Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nkoa a na wɔtɔn wɔn fi Afrika kɔ Amerika no, na ɛyɛ adwuma a sika wom paa

Nkoa a Wonya Fahodi—Tete no ne Ɛnnɛ

Nkoa a Wonya Fahodi—Tete no ne Ɛnnɛ

Wɔde ababaa bi a yɛfrɛ no Blessing * kɔɔ Europe. Wɔhyɛɛ no bɔ sɛ ɔrekɔ akɔyɛ nkurɔfo ti. Ɔkɔe no, wɔhyɛɛ no sɛ onsi tuutuu, nanso na ɔmpɛ sɛ ɔyɛ. Enti na wohunahuna n’abusuafo wɔ ne kurom. Afei, na wɔhwe no daa. Nna du akyi no, ɔde ahometew penee so yɛɛ tuutuu adwuma no.

Tete Egyptfo a wɔakyere nkurɔfo de wɔn ayɛ nkoa ho mfonini

Ɔbaa bi na ɔde Blessing kɔɔ aburokyiri. Ɔka kyerɛɛ no sɛ, wabɔ ne ho ka euro 40,000, enti obetua. Wei nti, na ɛsɛ sɛ anadwo biara Blessing yɛ adwuma nya bɛyɛ euro 200 kosi 300, na watumi atua ka no. * Ɔkyerɛɛ mu sɛ: “Ɛyɛ a na mepɛ sɛ miguan, nanso midwen nea yɛde bɛyɛ m’abusuafo ho a, na me yam hyehye me. Ná maka adwaa mu.” Nnipa bɛyɛ ɔpepem nnan na wɔwɔ wiase a wosi tuutuu de pɛ sika. Wɔn mu dodow no ara asɛm te sɛ Blessing, enti wontumi nnyae.

Bɛyɛ mfe 4,000 a atwam ni no, aberantewaa bi a ne din de Yosef nuanom tɔn no. Ɔkɔyɛɛ akoa wɔ onipa titiriw bi fie wɔ Egypt. Yosef deɛ, mfitiase no yɛanteetee no sɛ Blessing. Nanso bere a ne wura yere yɛɛ sɛ ɔne no nna nso wampene no, otwaa asɛm too Yosef so sɛ anka ɔreto no mmonnaa. Wɔde no kɔtoo afiase de nkɔnsɔnkɔnsɔn guu no.—Genesis 39:1-20; Dwom 105:17, 18.

Ná Yosef yɛ akoa wɔ tete mmere mu. Blessing deɛ, yɛn bere yi ara so na wɔde no yɛɛ akoa. Nanso wɔn mmienu nyinaa, wɔtɔn wɔn te sɛ nneɛma. Wei kyerɛ sɛ wɔhyɛɛ ase tɔn nnipa de wɔn yɛɛ nkoa nyɛ nnɛ. Wɔn a wɔtɔn nnipa no, nea ehia wɔn ara ne wɔn sika.

ƆKO SI A, NKOA NYƐ NA

Akokoakoko paa na na ɛma aman pii nya nkoa bebree. Abakɔsɛm kyerɛ sɛ, bere a Egypt Hene Thutmose III ne Kanaanfo kodii ako baako pɛ no, ɔkyeree nnipa 90,000 de wɔn kɔɔ nnommum mu. Egyptfo no de wɔn yɛɛ nkoa maa wotuu fam agude, wosisii asɔredan, na wotwaa nsuka nso.

Roma Ahemman no nso, na akokoakoko ma wonya nkoa pii. Enti na wɔne aman ahorow hyɛ da kɔko pɛ nkoa. Akontaabu kyerɛ sɛ asomafo no bere so no, na nnipa a wɔwɔ Roma no, bɛyɛ fã yɛ nkoa. Ná Romafo ne Egyptfo de wɔn nkoa yɛ adwuma ma ɛboro so. Enti wokɔ Roma sei a, na nkoa a wotu fam agude no nnyin nkyɛ. Wɔadi ara yɛ mfe 30 na wɔawu.

