Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yosef a Ofi Arimatea Kyerɛɛ Baabi a Ogyina

Yosef a Ofi Arimatea Kyerɛɛ Baabi a Ogyina

YOSEF A OFI ARIMATEA; na onnye nni sɛ obenya akokoduru akɔ Roma amrado no anim. Efisɛ na wonim Pontio Pilato sɛ ɔyɛ obi a n’asɛm yɛ den dodo. Nanso na ɛsɛ sɛ obi kɔsrɛ Pilato na ɔde Yesu amu no ma no na ama wɔasie no osie pa. Sɛnea na Yosef adwene yɛ no no, bere a ɔkɔɔ Pilato anim no, anyɛ den saa. Bere a Pilato te fii ɔsraani panyin bi hɔ sɛ Yesu awu no, ɔde amu no maa Yosef. Ɛwom sɛ na Yosef da so ara redi awerɛhow paa deɛ, nanso ɔyɛɛ ntɛm san kɔɔ baabi a wokum Yesu no.—Mar. 15:42-45.

  • Hena ne Yosef a ofi Arimatea?

  • Twaka bɛn na na ɔne Yesu wɔ?

  • Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wudwen n’asɛm no ho?

NÁ ƆYƐ SANHEDRIN NO MUNI

Asɛmpa a honhom kaa Marko ma ɔkyerɛwee no ka sɛ na Yosef yɛ “Bagua no muni a wagye din.” Sɛ wohwɛ nea na Marko reka a, Sanhedrin no ara na ɔfrɛɛ no Bagua no. Ná ɛno ne Yudafo asɛnnibea kɛse, na na ɛsan yɛ baguakuw a ɛhwɛ ɔmantam no so. (Mar. 15:1, 43) Akannifo a wɔwɔ ɔmantam no mu no, na Yosef ka ho. Ɛno nti na otumi kɔɔ Roma amrado no anim no. Ɛnyɛ nwonwa nso sɛ na Yosef yɛ ɔdefo.—Mat. 27:57.

Wowɔ akokoduru a wode bɛka sɛ wugye Yesu tom sɛ wo Hene anaa?

Ná Sanhedrin no yɛ kuw a emufo kyi Yesu kɔkɔɔkɔ. Wɔbɔɔ pɔw bɔne sɛ wobekum Yesu. Nanso, Bible ka sɛ na Yosef yɛ “onipa pa na ɔteɛ.” (Luka 23:50) Ná Yosef nte sɛ ne mfɛfo Sanhedrinfo dodow no ara. Ɔno deɛ na odi nokware, ɔbɔ bra pa, na na ɔyɛ nea obetumi biara sɛ obedi Onyankopɔn mmara so. Ná ɔno nso “retwɛn Onyankopɔn ahenni no.” Ɛbɛyɛ sɛ ɛno nti na ɔbɛyɛɛ Yesu suani. (Mar. 15:43; Mat. 27:57) Ná Yosef pɛ nokware, na na n’ani gye atɛntrenee ho, enti ɛbɛyɛ sɛ ɛno na ɛmaa Yesu asɛm no twetwee no.

OSUANI A WANYI N’ANIM

Yohane 19:38 ka sɛ na Yosef yɛ “Yesu suani nanso Yudafo no ho suro nti ɔyɛe wɔ kokoam.” Dɛn na na Yosef suro? Ná onim sɛ Yudafo no mmu Yesu, na na wɔasi wɔn bo sɛ obiara a ɔbɛka sɛ ogye Yesu di no, wobetu no afi hyiadan mu. (Yoh. 7:45-49; 9:22) Sɛ wotu obi fi hyiadan mu a, ɛkyerɛ sɛ ne mfɛfo Yudafo bedi ne ho fɛw, abu no animtiaa, na wɔayi ne baako ahyɛ ne nsa. Ɛno nti na na Yosef suro sɛ obeyi n’anim aka sɛ ogye Yesu di no. Sɛ ɔyɛɛ saa a, anka ne dibea ne anuonyam a ɔwɔ bɛbɔ no.

