Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔtan Nti Nnipa Pii Rehu Amane

Ɔtan Nti Nnipa Pii Rehu Amane

Ɔtan te sɛ nsanyare; baabi a wobɛfa biara, ɛwɔ hɔ.

Ɛnnɛ wutie kaseɛbɔ a, nneɛma a nkurɔfo yɛ a ɛkyerɛ sɛ wɔtan afoforo nko ara. Nkurɔfo to nsɛm a ɛyɛ asefem mane afoforo wɔ intanɛt so, na ɔtan nti, ebi di afoforo bɔne. Ɛno da nkyɛn a, baabi a wobɛfa biara nnipa mu nyiyim, nhwehwɛanim, atɛnnidi, nsisi, basabasayɛ, awurukasɛm, ne fɛwdi nko ara. Ɔtan nti, nnipa mfa nnipa nyɛ hwee.

Nhoma yi bɛboa wo ama woahu sɛnea wubetumi adi ɔtan so nkonim. Ebia obi bebisa sɛ, ‘Wei betumi ayɛ yiye?’ Aane, ebetumi ayɛ yiye paa. Ɛnnɛ mpo, nnipa pii wɔ wiase a wɔatumi adi ɔtan so nkonim.