Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Masoretfo tɔɔ wɔn bo ase hwɛɛ Bible no so kyerɛw bi

ASƐM A ƐDA SO | BIBLE—NHOMA A BIRIBIARA ANTUMI ANSƐE NO

Wɔantumi Ansesa Bible no Mu Nsɛm No

Wɔantumi Ansesa Bible no Mu Nsɛm No

ƆHAW NO: Bible no ansuw, na atamfo nso antumi ansɛe no. Nanso, ebinom a wɔkyerɛɛ Bible no ase ne wɔn a wɔhwɛɛ so kyerɛw bi no bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛsesa emu nsɛm. Sɛ anka wɔbɛma wɔn nkyerɛkyerɛ ne Bible no ahyia no, ɛtɔ mmere bi a na wɔpɛ sɛ wɔsesa Bible no mu nsɛm na ama ɛne wɔn nkyerɛkyerɛ ahyia. Wo de ma yɛnhwɛ nea wɔyɛe no bi:

  • Baabi a wɔsom: Afeha a ɛto so mmienu ne nnan A.Y.B mu hɔ no, wɔn a wɔkyerɛw Samariafo Pentateuch no de asɛm bi toaa Exodus 20:17 so. Asɛm no ne “wɔ Aargaareezem. Ɛhɔ na mubesi afɔremuka.” Enti na Samariafo no pɛ sɛ wɔma Kyerɛwnsɛm no foa asɔrefie a wobesi wɔ “Aargaareezem,” anaa Bepɔw Gerisim no so.

  • Baasakoro nkyerɛkyerɛ: Wɔkyerɛw Bible no wiei no, anni mfe 300 na obi a ɔkyerɛw Baasakoro ho nsɛm de nsɛm bi kaa 1 Yohane 5:7 ho. Nea ɔde kaa ho no ka sɛ, “na baasa na edi adanse ɔsoro: Agya no, Asɛm no, ne Honhom Kronkron no, na baasa yi yɛ baako.” Ná saa asɛm yi nni nea Bible akyerɛwfo ankasa kyerɛwee no mu. Bible ho nimdefo Bruce Metzger ka sɛ, “efi afeha a ɛto so nsia reba no, wohui sɛ na saa nsɛm no taa pue wɔ nsaano nkyerɛwee a ɛwɔ Tete Latin kasa ne [Latin] Vulgate mu.”

  • Onyankopɔn din: Bible nkyerɛasefo pii gyinaa Yudafo atetesɛm bi so sii gyinae sɛ wobeyi Onyankopɔn din afi Kyerɛwnsɛm no mu. Wɔde abodin te sɛ “Onyankopɔn [Onyame]” anaa “Awurade” sii din no ananmu. Bible mu no, wɔde saa abodin yi frɛ Ɔbɔadeɛ, nnipa, nneɛma a wɔsom, ne Ɔbonsam mpo.—Yohane 10:34, 35; 1 Korintofo 8:5, 6; 2 Korintofo 4:4. *

NEA ENTI A BIBLE NO ANSƐE: Nea edi kan, ɛwom sɛ wɔn a wɔhwɛɛ Bible no so kyerɛw bi no mu binom anyɛ ahwɛyiye anaa wokyinkyim nsɛm no kakra de, nanso na wɔn mu dodow no ara nim adwuma no ani so yiye, na wɔyɛɛ ahwɛyiye paa. Bɛyɛ mfe 501 kosi 1,000 wɔ Yesu wu akyi no, akyerɛwfo kuw bi a wɔfrɛ wɔn Masoretfo hwɛɛ Hebri Kyerɛwnsɛm (Apam Dedaw) a na ɛwɔ hɔ no so kyerɛw bi. Nea wɔkyerɛwee no, wɔfrɛ no Masoretfo nkyerɛwee. Nea ɛbɛyɛ na wɔanni mfomso no, abakɔsɛm kyerɛ sɛ, na wɔkan nsɛmfua ne nkyerɛwde dodow a ɛwɔ nea wɔakyerɛw no mu de toto nea wɔhwɛɛ so kyerɛwee no ho. Sɛ wɔn adwenem yɛ wɔn nãã wɔ nea wɔrehwɛ so akyerɛw bi no ho a, na wɔhyɛ no nsow wɔ wɔn nkrataa no nkyɛn baabi. Ná Masoretfo awe ahinam so sɛ wɔrensesa Bible no mu asɛm biara. Ɔbenfo Moshe Goshen-Gottstein kyerɛwee sɛ, “na wobu Bible mu nsɛm a wɔbɛhyɛ da asesa no no sɛ, bɔne a ɛsõ paa a wɔbɛyɛ.”