Mmere rekɔ so no, nkoasom mu bɛyɛɛ den. Efi afe 1501 kosi 1900 no, sɛ yɛreka adwuma a na sika wom paa wɔ asase so a, na emu baako ne nkoa a wɔtɔn wɔn fi Afrika kɔ Amerika. Adwumakuw bi bɔ amanneɛ sɛ: ‘Sɛ wobu akontaa a, mmarima, mmaa, ne mmofra bɛyɛ ɔpepem 25 kosi ɔpepem 30 na wɔkyeree wɔn tɔn wɔn.’ (UNESCO) Bere wɔnam po so de wɔn rekɔ amannɔne no, nkoa a wowuwui nyɛ asɛm ketewa. Ná ɔbaa bi a yɛfrɛ no Olaudah Equiano nso ka nkoa no ho. Nea ɔkae ni: “Sɛnea na mmaa reteɛteɛm na wɔn a wɔrewuwu repenepene no, na ani yɛ nyan; wohwɛ a ɛnhwɛ.”

Awerɛhosɛm ne sɛ, ɛnyɛ tete mmere mu nko ara na na nkoasom haw adwene. Adwumakuw bi a yɛfrɛ no International Labour Organization kyerɛ sɛ, ɛnnɛ mpo wɔda so ara de mmarima, mmaa, ne mmofra bɛyɛ ɔpepem 21 yɛ adwuma sɛ nkoa; nkurɔfo hyɛ wɔn ma wɔyɛ adwumaden nanso wontua wɔn ka yiye anaasɛ wontua wɔn ka mpo. Ɛnnɛ nkoa no bi tu fam agude, wɔyɛ ntama, wotwa birikisi, wɔyɛ adwuma wɔ ahɔhodan ne nkurɔfo fie mu. Ɛwom sɛ etia mmara deɛ, nanso ɛte sɛ nea saa nkoasom yi reyɛ kɛse.

Nnipa ɔpepem pii da so ara yɛ nkoadwuma

NKOA A WONYA FAHODI

Atirimɔdensɛm a wɔde di nkoa nti, ama nkoa no pii ako apɛ fahodi. Ná Spartacus yɛ ɔbarima bi a ɔne mmoa ko ma nkurɔfo tua sika kɔhwɛ. Bɛyɛ mfe ɔha ansa na wɔrewo Yesu no, Spartacus ne nkoa bɛyɛ 100,000 ko tiaa Roma aban no, nanso wodii nkogu. Ná wɔde nkoa a wɔwɔ Caribbean supɔw so wɔ Hispaniola no yɛ adwuma wɔ ahwerefuw mu, na na wodi wɔn ani paa. Enti afe 1700 kosi 1800 mu hɔ baabi no, nkoa no sɔre tiaa wɔn wuranom, na wɔne wɔn wuranom koe bɛyɛ mfe 13. Afe 1804 mu no, wonyaa fahodi.

Ɛyɛ nokware sɛ nkurɔfo pii afi nkoasom mu, nanso Israelfo deɛ no da mu fua. Nnipa bɛyɛ ɔpepem mmiɛnsa na wɔdee wɔn ho fii Egypt nkoasom mu. Ɔman mũ na etwaa kwan fii Egypt. Ná ɛfata paa sɛ wonya fahodi. Nea Egyptfo de yɛɛ Israelfo no, Bible kaa ho asɛm sɛ, “nkoadwuma biara a wɔpɛ sɛ wɔyɛ no, wɔhyɛɛ wɔn atirimɔden so ma wɔyɛe.” (Exodus 1:11-14) Egyptfo hene bi mpo deɛ, ɔkaa sɛ wonkunkum Israelfo mmofra sɛnea ɛbɛyɛ a Israelfo no renyɛ pii.—Exodus 1:8-22.

