Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Odwo—Ɛno Ne Nyansa Kwan

Odwo—Ɛno Ne Nyansa Kwan

Toñi adwuma ne sɛ ɔhwɛ ayarefo ne nkwakoraa ne mmerewa. Da koro bi, ɔbɔɔ ofie bi dɔn, na ɔbea bi a n’ani afi gyee so. Ɔbea no didii Toñi atɛm, na ɔkasa tiaa no sɛ wamma adwuma ntɛm ammɛhwɛ ɔbea no maame a wabɔ aberewa no. Nokwasɛm ne sɛ, na Toñi nkaa akyi. Nanso, Toñi tɔɔ ne bo ase paa ɔbea no kyɛw.

ƐDA foforo a Toñi kɔɔ adwuma no, ɔbea no san didii no atɛm bio. Dɛn na Toñi yɛe? Ɔka sɛ: “Ná ɛyɛ den paa, efisɛ na atɛnnidi no nni nnyinaso biara.” Nanso, Toñi paa ɔbea no kyɛw bio, na ɔka kyerɛɛ ɔbea no sɛ wahu sɛ ɔrehyia nsɛnnennen.

Sɛ wone Toñi a, anka dɛn na wobɛyɛ? Anka wobɛbɔ mmɔden ada odwo adi? Anaa anka ɛbɛyɛ den ama wo sɛ wobɛhyɛ wo ho so? Nokwasɛm ne sɛ, sɛ wuhyia tebea a ɛte sɛ nea yɛaka ho asɛm yi a, ebetumi ayɛ den sɛ wobɛhyɛ wo ho so. Sɛ nneɛma hyɛ yɛn so anaa obi hyɛ yɛn abufuw a, ɛyɛ den paa sɛ yɛbɛda odwo adi.

Nanso, Bible hyɛ Kristofo nkuran sɛ wɔnna odwo adi. Nokwasɛm ne sɛ, Onyankopɔn Asɛm no de odwo bata nyansa ho. Yakobo bisae sɛ: “Mo mu hena na ɔyɛ onyansafo na n’adwenem abue? Ma ɔmfa ne bra pa no nna ne nnwuma adi denam odwo a efi nyansam so.” (Yak. 3:13) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ odwo yɛ nyansa a efi soro? Na dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛanya saa suban pa no bi?

NYANSA WOM SƐ YƐBƐDA ODWO ADI

Odwo tumi ma akasakasa ano brɛ ase. “Mmuae bɔkɔɔ ma abufuw twa, na asɛm a ɛyɛ yaw hyɛ abufuw.”​Mmeb. 15:1.

Sɛ obi yɛ biribi ma ɛhaw wo na wode abufuw hyia no a, na ɛte sɛ nea worehyɛ asɛm no mu gya, anaa worehwanyan mu. (Mmeb. 26:21) Nanso, mpɛn pii no, mmuae bɔkɔɔ dwudwo abufuw. Mmuae bɔkɔɔ tumi ma obi a ɔmpɛ yɛn asɛm koraa mpo sesa adwene a ɔwɔ wɔ yɛn ho.

Toñi hui sɛ saa asɛm no yɛ nokware. Bere a ɔbea no huu sɛnea Toñi daa odwo adi no, osui. Ɔbea no kae sɛ ɔrehyia ɔhaw pii wɔ n’abusua ne n’abrabɔ mu. Toñi dii ɔbea no adanse kama, na ɔne no fii ase suaa Bible. Odwo a Toñi daa no adi ne asomdwoe a ɔhwehwɛe na ɛkɔfaa weinom nyinaa bae.

Odwo betumi ama yɛn ani agye. “Anigye ne wɔn a wodwo, efisɛ wobenya asase no.”​Mat. 5:5.

Adɛn nti na wɔn a wodwo ani gye? Nnipa pii a na anka wɔyɛ anuɔdenfo ani agye efisɛ wɔahyɛ odwo, anaa wɔasua sɛ wɔbɛda odwo adi. Wɔn asetena ayɛ papa asen kan no, na wonim sɛ daakye pa bi da hɔ retwɛn wɔn. (Kol. 3:12) Adolfo yɛ ɔmansin sohwɛfo wɔ Spain. Ɔka asetena a na ɔwom ansa na ɔrebehu nokware no ho asɛm.

Adolfo ka sɛ: “Ná minni atirimpɔw biara wɔ asetena mu. Ɛnkyɛ na me bo afuw denneennen ma enti na me nnamfo binom mpo suro me, efisɛ na me koko nyɛ koraa. Sɛ me bo fuw a, na metaa yɛ basabasa. Awiei koraa no, asɛm bi sii ma mesesaa m’abrabɔ koraa. Mekoo ntɔkwaw bi ma wɔwɔɔ me sekan mpɛn nsia. Mogya tuu me araa ma anka mereyɛ awu.”

Nanso, seesei Adolfo de ne kasa ne ne nhwɛso rekyerɛkyerɛ afoforo ma wɔn nso abɛyɛ nnipa a wodwo. Ɔtew n’anim ma obiara, na ɔda suban pa adi. Ama nnipa pii ka kɔ ne nkyɛn. Adolfo ka sɛ, nsakrae a watumi ayɛ no ama n’ani agye. Na ɔda Yehowa ase sɛ waboa no ama otumi da odwo adi.

Sɛ yedwo a, yɛma Yehowa ani gye. “Me ba, yɛ onyansafo, na ma me koma ntɔ me yam, na manya asɛm abua nea otwa me mpoa.”​Mmeb. 27:11.

Sɛ yɛbɛka a, Ɔbonsam a ɔyɛ Yehowa tamfo kɛse no retwa Yehowa mpoa. Sɛnea Ɔbonsam hyɛ da didi Yehowa atɛm no, anka ɛsɛ sɛ Yehowa bo fuw. Nanso, Bible ka sɛ Yehowa “bo kyɛ fuw.” (Ex. 34:6) Sɛ yɛbɔ mmɔden suasua sɛnea Onyankopɔn bo kyɛ fuw na odwo no a, na yɛrefa nyansa kwan a ɛsɔ Yehowa ani kɛse so.​—Efe. 5:1.

Asomdwoe nni wiase a yɛte mu yi mu. Enti yebetumi ahyia nnipa a wɔyɛ “ahohoahoa, ahantan, wɔn a wɔka abususɛm, . . . dinsɛefo, wɔn a wontumi nni wɔn ho so, wɔn a wɔyɛ keka.” (2 Tim. 3:2, 3) Nanso, ɛsɛ sɛ Kristoni da odwo adi. Onyankopɔn Asɛm no kae yɛn sɛ, ‘nyansa a efi soro no pɛ asomdwoe, na ɛwɔ ntease.’ (Yak. 3:17) Enti sɛ yɛda no adi sɛ yɛpɛ asomdwoe na yɛda ntease adi a, ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ nyansa a efi Onyankopɔn hɔ. Nyansa a ɛte saa bɛkanyan yɛn na sɛ obi hyɛ yɛn abufuw a, yɛada odwo adi. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛbɛma yɛakɔ so abɛn Yehowa a ɔyɛ nyansa nyinaa Wura no kɛse.