Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASETENAM NSƐM

Yehowa Fam De Ade Nyinaa Betumi Ayɛ Yiye

Yehowa Fam De Ade Nyinaa Betumi Ayɛ Yiye

“OWU nni hɔ bio, na awufo mpo, wobenyan wɔn aba nkwa mu bio.” Me yere Mairambubu tee saa asɛm yi bere a na ɔte bɔs mu. Ná ɔrepɛ biribi ahu, na na ɔpɛ sɛ osua pii. Bere a bɔs no gyinae a obiara sii no, otuu mmirika dii ɔbea a ɔkaa saa asɛm no akyi. Ná ɔbea no din de Apun Mambetsadykova, na na ɔyɛ Yehowa Dansefo. Saa bere no, na ɛyɛ hu sɛ obi ne Adansefo no bɛkasa, nanso nea akyiri yi yesua fii Apun hɔ no sakraa yɛn asetena.

YƐYƐƐ ADWUMA FII ADEKYEE KOSII ADESAE

Wɔwoo me afe 1937 wɔ baabi a ɛbɛn Tokmok, Kyrgyzstan. Ná yɛte ɔman afuw mu anaa kolkhoz. Yɛyɛ Kyrgyzfo, na yɛka Kyrgyz kasa. Ná m’awofo di paa wɔ afuw mu, na na wɔyɛ adwuma wɔ ɔman afuw mu fi adekyee kosi adesae. Yɛn a na yedi paa wɔ afuw mu no, na wɔma yɛn aduan daa, nanso afe afe na na wotua yɛn ka. Maame siam n’anim mfifiri hwɛɛ me ne me nuabea kumaa. Bere a mekɔɔ sukuu mfe nnum pɛ no, me nso migyae kɔyɛɛ adwuma wɔ ɔman afuw mu.

Teskey Ala-Too mmepɔw

Ɔmantam a na mete mu no, na nnipa a wɔwɔ hɔ dodow no ara di hia, na na yɛyɛ adwuma brɛ ansa na yɛn nsa akɔ yɛn ano. Meyɛ aberante no, na minnwen nea enti a nnipa te ase ne daakye ho papa. Manna annwen ho da sɛ Yehowa Nyankopɔn ho nokwasɛm ne n’atirimpɔw bɛsesa m’asetena saa. Nea ɛyɛe a nokware no baa Kyrgyzstan na ɛtrɛw beduu yɛn mantam mu no yɛ anika. Efii ase wɔ Kyrgyzstan atifi fam, na ɛhɔ na mifi.

NKURƆFO A WOTWAA WƆN ASU DE NOKWARE NO BAA KYRGYZSTAN

Yehowa Nyankopɔn ho nokwasɛm gyee ntini wɔ Kyrgyzstan afe 1956. Ná Komunis nkyerɛkyerɛ no adi nkurɔfo ti, enti na ɛsɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ wɔn nokware no ansa na wɔatumi ayi wɔn adwene afi so. Adɛn ntia? Ɛnnɛ, ɔman a wɔfrɛ no Kyrgyzstan no, kan no na ɛka Union of Soviet Socialist Republics (USSR) ho. Yehowa Adansefo amfa wɔn ho annyigye amanyɔsɛm mu koraa wɔ USSR fã biara. (Yoh. 18:36) Wei ma wɔtaa wɔn, efisɛ na wobu wɔn sɛ wɔyɛ Komunis man no atamfo. Nanso, nnipa a wɔwɔ koma pa pɛ sɛ wosua Onyankopɔn Asɛm a, nnipa nkyerɛkyerɛ biara nni hɔ a ebetumi asiw wɔn kwan. Nokwasɛm ne sɛ, me nkwa nna nyinaa, nneɛma a ɛho hia paa a masua baako ne sɛ, Yehowa fam deɛ, “ade nyinaa betumi ayɛ yiye.”—Mar. 10:27.

