 ka sɛ, wɔn a wɔmpɛ sɛ wɔtena honhom fam paradise no mu no, ‘koma mu yaw nti, wobesu, na honhom a abubu nti, wobesu ateɛteɛ mu.’ Ɛnde, nneɛma a ɛma Onyankopɔn asomfo hu amane na wɔdi yaw no nso ɛ? Saa nneɛma no, bere bi bɛba a, ‘wɔrenkae, na Onyankopɔn ani renhu bio.’ (Kenkan Yesaia 65:​16, 17.) Yehowa beyi yɛn amanehunu nyinaa afi hɔ, na nkakrankakra yɛn werɛ befi yaw a ɛkɔfa bae no nyinaa.

10. Adɛn nti na wote nka sɛ, sɛ yɛne yɛn nuanom Kristofo bɔ a yenya nhyira? (Hwɛ mfoni no nso.)

10 Ɛnnɛ mpo, sɛ yɛkɔ Kristofo nhyiam a, ɛma yɛn ho dwo yɛn, efisɛ ɔhaw a yɛrefa mu wɔ wiase bɔne yi mu no, ɛboa yɛn ma yeyi yɛn adwene fi so. Honhom no aba a ebi ne ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abotare, ayamye, ne odwo no, sɛ yɛda no adi a, ɛma yɛn nuanom nso ho dwo wɔn. (Gal. 5:​22, 23) Ɛyɛ yɛn dɛ paa sɛ yɛka Onyankopɔn ahyehyɛde no ho! Wɔn a ɛkɔ so tena honhom fam paradise no mu no, Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛfa “ɔsoro foforo ne asaase foforo” no ho no, sɛ ne nyinaa bam a, wɔbehu.

Ɛyɛ yɛn dɛ paa sɛ yɛne Onyankopɔn nkurɔfo wɔ honhom fam paradise no mu (Hwɛ nkyekyɛm 10) c


11. Sɛnea Yesaia 65:​18, 19 kyerɛ no, honhom fam paradise a Yehowa ama yɛanya no, ɛsɛ sɛ yɛte nka sɛn wɔ ho?

11 Ɛsom bo ma yɛn, na yedi ho ahurusi. Yesaia kyerɛ nea enti a ɛsɛ sɛ ‘yedi ahurusi na yɛma yɛn ani gye’ wɔ honhom fam paradise no mu. Yehowa na ɔma yenyaa saa honhom fam paradise no. (Kenkan Yesaia 65:​18, 19.) Ahyehyɛde ahorow a ɛwɔ wiase yi mu no, ɛmma nkurɔfo nhu Onyankopɔn ho nokwasɛm. Enti ɛnyɛ nwanwa sɛ ɔnam yɛn so retwe nkurɔfo afi ahyehyɛde a ɛtete saa no mu de wɔn aba honhom fam paradise fɛfɛɛfɛ no mu! Nokware no a yɛwɔ mu nti, yenya nhyira pii. Wei ma yedi ahurusi, na ɛkanyan yɛn ma yɛka ho asɛm kyerɛ afoforo.—Yer. 31:12.

12. Bɔhyɛ a ɛwɔ Yesaia 65:​20-24 no, ɛma wote nka sɛn, na adɛn ntia?

12 Afei nso, honhom fam Paradise no mu a yɛwɔ nti, yɛwɔ anidaso. Saa anidaso no som bo ma yɛn, na yedi ho ahurusi. Nneɛma a yebehu ne nea yɛbɛyɛ wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu de, ɛsɛ w’ani! Bible hyɛ bɔ sɛ: “Wɔrenhu akokoaa a wannyin ankyɛ bio, anaa akwakoraa a wanni ne nna anwie.” ‘Yebesisi adan atena mu, na yɛayeyɛ bobefuw adi mu aba.’ ‘Yɛrenyɛ adwuma mmrɛ ngu kwa,’ efisɛ ‘Yehowa behyira yɛn.’ Wahyɛ yɛn bɔ sɛ ɔbɛma yɛanya asetena pa ne akomatɔyam. ‘Ansa na yɛbɛfrɛ mpo,’ na onim nea obiara hia, na ɔbɛma ‘ɔteasefo biara anya nea ohia nyinaa.’—Yes. 65:​20-24; Dw. 145:16.

