Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE TUMI SESA NNIPA

Ná Nsɛm Haw Me, na na Midi Atuturasɛm

Ná Nsɛm Haw Me, na na Midi Atuturasɛm
  • AFE A WƆWOO NO: 1974

  • ƆMAN A OFI MU: MEXICO

  • KAN NO: NÁ ODI ATUTURASƐM, NÁ ƆPƐ NTƆKWAW

ƆBRA A NA MEWOM:

Wɔwoo me wɔ Ciudad Mante. Ɛyɛ kurow a ɛyɛ fɛ wɔ Tamaulipas mantam mu wɔ Mexico. Kurow mu hɔfo pɛ ahɔhoyɛ na wɔn yam ye. Nanso awerɛhosɛm ne sɛ, nsɛmmɔnedifo nti, na ɛhɔ yɛ hu paa.

M’awofo woo yɛn mmarima nnan, me na metɔ so mmienu. Wɔbɔɔ me asu wɔ Katolek Asɔre mu, na akyiri yi wɔde me kaa Asɔre no nnwontofo kuw ho. Na mepɛ sɛ mesɔ Onyankopɔn ani, efisɛ na misuro paa sɛ mɛkɔ Ɔbonsam gya mu.

Midii mfe nnum no, me papa guan gyaw yɛn. Wei maa me werɛ how paa, na da biara na mete nka sɛ biribi ayera wɔ m’abrabɔ mu. Midwen ho ara nso mante ase, efisɛ na yɛdɔ yɛn papa paa. Ɛno maa yɛn abusua no ho adesoa nyinaa bɛtɔɔ me maame so, enti na ɔde bere pii yɛ adwuma.

Esiane sɛ na me maame nni yɛn ho adagyew pii nti, mefaa no sɛ mede asase anya ɔwam. Enti na metaa toto sukuu mu, na na me ne mmofra a wɔanyin sen me na ɛbɔ. Wɔkyerɛɛ me sigaretnom, na wɔkyerɛɛ me kasafĩ, sɛnea yewia ade ne sɛnea yɛbɔ atwɛre. Esiane sɛ na mepoopoo nkurɔfo nti, misuaa akuturukubɔ, atentam, karate, ne sɛnea mede sekan ne tuo bɛko. Mebɛyɛɛ obi a odi atuturasɛm. Ná metaa ne nkurɔfo de si ani toto atuo, na mpɛn pii no, wubehu no na meda abɔnten a mogya repram me. Wuhu me a, wobɛka sɛ mawu. Ɛba saa a, na me maame teetee paa. Ohu me saa a, na wafa me de mekɔ ayaresabea!

Midii mfe 16 no, Jorge a na ɔyɛ m’adamfo fi me mmofraberem no baa yɛn fie. Ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ, ɔyɛ Yehowa Dansefo na ɔwɔ asɛnhia bi ma yɛn. Ɔde Bible no kyerɛkyerɛɛ ne gyidi mu. Ná menkenkan Bible no da, na m’ani gyee paa sɛ mihuu Onyankopɔn din ne nneɛma a wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no bi. Jorge kaa sɛ ɔpɛ sɛ ɔne yɛn sua Bible, na yɛn nso yegye toom.

SƐNEA BIBLE NO SESAA M’ASETENA:

Bere a mibehuu sɛ Ɔbonsam gya nkyerɛkyerɛ no nnyina Bible so no, m’ani gyee paa. (Dwom 146:4; Ɔsɛnkafo 9:5) Afei deɛ sɛ obi bɔ Onyankopɔn din a, na ehu nka me bio. Mmom mibehui sɛ ɔyɛ Agya a ɔdɔ ne mma na ɔpɛ sɛ esi wɔn yiye.

Bere a merenya nkɔso wɔ Bible adesua mu no, mibehui sɛ, ɛsɛ sɛ meyɛ nsakrae wɔ m’abrabɔ mu. Ná ɛsɛ sɛ mebrɛ me ho ase, na migyae atuturasɛm. Afotu a ɛwɔ 1 Korintofo 15:33 no boaa me paa. Ɛka sɛ: “Fekubɔne sɛe ɔbra pa.” Mihui sɛ, sɛ metumi asesa me suban a, na ɛnsɛ sɛ me ne nnipa a wɔn bra asɛe bɔ. Enti migyaee nnamfo a na mene wɔn bɔ kan no, na mefaa nnamfo foforo wɔ nokware Kristofo asafo no mu. Wɔn deɛ, sɛ akasakasa bi ba wɔn ntam a, wɔmfa akuturuku anaa atuturasɛm na esiesie, mmom wɔde Bible mu afotusɛm na esiesie wɔn ntam nsɛmnsɛm.