Emil Yantzen

Ɔtaa a wɔde baa Yehowa Adansefo so wɔ Kyrgyzstan no maa wɔn dodow kɔɔ anim. Ɛyɛɛ dɛn na ɛbaa saa? Ná Siberia mantam no ka USSR ho; wotwa Ɔman no atamfo asu a, ɛhɔ na na wɔde wɔn kɔ. Bere a wogyaee wɔn a wɔatwa wɔn asu no, bebree baa Kyrgyzstan. Wɔn mu bi na wɔde nokware no baa hɔ. Wɔn mu baako ne Emil Yantzen; wɔwoo no Kyrgyzstan afe 1919. Wotwaa Emil asu kɔɔ adwumayɛban bi mu, na ɛhɔ na ohyiaa Adansefo no. Ogyee nokware no, na ɔsan baa ne kurom afe 1956. Emil bɛtenaa baabi a ɛbɛn Sokuluk; ɛhɔ bɛn me kurom. Asafo a edi kan a wɔtewee wɔ Kyrgyzstan no, na ɛwɔ Sokuluk. Wɔtew no afe 1958.

Victor Vinter

Bɛyɛ afe baako akyi no, Victor Vinter tu kɔɔ Sokuluk. Saa onua nokwafo yi kɔɔ ahokyere mu mpɛn pii. Esiane sɛ wamfa ne ho anhyɛ amanyɔsɛm mu nti, wɔde no too afiase mprenu, na emu biara no, odii mfe mmiɛnsa. Afei wɔsan de no too afiase mfe du, na wotwaa no asu mfe nnum kaa ho. Ne nyinaa akyi no, ɔtaa antumi atwiw amfa nokware som so; ɛkɔɔ so trɛwee.

NOKWARE NO BƐNEE ME KUROM

Eduard Varter

Eduu afe 1963 no, na Adansefo bɛyɛ 160 na wɔwɔ Kyrgyzstan. Ná wɔn mu pii nkyi fi Germany, Ukraine, ne Russia. Wɔn mu baako ne Eduard Varter. Ɔyɛ obi a wotwaa no asu, na ɔbɔɔ asu wɔ Germany afe 1924. Afe 1940 mu hɔ baabi no, Nasifo de no kɔɔ nneduaban mu, na mfe kakra akyi no, Komunisfo a wɔwɔ USSR nso twaa Eduard asu. Onua nokwafo yi tu kɔɔ Kant afe 1961. Kant bɛn me kurom paa.

Elizabeth Fot; Aksamai Sultanalieva

Ná Elizabeth Fot nso yɛ onuawa a ɔte Kant; ɔyɛ Yehowa somfo nokwafo. Adepam ne adwuma a na ɔyɛ de hwɛ ne ho. Esiane sɛ na onim adepam yiye nti, na adwumayɛfo te sɛ dɔkotafo ne akyerɛkyerɛfo pam wɔn nneɛma wɔ ne hɔ. Wɔn mu baako ne ɔbea bi a ne din de Aksamai Sultanalieva. Ná ne kunu yɛ adwuma wɔ aban kwaadubɔfo ɔfese. Aksamai kɔpam ne nneɛma wɔ Elizabeth hɔ, nanso obisaa nea enti a yɛwɔ wiase ne tebea a awufo wom ho nsɛm pii. Elizabeth kɔɔ Bible mu tẽẽ buaa ne nsɛmmisa no. Akyiri yi, Aksamai bɛyɛɛ ɔsɛmpakafo a ɔyɛ nsi.

Nikolai Chimpoesh

Saa bere no, wɔpaw Nikolai Chimpoesh a ofi Moldova no sɛ ɔmansin sohwɛfo, na ɔyɛɛ saa adwuma no bɛyɛ mfe 30. Ná Nikolai srasra asafo ahorow, na na ɔsan yɛ nhyehyɛe ma wɔyɛ yɛn nhoma no pii kyekyɛ. Atumfoɔ no huu adwuma a na ɔyɛ no. Enti, Eduard Varter kaa asɛm bi a ɛhyɛ nkuran kyerɛɛ Nikolai. Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ atumfoɔ no bisa wo sɛ ɛhe na munya mo nhoma no fi a, ka kyerɛ wɔn pen sɛ yenya fi yɛn asafo no ti a ɛwɔ Brooklyn. Hwɛ KGB sraani no anim tee. Ɛnsɛ sɛ wusuro biribiara.”—Mat. 10:19.