Nea a ɛto so mmienu, nsaano nkyerɛwee pii a ɛwɔ hɔ nnɛ no boa Bible ho animdefo ma wotumi hu mmeae a mfomso wɔ. Ɛho nhwɛso ni. Nyamesom akannifo kyerɛkyerɛe mfe pii sɛ, wɔn Bible a ɛwɔ Latin mu no de, edi mũ. Ɛno nti, wɔde atosɛm a yɛaka dedaw a ɛwɔ 1 Yohane 5:7 no kaa ho. King James Version a ɛwɔ Borɔfo mu a agye din mpo no, saa mfomso yi puei wom! Nanso bere a wohuu nsaano nkyerɛwee afoforo no, dɛn na ɛdaa adi? Bruce Metzger kyerɛwee sɛ: “Asɛm [a ɛwɔ 1 Yohane 5:7] no nni tete (Syriac, Coptic, Armenian, Ethiopic, Arabic, Slavonic) nsaano nkyerɛwee no nyinaa mu, gye sɛ Latin deɛ no nko ara.” Wei nti, King James Version a wɔayɛ no foforo ne Bible nkyerɛase afoforo mu no, wɔayi saa asɛm no afi mu.

Chester Beatty P46, Bible mmɛw krataa a wɔkyerɛw no bɛyɛ afe 200 Y.B.

Enti tete nsaano nkyerɛwee no foa so sɛ Bible mu nsɛm no nsesae anaa? Wohuu Po a Awu Ho Nhoma Mmobɔwee no afe 1947 mu. Saa nhoma mmobɔwee no akyɛ sen Hebri Masoret nkyerɛwee no bɛboro mfe apem. Enti afei na kwan abue sɛ animdefo de Masoret nkyerɛwee no bɛtoto Bible mu nsɛm a ɛwɔ nhoma mmobɔwee no mu ho. Wɔn a wɔhwɛ siesiee Po a Awu Ho Nhoma Mmobɔwee no mu baako kae sɛ, nhoma mmobɔwee baako mu nsɛm “ma yenya adanse a edi mũ a ɛkyerɛ sɛ, Yuda akyerɛwfo a wɔhwɛɛ Bible no so kyerɛw bi bɛboro mfe apem ni no yɛɛ ahwɛyiye paa, na wodii nokware wɔ nea wɔkyerɛwee no mu.”

Chester Beatty yɛ Nhomakorabea a ɛwɔ Dublin, Ireland. Ɛhɔ no, ɛkame ayɛ sɛ wubehu Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm (Apam Foforo) no mu nhoma nyinaa a wɔde mmɛw krataa na ɛkyerɛwee. Nea wubehu nso ne nsaano nkyerɛwee pii a wɔkyerɛw no asomafo no wu akyi bɛyɛ mfe 100 wɔ Bible no kyerɛw akyi. Bible asekyerɛ nhoma bi ka sɛ: “Mmɛw nkrataa no ma yenya nsɛm afoforo pii wɔ nsaano nkyerɛwee no ho, ɛsan nso ma yehu sɛ Bible a ɛwɔ hɔ nnɛ no mu nsɛm yɛ pɛpɛɛpɛ.”—The Anchor Bible Dictionary.

“Yebetumi de ahotoso aka sɛ, tete nhoma foforo biara nni hɔ a, wɔahwɛ so akyerɛw no pɛpɛɛpɛ saa da”

NEA AFI MU ABA: Tete nsaano nkyerɛwee pii a ɛwɔ hɔ nnɛ no ama Bible mu nsɛm no adi mũ mmom. Sir Frederic Kenyon kyerɛw Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no ho asɛm sɛ: “Nhoma a akyɛ biara nni hɔ a tete nneɛma pii di ho adanse saa da. Na onimdefo nokwafo biara nni hɔ a obegye kyim aka sɛ mfomso wɔ Bible a ɛwɔ hɔ nnɛ no mu.” Onimdefo William Henry Green nso kaa Hebri Kyerɛwnsɛm (Apam Dedaw) no ho asɛm sɛ: “Yebetumi de ahotoso aka sɛ, tete nhoma foforo biara nni hɔ a, wɔahwɛ so akyerɛw no pɛpɛɛpɛ saa da.”

^ nky. 6 Sɛ wopɛ ɛho nsɛm pii a, hwɛ nhomawa a wɔato din Fa Sua Onyankopɔn Asɛm, kratafa 1-13. Ɛwɔ NHOMA > NHOMAWA afã wɔ www.mr1310.com/tw.