Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wunim?

So Wunim?

Ɛyɛ nokware sɛ tete no, na obi tumi kodua nwura bɔne wɔ ne yɔnko afuw mu?

Ɔhempɔn Justinian nhoma Digest no bi ni. Wotintimii afe 1468. Ɛyɛ nhoma pii a ɛka sɛnea na wodi nsɛm tete no mu baako

YESU kae wɔ Mateo 13:24-26 sɛ: “Ɔsoro ahenni te sɛ ɔbarima bi a oguu aba pa wɔ n’afuw mu. Bere a nnipa adeda no, ne tamfo ba beduaa nwura bɔne wɔ awi no mu na ogyaw hɔ kɔe. Bere a eyiyii ahaban na ɛsow aba no, nwura bɔne no nso yii ne ho adi.” Asɛm a Yesu de yɛɛ mfatoho no, akyerɛwfo binom nnye ntom sɛ na ɛyɛ asɛm a etumi si ankasa. Nanso, tete Roma mmara nhoma ahorow ma yehu sɛ asɛm a Yesu de yɛɛ mfatoho no, na etumi si ankasa.

Bible nsɛm asekyerɛ nhoma bi ka sɛ, “Sɛ obi fom wo, na wukodua nwura bɔne a ɛte sɛ nkyɛnkyɛmma wɔ n’afuw mu sɛ wode retua no ka a, . . . na ɛyɛ bɔne wɔ Romafo mmara mu. Esiane sɛ na wei ho mmara wɔ hɔ nti, yebetumi aka sɛ na saa adeyɛ no taa si.” Mmaranimfo Alastair Kerr kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, wɔ afe 533 Y.B. no, Roma Hempɔn Justinian tintim ne nhoma a ɔtoo din Digest no. Ná Romafo mmara ne atemmufo a wɔtenaa ase tete no (bɛyɛ afe 100-250 Y.B.) atemmusɛm bi na ɛwom. Sɛnea nhoma no (Digest, 9.2.27.14) ka no, ɔtemmufo Ulpian kaa asɛm bi a Roma ɔmanyɔfo Celsus dii wɔ afeha a ɛto so mmienu ho asɛm. Na obi akodua nwura wɔ obi foforo afuw mu ama ne nnɔbae asɛe. Digest nhoma no ka mmara kwan a na afuw no wura betumi afa so anya mpatade bi afi nea okoguu nwura bɔne wɔ n’afuw no mu no hɔ wɔ ne nnɔbae a ɛsɛee no ho.

Nneyɛe bɔne a ɛte saa a ɛkɔɔ so wɔ Roma ahemman no mu tete no kyerɛ sɛ, na asɛm a Yesu kae no tumi si ankasa.

Romafo no maa Yudafo mpanyimfo a na wɔwɔ Yudea no ahofadi wɔ asomafo no bere so. Ná ahofadi no kodu he?

ASOMAFO no bere so no, na Romafo na wodi Yudea so. Amrado a asraafo dodow bi hyɛ n’ase na na osi Romafo no ananmu di Yudea mantam no so. Nea na ehia amrado no paa ne sɛ obegyigye tow ama Roma man no na wahwɛ ama asomdwoe atena ɔmantam no mu. Ná Romafo no hwɛ sɛ wobesiw nsɛmmɔnedi ano na wɔatwe wɔn a wɔde basabasayɛ ba aso. Sɛ weinom da nkyɛn a, na Romafo no taa gyaw ɔman no sohwɛ hyɛ Yudafo atumfoɔ no nsa.

Yudafo Sanhedrin no a wɔahyiam

Ná Sanhedrin no yɛ Yudafo asɛnnibea kunini. Sanhedrin no mufo ara nso na na wɔyɛ abaguafo a wɔhwɛ toto Yudafo no mmara ho nsɛm. Ná asɛnnibea nketewa nso wɔ Yudea mantam no nyinaa mu. Sɛ obi wɔ asɛm tia ne yɔnko anaasɛ obi kodi nsɛmmɔne bi a, ɛbɛyɛ sɛ na saa asɛnnibea nketewa yi na na edi onii no asɛm. Ná Roma atumfoɔ no mfa wɔn ho nhyehyem. Nanso, na Romafo no mma Yudafo asɛnnibea ahorow no tumi sɛ wonni nsɛmmɔnedifo asɛm mmu wɔn kumfɔ. Romafo no nkutoo na na wotumi yɛ saa. Nanso, bere a Sanhedrin no dii Stefano asɛm na wɔma wosiw no abo no de, wɔankogye tumi amfi Romafo no hɔ.​—Asomafo Nnwuma 6:8-15; 7:54-60.

Ná Yudafo Sanhedrin no wɔ tumi paa. Nanso, sɛnea ɔbenfo Emil Schürer kae no, tumi a na Sanhedrin no wɔ nyinaa akyi no, “na Romafo no tumi tu asɛm bi ho anammɔn a wɔmmɔ wɔn amanneɛ, titiriw bere a wosusuw sɛ obi ayɛ biribi atia Roma atumfoɔ no.” Ɛho nhwɛso ne bere a ɔsahene Klaudio Lisia kɔkyeree ɔsomafo Paulo a na ɔyɛ Roma man ba no.​—Asomafo Nnwuma 23:26-30.