Wɔbɔɔ saa nkɔmmɔ no, ankyɛ na KGB asraafo no frɛɛ Nikolai kɔɔ wɔn adwumayɛbea ti wɔ Kant. Nikolai kaa nea esii: “Ɔsraani no bisaa baabi a yenya yɛn nhoma fi. Meka kyerɛɛ no sɛ, yenya fi Brooklyn. Afei na ɔsraani no nhu nea ɔnka. Ogyaee me ma mekɔe, na wamfrɛ me bio.” Adansefo a wɔwɔ akokoduru saa no kɔɔ so faa anifere kwan so kaa asɛmpa no wɔ Kyrgyzstan atifi fam; ɛhɔ na me kurom wɔ. Afe 1981 na m’abusua tee Yehowa ho nokwasɛm a ɛsom bo no; ɛyɛ me yere Mairambubu na odii kan tee.

ME YERE HUI NTƐM ARA SƐ NOKWARE NO NI

Mairambubu fi Naryn Mantam mu wɔ Kyrgyzstan. August 1974 no, da koro, Mairambubu baa me nuabea fie, na ɛhɔ ne bere a edi kan a yehyiae. Ɛhɔ ara na metew tɔɔ ne dɔ mu. Yɛwaree saa da no ara.

Apun Mambetsadykova

January 1981 no, bere a Mairambubu te bɔs mu rekɔ gua so no na ɔtee nkɔmmɔ a yɛadi kan aka ho asɛm no. Ná me yere pɛ sɛ ɔte pii ka ho, enti obisaa ɔbea no din ne baabi a ɔte. Ɔbea no kae sɛ ne din de Apun. Nanso, esiane sɛ afe 1980 mu hɔ no, na wɔabara Adansefo no adwuma nti, na Apun hwɛ ne ho yiye paa. Apun ankyerɛ me yere baabi a ɔte; obisaa baabi a yɛn mmom yɛte. Me yere baa fie no, na n’ani agye sei araa tam.

Mairambubu kae sɛ: “Mate anigyesɛm bi. Ɔbea bi aka akyerɛ me sɛ, ɛrenkyɛ obiara renwu bio. Nkekaboa mpo renyɛ obiara bɔne.” Me deɛ, asɛm no yɛɛ me sɛ anansesɛm bi. Mekaa sɛ: “Wo deɛ ma yɛntwɛn mma ɔbea no mmra mmɛkyerɛkyerɛ yɛn mu.”

Abosome mmiɛnsa akyi no, Apun baa yɛn nkyɛn. Akyiri yi, afoforo nso baa yɛn nkyɛn. Saa bere no na yehyiaa Kyrgyzfo a wodii kan bɛyɛɛ Adansefo no bi. Saa anuanom mmea no ma yehuu Yehowa ne nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ ama adesamma no ho nokwasɛm. Wɔne yɛn suaa nhoma a wɔato din Fi Paradise a Ɛyerae Kosi Paradise a Wɔasan Anyã. * Esiane sɛ na nhoma yi baako pɛ na yɛwɔ wɔ Tokmok kasa mu nti, yɛhwɛɛ so de yɛn nsa kyerɛw bi.

Nneɛma a yedii kan suae no mu baako ne nkɔmhyɛ a ɛwɔ Genesis 3:15 no. Saa nkɔmhyɛ yi benya mmamu wɔ Yesu so. Ɔno na Onyankopɔn apaw no sɛ Mesia Ahenni no so Hene. Wei yɛ asɛm a ɛho hia a ɛsɛ sɛ obiara te! Wei paa na ɛma yehui sɛ ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛka asɛmpa no bi. (Mat. 24:14) Ankyɛ na nokware a ɛwɔ Bible mu no maa yɛn abrabɔ fii ase sesae.

NÁ WƆABARA YƐN, NANSO ASAFO NHYIAM NE ASUBƆ KƆƆ SO

Onua bi a ɔwɔ Tokmok too nsa frɛɛ yɛn kɔɔ ayeforohyia bi ase. Ankyɛ koraa na me ne me yere hui sɛ ɛsono sɛnea Adansefo no yɛ wɔn ade koraa. Ná nsã a ano yɛ den biara nni ayeforohyia no ase. Adidi ne ɔnom no kɔɔ so fɛfɛɛfɛ. Sɛ yɛde toto ayeforohyia foforo a na yɛakɔ ho a, na nsonsonoe kɛse wom. Ayeforohyia a na yɛadi kan akɔ no deɛ, na nkurɔfo we nsa bow, wɔyɛ basabasa, na na wɔka kasafĩ.