13. Sɛ nkurɔfo fi ase som Yehowa a, nsakrae a wɔyɛ no, sɛn na Yesaia 65:25 ka ho asɛm?

13 Asomdwoe ne ahobammɔ. Onyankopɔn honhom no mmoa so nti, nnipa bebree a kan no na wɔyɛ wɔn ade te sɛ nkekaboa no, wɔayɛ nsakrae akɛseakɛse wɔ wɔn asetena mu. (Kenkan Yesaia 65:25.) Wɔayere wɔn ho paa agyae subammɔne no. (Rom. 12:2; Efe. 4:​22-24) Ɛwom, bɔne da so ara wɔ Onyankopɔn nkurɔfo ho, enti yɛbɛkɔ so adi mfomso. Nanso Yehowa atwe “nnipa ahorow nyinaa” bi aba ne nkyɛn, na wɔaka wɔn abom ma wɔayɛ baako, enti wɔwɔ ɔdɔ ne asomdwoe a edi mu. (Tito 2:11) Saa anwanwade yi de, ade nyinaa so tumfoɔ Nyankopɔn no nko ara na obetumi ayɛ!

14. Sɛn na onua bi suahu di adanse sɛ asɛm a ɛwɔ Yesaia 65:25 no yɛ nokware?

14 Wohwɛ a, nnipa betumi asesa wɔn suban ma ayɛ yiye? Momma yɛnhwɛ saa suahu yi. Bere a aberante bi dii mfe 20 no, esiane ɔbrabɔne ne aturuturasɛm nti, na wakɔda afiase mpɛn pii. Owiaa kar, obuu nkurɔfo dan ani, na ɔyɛɛ bɔne akɛseakɛse pii. Ná ntɔkwaw yɛ n’aduan. Bere a edi kan a ɔtee nokware no ho asɛm wɔ Bible mu, na ofii ase kɔɔ adesua no, ohui sɛ wanya biribi a ɛsom bo; ɛne sɛ obetumi asom Yehowa wɔ honhom fam paradise no mu. Bere a ɔbɔɔ asu bɛyɛɛ Yehowa Danseni no, na ɔtaa dwen Yesaia 65:25 ho, na ohui sɛ ɛfa ne ho. Ná gyata asesa abɛyɛ oguan ba, kyerɛ sɛ, obi a na ɔpɛ aturuturasɛm sei, afei de wabɛyɛ asomdwoe nipa.

15. Adɛn nti na yɛpɛ sɛ yɛto nsa frɛ afoforo ma wɔbɛka yɛn ho wɔ honhom fam paradise no mu, na yɛbɛyɛ dɛn ayɛ saa?

15 Yesaia 65:13 fi ase sɛ: “Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni.” Asɛm a etwa to wɔ nkyekyɛm 25 no ka sɛ, “Yehowa na waka.” Asɛm biara a ɔka no ba mu. (Yes. 55:​10, 11) Honhom fam paradise no abegye agua. Yehowa aboaboa nnipa bi ano ama wɔabom resom no, na ɛyɛ nwanwa sɛ. Ɛwom sɛ basabasayɛ wɔ wiase yi mu de, nanso sɛ yɛwɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu a, yenya asomdwoe ne ahobammɔ. (Dw. 72:7) Wei nti, yɛpɛ sɛ yɛboa nnipa dodow biara a yebetumi ma wɔbɛka yɛn ho ma yɛsom Yehowa. Sɛ wei betumi ayɛ yiye a, gye sɛ yɛyere yɛn ho yɛ asɛmpaka ne nkyerɛkyerɛ adwuma no.—Mat. 28:​19, 20.

NEA YƐYƐ A ƐBƐMA HONHOM FAM PARADISE NO ATWETWE NKURƆFO

16. Dɛn na etumi twetwe nkurɔfo ba honhom fam paradise no mu?

16 Yɛn mu biara wɔ biribi a obetumi ayɛ a ɛbɛma afoforo ahu honhom fam paradise no fɛ. Yebetumi ayɛ wei a, ɛsɛ sɛ yesuasua Yehowa. Ɔnhyɛ nkurɔfo sɛ wɔmmra n’ahyehyɛde no mu. Mmom, nnipa a wɔpɛ no, ‘ɔtwe’ wɔn brɛoo ba ne nkyɛn. (Yoh. 6:44; Yer. 31:3) Sɛ nnipa a ɛwɔ koma pa sua Yehowa dɔ ne ne su ahorow a ɛyɛ fɛ no ho ade a, ɛtwe wɔn bɛn no. Yɛbɛyɛ dɛn ama yɛn suban ne yɛn abrabɔ pa no atwetwe nkurɔfo aba honhom fam paradise no mu?