Ɛnyɛ Yosef nko ara na na ɔwɔ ɔhaw a ɛte saa mu. Yohane 12:42 ka sɛ “sodifo no mpo mu bebree nyaa [Yesu] mu gyidi, nanso Farisifo no nti, wɔampae mu anka sɛnea ɛbɛyɛ na wɔantu wɔn amfi hyiadan no mu.” Sanhedrin no muni foforo a na ɔno nso wɔ ɔhaw a ɛte saa mu ne Nikodemo.—Yoh. 3:1-10; 7:50-52.

Ná Yosef osuani, nanso wanyi n’anim. Sɛ yɛhwɛ asɛm bi a Yesu kae a, na wei yɛ aniberesɛm paa. Ɔkae sɛ: “Obiara a ɔbɔ me din nnipa anim no, me nso mɛbɔ ne din m’Agya a ɔwɔ soro no anim, na obiara a ɔpa me nnipa anim no, me nso mɛpa no m’Agya a ɔwɔ soro no anim.” (Mat. 10:32, 33) Ɛwom sɛ Yosef ampa Yesu deɛ, nanso wannya akokoduru anka sɛ ogye Yesu di. Wo nso ɛ?

Yosef yɛɛ adepa bi a Bible ka ho asɛm. Ɛma yehu sɛ pɔw bɔne a Sanhedrin no bɔe sɛ wobekum Yesu no, Yosef ampene so. (Luka 23:51) Sɛnea ebinom kyerɛ no, ɛbɛyɛ sɛ bere a wɔredi Yesu asɛm no, na Yosef nni hɔ. Atɛnkyea yayaayaw a wobuu Yesu no, ɛyɛ dɛn ara a na ɛbɛhaw Yosef, nanso na ɔrentumi nyɛ ho hwee!

OSII PI

Bere a Yesu wui no, ɛbɛyɛ sɛ na Yosef adi ehu a ɛwɔ ne mu no so, na osii gyinae sɛ ɔde ne ho bɛbɔ Yesu akyidifo no. Asɛm a ɛwɔ Marko 15:43 ma yehu saa. Ɛhɔ ka sɛ: “Ɔde akokoduru kɔɔ Pilato anim kɔsrɛɛ Yesu amu.”

Bere a Yesu wui no, ɛbɛyɛ sɛ na Yosef wɔ hɔ. Nokwasɛm ne sɛ, na onim sɛ Yesu awu ansa na Pilato rete. Ɛno nti, bere a Yosef kɔsrɛɛ Yesu amu no, na amrado no ‘adwenem nteɛ no sɛ Yesu anya awu koraa.’ (Mar. 15:44) Bere a Yesu sɛn dua so no, ohuu amane. Sɛ na Yosef gyina hɔ a, ebetumi aba sɛ aninyanne a na Yesu refa mu no maa Yosef ahonim haw no. Yemmisa sɛ, ɛno na ɛmaa Yosef yɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛma obiara ahu sɛ ɔyɛ Yesu suani anaa? Ebetumi aba saa. Yebetumi aka paa sɛ, afei deɛ Yosef kekaa ne ho. Ɔyɛe sɛ obeyi n’anim ama obiara ahu sɛ ɔyɛ Yesu suani.