Afei nso, yɛkɔɔ Kristofo nhyiam ahorow bi wɔ Tokmok asafo mu. Sɛ ewim tew a, na yɛyɛ nhyiam no wɔ wuram. Ná anuanom mmarima ne mmea no nim sɛ polisifo ani di wɔn akyi paa, enti na anuanom ma onua bi gyina baabi hwɛ kwan ma yɛn. Edu awɔw bere a, na yehyiam wɔ ofie bi mu. Polisifo baa fie hɔ mpɛn dodow bi, na na wɔpɛ sɛ wohu nea yɛreyɛ. Me ne Mairambubu bɔɔ asu July 1982 wɔ Chüy Asubɔnten mu. Saa da no, na ɛsɛ sɛ yɛyɛ anifere paa. (Mat. 10:16) Anuanom ammom yuu amma, na mmom wɔbae nkakrankakra behyiaa mu wɔ kwaem hɔ. Yɛtoo Ahenni dwom, na yetiee asubɔ kasa no.

YƐDE HOKWAN NO TRƐW YƐN SOM MU

Afe 1987 no, onua bi ka kyerɛɛ me sɛ obi wɔ Balykchy a n’ani gye asɛmpa no ho, enti menkɔhwehwɛ no. Sɛ yɛde keteke fi baabi a yɛte rekɔ hɔ a, edi nnɔnhwerew nnan. Bere a yɛkɔkaa asɛmpa no wɔ Balykchy mpɛn dodow bi no, yehui sɛ nnipa pii ani gye asɛmpa no ho. Ná wei yɛ hokwan a yebetumi de atrɛw yɛn som mu.

Ná me ne Mairambubu taa kɔ Balykchy. Memeneda ne Kwasida dodow no ara na yɛda hɔ. Ná ɛno ma yetumi kɔ asɛnka, na na yɛyɛ Kristofo nhyiam. Afei na nnipa a wɔrepɛ yɛn nhoma no bi dɔ ara na wɔredɔɔso. Ná yɛde nhoma no gu mishok mu twa kwan fi Tokmok kɔ hɔ. Mishok yɛ kotoku a wɔde ntɔmmɔ (potato) gu mu. Ná yɛde nhoma nkotoku mmienu kɔ bosome biara, nanso na ɛnso wɔn nyinaa so. Sɛ yɛte keteke mu rekɔ Balykchy mpo a, na yetumi di ebinom adanse.

Bere a yefii ase kɔɔ Balykchy no, mfe nwɔtwe akyi, wɔtew asafo wɔ hɔ afe 1995. Saa bere a na yedi Tokmok ne Balykchy akɔneaba no, na yɛbɔ ka paa. Ná yenni bi. Ɛnde ɛyɛɛ dɛn na yetumi yɛɛ saa? Ná onua bi taa sɔ yɛn so nkakrankakra. Yehowa hui sɛ ɛda yɛn koma so sɛ yɛbɛtrɛw yɛn som mu, na obuee “ɔsoro mfɛnsere” maa yɛn. (Mal. 3:10) Momma yɛnka, Yehowa fam de ade nyinaa betumi ayɛ yiye!

M’ABUSUA NE ME SOM ADWUMA NTI, NA MINNI ADAGYEW

Afe 1992 no, wɔpaw me asafo mu panyin; mene Kyrgyzni a wodii kan paw no sɛ asafo mu panyin wɔ ɔman no mu. Ɔsom hokwan afoforo buei wɔ Tokmok asafo a na yɛwom no mu. Yɛne Kyrgyzfo mmabun a wɔyɛ sukuufo binom suaa Bible wɔ sukuu ahorow mu. Ɛnnɛ, mmabun a yɛne wɔn suaa ade no baako ka Baa Boayikuw no ho, na mmienu yɛ akwampaefo titiriw. Yɛsan nso boaa nkurɔfo wɔ asafo nhyiam ase. Efi afe 1990 kosi afe 1993 mu hɔ no, na yɛn nhoma ne asafo nhyiam a yɛyɛ nyinaa wɔ Russia kasa mu. Nanso, asafo no mufo dodow no ara, na Kyrgyz na ɛyɛ wɔn kurom kasa. Enti yɛreyɛ adesua a, na mekyerɛ dwumadi no ase fi Russia kasa mu kɔ Kyrgyz kasa mu. Ɛboaa wɔn ma wɔtee nokware no ase ntɛm.