17. Yɛbɛyɛ dɛn atwe nkurɔfo aba honhom fam paradise no mu?

17 Ɔkwan baako a yebetumi afa so atwe nkurɔfo aba honhom fam paradise no mu ne sɛ yɛbɛda ɔdɔ ne ayamye adi akyerɛ yɛn nuanom Kristofo. Wɔn a wɔnyɛ agyidifo a ɛbɛyɛ sɛ wɔkɔɔ asafo nhyiam wɔ tete Korinto no, wɔkaa sɛ: “Onyankopɔn wɔ mo mu ampa.” Ɛnnɛ nso, sɛ wɔn a wɔyɛ foforo ba adesua a, yɛpɛ sɛ wɔn nso te nka saa ara. (1 Kor. 14:​24, 25; Sak. 8:23) Enti Bible afotu a ɛne sɛ, “obiara ne ne yɔnko ntena asomdwoe mu” no, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so tie.—1 Tes. 5:13.

18. Dɛn na ebetumi atwetwe nkurɔfo aba Yehowa ahyehyɛde no mu?

18 Bere nyinaa, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden hu yɛn nuanom Kristofo sɛnea Yehowa hu wɔn no. Ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si wɔn suban pa so, na ɛnyɛ wɔn sintɔ so, efisɛ daakye wɔn sintɔ no befi hɔ. Sɛ mente-me-ho-ase ba yɛne yɛn nuanom ntam a, yebetumi asiesie no ɔdɔ so, na ‘obiara ada ayamye adi akyerɛ ne yɔnko, anya ayamhyehye ama ne yɔnko, na wayi ne yam de ne yɔnko bɔne akyɛ no.’ (Efe. 4:32) Ɛba saa a, nnipa a wɔpɛ sɛ yɛne wɔn di no saa kwan no so no, wɔbɛba honhom fam paradise no mu. b

MFI HONHOM FAM PARADISE NO MU

19. (a) Sɛnea adaka a yɛato din “ Wɔkɔe Na Wɔasan Aba” no ma yehu no, dɛn na ebinom a wɔasan aba honhom fam paradise no mu no aka? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ? (Hwɛ mfoni no nso.)

19 Honhom fam paradise no som bo ma yɛn paa! Seesei n’ahoɔfɛ no ayɛ krabɛhwɛ, na wɔn a ɛresom Yehowa wom no nso adɔɔso paa. Honhom fam paradise a Yehowa de ama yɛn no, momma yɛnkɔ so nkyerɛ ho anisɔ daa. Obiara a ɔmpɛ sɛ ne koma tu, na mmom ɔpɛ sɛ ne ho tɔ no, onya akomatɔyam ne ahobammɔ no, ɛsɛ sɛ ɔba honhom fam paradise no mu, na ɛnsɛ sɛ ofi mu da! Nanso, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye efisɛ Satan reyɛ nea obetumi biara sɛ ɔbɛdaadaa yɛn ma yɛafi honhom fam paradise no mu. (1 Pet. 5:8; Adi. 12:9) Ɛnsɛ sɛ yɛma no kwan koraa. Honhom fam paradise no yɛ fɛ, emu tew, na asomdwoe wom. Enti momma yɛnyɛ nea yebetumi biara mmɔ ho ban.

Wɔn a wɔbɛkɔ so atena honhom fam paradise no mu no, paradise a ɛbɛba daakye no nso, wɔbenya mu atena (Hwɛ nkyekyɛm 19)


WUBEBUA SƐN?

  • Dɛn ne honhom fam paradise no?

  • Nhyira bɛn na yenya wɔ honhom fam paradise no mu?

  • Yɛbɛyɛ dɛn atwe nkurɔfo aba honhom fam paradise no mu?

DWOM 144 Fa W’ani Si Botae no So!

a ASƐM BI MU NKYERƐKYERƐMU: “Honhom fam paradise” no yɛ sɛnkyerɛnne kwan so beae bi a yɛsom Yehowa. Ɛhɔ no, yɛne Yehowa ntam yɛ kama, na ɔdɔ ne asomdwoe wɔ yɛne yɛn nuanom ntam.

b Hwɛ video a yɛato din, Seesei Wɔwɔ He? Alena Žitníková: Nea Ɛyɛe a Me Daeso Baa Mu no, na wubehu nhyira a onuawa bi nyae wɔ honhom fam paradise no mu. Ɛwɔ jw.org.

c MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Anuanom ne wɔn ho wɔn ho rebɔ nkɔmmɔ wɔ adesua ase na wɔn ani agye, nanso onua baako bi de, watew ne ho