Sɛnea Israelfo dee wɔn ho fii Egyptfo ayayade ho no da nsow paa, efisɛ Onyankopɔn ankasa na ɔde ne ho gyee mu. Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Minim wɔn brɛ nyinaa. Mɛkɔ akogye wɔn.” (Exodus 3:7, 8) Ɛnnɛ nyinaa, Yudafo a wɔwɔ baabiara di Twam afahyɛ no afe biara de kae sɛnea Onyankopɔn gyee wɔn no.—Exodus 12:14.

NKOASOM BEFI HƆ KORAKORA

Bible ka sɛ, “Yehowa yɛn Nyankopɔn nyɛ bɔne,” anaa okyi nsisi. Ɛsan ma yɛn awerɛhyem sɛ Yehowa nsakrae. (2 Beresosɛm 19:7; Malaki 3:6) Onyankopɔn somaa Yesu sɛ ‘ɔmmɛka ogye ho asɛm nkyerɛ nnommum na ɔmma wɔn a wɔabubu nne wɔn ho.’ (Luka 4:18) Wei kyerɛ sɛ obiara a ɔyɛ akoa wɔ asase yi so bɛde ne ho anaa? Ɛnte saa ankasa. Wɔsomaa Yesu sɛ ommegye nnipa mfi bɔne ne owu mu. Akyiri yi Yesu kaa sɛ, “Nokware no bɛma moade mo ho.” (Yohane 8:32) Ɛnnɛ mpo, nokware a Yesu bɛkyerɛkyerɛe no da so ara regye nkurɔfo wɔ akwan ahorow pii so.—Hwɛ adaka “ Wade Ne Ho Afi Nkoasom Foforo Bi Mu.”

Nokwasɛm ne sɛ, ɛsono sɛnea Onyankopɔn gyee Yosef, ɛnna ɛsono sɛnea ogyee Blessing nso fii nkoasom mu. Sɛ wubue Bible no kɔ Genesis ti 39 kosi 41 a, wubehu Yosef asɛm a ɛda nsow yi wɔ hɔ. Yɛnhwɛ sɛnea Blessing nyaa fahodi, ɛno nso yɛ nwonwa paa.

Bere a wɔpamoo Blessing fii ɔman a na ɔwɔ so no, ɔkɔɔ Spain. Ɛhɔ na ohyiaa Yehowa Adansefo, na wɔne no suaa Bible. Ɔyɛɛ sɛ obegyae brabɔne no, enti ɔpɛɛ adwuma papa bi yɛe. Afei ɔka kyerɛɛ ɔbaa a ɔde no kɔɔ aburokyiri no sɛ, sika a otua no bosome biara no, ɔntew so mma no. Da koro bi, ɔbaa no frɛɛ Blessing wɔ fon so. Ná ɔpɛ sɛ ɔde ɛka no kyɛ Blessing na ɔsrɛ ne hɔ bɔne fafiri. Ɛbaa no sɛn? Sɛɛ na ɔno nso ne Yehowa Adansefo resua Bible! Blessing kaa sɛ, “Nokware no betumi ama woade wo ho ama ayɛ nwonwa.”

Bere a wɔteetee Israelfo wɔ Egypt no, ɛyɛɛ Yehowa Nyankopɔn yaw. Ɛnnɛ nso, saa ara na nsisi a ɛrekɔ so no yɛ ne yaw. Ɛwom, sɛ wobetumi atu nkoasom nyinaa ase a, gye sɛ nneɛma sesa koraa wɔ nnipa abrabɔ mu. Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ɔde saa nsakrae no bɛba. “Sɛnea ne bɔhyɛ te no, yɛretwɛn ɔsoro foforo ne asase foforo, na eyi mu na trenee bɛtena.”—2 Petro 3:13.

^ nky. 2 Wɔasesa din no.

^ nky. 3 Saa bere no, na ɛkame ayɛ sɛ euro ne U.S. dɔla no nyinaa bo yɛ pɛ. (Ɛkyerɛ sɛ na ɛka no nyinaa bɛyɛ sɛ Ghana Cedi 34,000.)