Me ne me yere ne yɛn mma no mu nwɔtwe, afe 1989

Saa bere yi nyinaa nso na me ne Mairambubu retete yɛn mma, enti na yenni adagyew koraa. Ná yɛne yɛn mma no kɔ asɛnka ne asafo nhyiam. Saa bere no, na yɛn babea Gulsayra adi mfe 12 pɛ, nanso na n’ani gye ho sɛ ɔbɛka Bible mu asɛm akyerɛ nkurɔfo wɔ abɔnten. Afei nso na yɛn mma no ani gye ho sɛ wɔbɛkyere Bible mu nsɛm agu wɔn tirim. Wei boaa yɛn mma ne yɛn mmanananom a wɔbaa akyiri yi ma wɔde wɔn ho hyɛɛ asafo no dwumadi ahorow mu paa. Yɛn mma 9 ne yɛn mmanana 11 a wɔda so te ase no, wɔn mu 16 na wɔsom Yehowa anaa wɔne wɔn awofo kɔ asafo nhyiam.

NSAKRAE AKƐSE

Yɛn nuanom adɔfo a wofii Yehowa adwuma no ase wɔ yɛn mpɔtam hɔ afe 1956 no, sɛ wohu nsakrae a aba nnɛ a, ɛbɛyɛ wɔn nwonwa sɛ. Nsakrae baako a aba ne sɛ, efi afe 1990 reba no, yɛanya ahofadi kɛse reka asɛmpa no, na yɛyɛ nhyiam akɛse nso.

Me ne me yere wɔ asɛnka mu

Ɔmantam nhyiam a edi kan koraa a me ne me yere kɔe no, wɔyɛɛ no afe 1991 wɔ Alma-Ata wɔ Kazakhstan. Seesei yɛfrɛ hɔ Almaty. Afei afe 1993 no, anuanom a wɔwɔ Kyrgyzstan yɛɛ ɔmantam nhyiam a edi kan koraa wɔ Spartak Stadium wɔ Bishkek. Adawurubɔfo no de nnawɔtwe baako siesiee agoprama no so. Ɛyɛɛ ɔpanyin a ɔhwɛ agoprama no so nwonwa araa ma ɔde hɔ maa yɛn kwa.

Afei nso, afe 1994 no, ade titiriw bi sii. Wotintim yɛn nhoma no bi wɔ Kyrgyz kasa mu nea edi kan koraa. Seesei baa dwumadibea a ɛwɔ Bishkek no, anuanom bi wɔ hɔ a wɔkyerɛ yɛn nhoma ase kɔ Kyrgyz kasa mu bere nyinaa. Afe 1998 no, Kyrgyzstan aban no gyee Adansefo adwuma no toom wɔ mmara mu. Ahyehyɛde no anya nkɔanim ma seesei adawurubɔfo no dodow boro 5,000. Ɛnnɛ, asafo ahorow 83 ne akuw 25 na ɛwɔ Kyrgyzstan. Wɔyɛ adesua wɔ China kasa, Borɔfo kasa, Kyrgyz kasa, Russia kasa, Russia Mum Kasa, Turkey kasa, Uighur kasa, ne Uzbek kasa mu. Ɛmfa ho sɛ ɛsono baabi a anuanom adɔfo yi mu biara fi no, wɔn nyinaa abom de baakoyɛ resom Yehowa. Nsakrae a akɔ so yi nyinaa, Yehowa na wama ayɛ yiye.

Yehowa ama m’abrabɔ nso asesa. Ná m’abusuafo yɛ akuafo ahiafo; emu na wɔtetee me. Mekɔɔ sukuu mfe nnum pɛ. Nanso, Yehowa ma mebɛyɛɛ asafo mu panyin; nkurɔfo a wɔn nhomanim kɔ anim sen me no, ɔboaa me ma mekyerɛkyerɛɛ wɔn Bible mu nokware a ɛsom bo no. Anokwa, nneɛma a Yehowa yɛ no, ɛboro adwene ne ntease so. Nea me ara mahu wɔ m’asetena mu ka me koma sɛ minni Yehowa a ɔma ‘ade nyinaa tumi yɛ yiye’ no ho adanse daa.—Mat. 19:26.

^ nky. 21 Yehowa Adansefo na wotintimii nanso seesei de, wɔagyae tintim.