Bible mu asɛm foforo a ɛboaa me paa ne Romafo 12:17-19. Ɛhɔ ka sɛ: “Mommfa bɔne nntua obiara bɔne so ka. . . . Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, mo fam de, mo ne nnipa nyinaa ntena asomdwoe mu. Adɔfo, munnni mo ho were, . . .  efisɛ wɔakyerɛw sɛ: ‘Aweredi wɔ me; me ara metua ka, Yehowa na ose.’” Mibehui sɛ, Yehowa beyi asisisɛm nyinaa afi hɔ. Nkakrankakra, atuturasɛm a na ɛwɔ m’ani so no tu yerae.

Anwummere bi a na mifi abɔnten reba fie no, biribi sii a me werɛ remfi da. Mmerante bi a kan no na me ne wɔn ani nhyia koraa hyiaa me. Wɔtow hyɛɛ me so, na nea odi wɔn anim no de akuturuku hyɛɛ m’akyi, na ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Sɛ woyɛ barima a, tow me bi!” Ɛhɔ ara na mebɔɔ Yehowa mpae tiawa sɛ ɔmmoa me ma mintumi nnyina ano. Ɛwom, na anka mepɛ sɛ me ne wɔn de si ani, nanso miguan fii wɔn nsam. Ade kyee no, mihyiaa nea na odi nsɛmmɔnedifo no anim no. Biribi bɛhyɛɛ me bo ma anka mereyɛ ahwe no atew me ka, nanso mebɔɔ mpae wɔ me tirim sɛ Yehowa mmoa me ma menhyɛ me ho so. Ɛyɛɛ me nwonwa paa sɛ ɔbaa me nkyɛn bɛkaa sɛ: “Nea esii no, fa kyɛ me. Nokwasɛm ne sɛ mepɛ sɛ meyɛ sɛ wo na misua Bible.” M’ani gyee paa sɛ mitumi dii m’abufuw so! Efi saa bere no, yefii ase suaa Bible.

Awerɛhosɛm ne sɛ, saa bere no, m’abusuafo gyaee Bible no sua. Nanso, me deɛ, na masi me bo sɛ, meremma biribiara ntwetwe m’adwene na mmom mɛkɔ so asua Bible no. Mibehui sɛ, sɛ me ne Onyankopɔn nkurɔfo bɔ a, m’ani begye, na manya abusua. Mekɔɔ so nyaa nkɔso na afe 1991 mu no, mebɔɔ asu bɛyɛɛ Yehowa Dansefo.

SƐNEA ABOA ME:

Ná nsɛm haw me, mehyɛ nnipa so, na na midi atuturasɛm. Nanso Onyankopɔn Asɛm asesa me koraa. Seesei, asomdwoe nsɛm a ɛwɔ Bible mu no, meka bi kyerɛ obiara a ɔpɛ sɛ otie. Mede me bere pii ka asɛmpa no kyerɛ nkurɔfo, na mayɛ saa mfe 23 ni.

Mede bere kakra tuu me ho mae yɛɛ adwuma wɔ Yehowa Adansefo adwumayɛbea a ɛwɔ Mexico. Ɛhɔ na mihyiaa Claudia. Ɔyɛ Kristoni baa a ɔbɔ ne ho mmɔden paa. Afe 1999 mu no, yɛwaree. Meda Yehowa ase paa sɛ wama me ɔbaa nokwafo saa!

Yɛkɔɔ Mexico asafo bi a wɔka mum kasa mu. Ná yɛboa nnipa a wɔyɛ mum ma wosua Yehowa ho ade. Akyiri yi, wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ yentu nkɔ Belize, na yɛnkɔka Bible mu asɛm nkyerɛ ɛhɔfo no. Ɛwom sɛ yɛn asetena nkyere so biara wɔ ha deɛ, nanso yɛwɔ anigye efisɛ biribiara nhia yɛn. Yɛremfa biribi foforo biara nsesa nea yɛanya yi.

Akyiri yi, me maame san fii ase suaa Bible no bio, na ɔbɔɔ asu. Afei nso, me nua panyin, ne yere, ne ne mma nyinaa abɛyɛ Yehowa Adansefo. Saa ara na me nnamfo binom a mekaa Ahenni no ho asɛm kyerɛɛ wɔn no nso resom Yehowa.

Awerɛhosɛm ne sɛ, atuturasɛm nti, m’abusuafo binom awuwu. Sɛ anka mansesa a, ebia anka me nso mawu. Meda Yehowa ase paa sɛ watwe me abɛn ɔne n’asomfo. Yehowa asomfo anya me ho abotare na wofi ayamye mu aboa me ma mitumi de Bible mu afotusɛm bɔ me bra.