YOSEF SIEE YESU

Yudafo mmara mu no, sɛ wokum obi a wɔabu no kumfɔ a, na ɛsɛ sɛ wosie no ansa na owia akɔtɔ. (Deut. 21:22, 23) Nanso Romafo deɛ, na wɔma nsɛmmɔnedifo a wɔakum wɔn no amu sɛn dua so porɔw anaa wɔtow wɔn gu amena baako mu. Nanso ɛnyɛ ɛno koraa na na ɛwɔ Yosef adwenem. Ná Yosef wɔ ɔda foforo a wɔatwa wɔ ɔbo mu, na na ɛbɛn baabi a wokum Yesu no. Ná wɔmfaa obiara ntoo saa ɔda yi mu da; wei kyerɛ sɛ na Yosef tu fii Arimatea * baa Yerusalem nkyɛe. Ɛbɛyɛ sɛ otwaa saa ɔda yi maa ɔne n’abusua. (Luka 23:53; Yoh. 19:41) Yesu a Yosef siee no wɔ ɔda a ɔno ankasa wu a na wobesie no wom no kyerɛ sɛ na Yosef yam ye paa. Wei maa nkɔm a wɔhyɛe sɛ wobesie Mesia no ‘wɔ adefo mu’ no baa mu.—Yes. 53:5, 8, 9.

Biribi wɔ hɔ a ɛho hia wo paa sen ayɔnkofa a wo ne Yehowa wɔ anaa?

Nsɛmpa nnan no nyinaa ka sɛ bere a woyii Yesu amu no fii dua so no, Yosef de nwera pa kyekyeree ne ho de no too ɔda a na wama wɔatwa ama no no mu. (Mat. 27:59-61; Mar. 15:46, 47; Luka 23:53, 55; Yoh. 19:38-40) Nikodemo nko ara na Bible bɔɔ ne din sɛ ɔboaa Yosef; ɔde nnuhuam a wɔde siesie amu bae. Wohwɛ dibea a na Yosef ne Nikodemo wɔ a, ɛbɛyɛ sɛ ɛnyɛ wɔn ankasa na wɔsoaa amu no. Yebetumi aka paa sɛ wɔmaa wɔn nkoa na wɔsoaa amu no kosiei. Sɛ saa na wɔyɛe mpo a, adwuma a saa mmarima mmienu yi yɛe no, na ɛnyɛ adwuma ketewa. Sɛ na obi so funu mu a, na ne ho begu fĩ nnanson na biribiara a obeso mu nso, ɛho begu fĩ. (Num. 19:11; Hag. 2:13) Sɛ obi ho gu fĩ wɔ nnawɔtwe a wobedi Twam afahyɛ no a, na ɔrentumi nni afahyɛ no bi. Afahyɛ no ho biribiara nso, na ɛnsɛ sɛ ɔyɛ bi. (Num. 9:6) Yesu amu a Yosef siei no, na ebetumi ama ne mfɛfo adi ne ho fɛw. Nanso saa bere yi deɛ, na Yosef asi n’adwene pi sɛ obesie Yesu osie pa na wayi n’anim sɛ ɔyɛ Kristo suani, na nea ɛbɛba biara mmra.

YOSEF HO ASƐM ASI

Yesu amu a Yosef a ofi Arimatea siei a ɛho asɛm wɔ Nsɛmpa no mu akyi no, Bible nka ne ho asɛm bio. Wei ma yebisa sɛ: Dɛn na ɛtoo no? Ɛno deɛ, yennim. Nanso yɛhwɛ nea yɛasusuw ho yi a, yebetumi aka paa sɛ ɛno akyi no, oyii n’anim sɛ ɔyɛ Kristoni. Bere a na emu yɛ den paa no, saa bere no mmom na na ne gyidi reyɛ den na ɔrenya akokoduru kɛse nso. Ná wei yɛ asɛm pa.

Wei ma asɛm bi sɔre a ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa susuw ho: Biribi wɔ hɔ a ɛho hia yɛn paa sen ayɔnkofa a yɛne Yehowa wɔ anaa? Ɛyɛ dibea, adwuma, ahonyade, ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn abusuafo, anaa ahofadi.

^ nky. 18 Ɛbɛyɛ sɛ Arimatea, ɛno ara ne Rama; ɛnnɛ wɔfrɛ no Rentis (Rantis). Ɛhɔ na na odiyifo Samuel fi. Ɛwɔ Yerusalem atifi fam atɔe, na efi hɔ rekɔ Yerusalem yɛ akwansin 22 (kilomita 35).—1 Sam. 1:19, 20.