Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yesu—Na Ɔte Sɛn Paa?

Yesu—Na Ɔte Sɛn Paa?

Obiara nni hɔ a ɔwɔ Yesu mfonini ankasa. Wannyina hɔ sɛ obi ntwa no mfonini anaa ɔnyɛ ne ho adwini da. Nanso mfe bebree ni, mfoniniyɛfo pii ayɛ ne ho mfonini.

Nokwasɛm ne sɛ, mfoniniyɛfo no biara nni hɔ a onim sɛnea na Yesu te ankasa. Mpɛn pii no, amammerɛ, ɔsom mu gyidi, ne mfonini no wuranom na ɛkyerɛ sɛnea Yesu mfonini no bɛyɛ. Nanso, wɔn mfonini no betumi ama nkurɔfo anya adwene bi wɔ Yesu ne ne nkyerɛkyerɛ ho.

Mfonini ahorow no bi wɔ hɔ a, wɔma Yesu yɛ sɛ obi a ɔyɛ mmerɛw, ne ti nhwi yɛ tenten, wagyaw abɔgyesɛ kakraa bi, na wayɛ mmɔbɔmmɔbɔ. Ebinom nso de, wɔyɛ Yesu ho mfonini te sɛ ɔbɔfo bi a wɔde hann atwa ne ti ho kanko, anaa obi a ɔtew ne ho fi nnipa mu. Sɛnea wɔyɛ Yesu ho mfonini no, saa na ɔte ampa? Yɛbɛyɛ dɛn ahu nokwasɛm a ɛwom? Ade baako a ɛbɛboa ne sɛ, yɛbɛhwɛ Bible mu nsɛm bi a ebetumi ama yɛahu sɛnea na ebia Yesu te. Ɛno nso betumi aboa yɛn ama yɛanya ne ho adwene a ɛfata.

“WUSIESIEE NIPADUA MAA ME”

Ebetumi aba sɛ Yesu kaa saa nsɛm no wɔ mpaebɔ mu bere a ɔbɔɔ asu no. (Hebrifo 10:5; Mateo 3:13-17) Ná saa nipadua no te sɛn? Bɛyɛ mfe 30 ansa na Yesu reka saa asɛm no, ɔbɔfo Gabriel ka kyerɛɛ Maria sɛ: “Wobɛfa yafunu na woawo ɔbabarima, . . . Onyankopɔn Ba.” (Luka 1:31, 35) Enti na Yesu yɛ onipa a ɔyɛ pɛ te sɛ nea na Adam te bere a wɔbɔɔ no no. (Luka 3:38; 1 Korintofo 15:45) Ɛbɛyɛ sɛ na Yesu yɛ ɔbarima a odi mu, na ebetumi aba sɛ ɔkwan bi so no, na ɔsɛ ne maame Maria a ɔyɛ Yudani no.

Ná Yesu wɔ abɔgyesɛ sɛnea na Yudafo amammerɛ te no; ɛno ma wɔdaa nsow wɔ Romafo no ho. Sɛ obi wɔ abɔgyesɛ a, na ɛma onya obu ne nidi; na wonnyaw no tenten basabasa. Akyinnye biara nni ho sɛ, Yesu nyaa bere siesiee n’abɔgyesɛ, na ɔma wotwitwaa ne ti nhwi so kama. Nnipa a na wɔayi wɔn asi hɔ sɛ Nasirifo nko ara na na wontwitwa wɔn ti nhwi. Wɔn mu bi ne Samson.​—Numeri 6:5; Atemmufo 13:5.

Yesu de ne mfe 30 no mu dodow no ara yɛɛ duadwumfo adwuma. Mfiri a nnɛ yɛwɔ no, na onni bi. (Marko 6:3) Enti ebetumi aba sɛ, na ɔyɛ ɔbarima a osi pi si ta. Bere a ofii ne som adwuma ase no, ɔno nko ara ‘pam wɔn a wɔde nguan ne anantwi aba asɔrefie hɔ no nyinaa, na ohwiee sikasesafo no sika gui na ɔkaa wɔn apon butubutuwii.’ (Yohane 2:14-17) Obi a ɔwɔ ahoɔden ne tumi na obetumi ayɛ biribi a ɛte saa. Nipadua a Onyankopɔn siesie maa Yesu no, ɛno na ɔde yɛɛ adwuma a Onyankopɔn de hyɛɛ ne nsa no. Yesu kaa sɛ: “Ɛsɛ sɛ mekɔ nkurow foforo mu nso kɔka Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa no, efisɛ eyi nti na wɔsomaa me.” (Luka 4:43) Ná egye ahoɔden soronko na obi atumi anantew afa Palestina kurow no nyinaa mu aka asɛmpa.

“MOMMRA ME NKYƐN, . . . MƐMA MO HO ADWO MO”

Ebetumi aba sɛ sɛnea na Yesu anim yɛ sereserew na ɔpɛ nnipa nti, ɛmaa nnipa a ‘wɔabrɛ na wɔde nnesoa asoa’ wɔn no tumi bɛn no. (Mateo 11:28-30) Yesu hyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛma wɔn a wɔpɛ sɛ wotie n’asɛm no ho adwo wɔn. Wohwɛ sɛnea na Yesu pɛ nnipa na ɔwɔ ayamye no a, ɛfoaa so sɛ obedi ne bɔhyɛ so. Ná mmofra mpo pɛ sɛ wɔba Yesu nkyɛn, efisɛ Bible ka sɛ: “Ɔbam mmofra no.”​—Marko 10:13-16.

Ɛwom sɛ Yesu faa ɔyaw mu ansa na ɔrewu de, nanso na ɔnyɛ nipa mmɔbɔmmɔbɔ bi. Ɛho nhwɛso ne sɛ, bere a ɔkɔɔ ayeforohyia bi ase wɔ Kana no, ɔyɛɛ biribi de boae; ɔdanee nsu yɛɛ no nsã. (Yohane 2:1-11) Apontow afoforo ase nso, ɔkyerɛɛ nnipa no asuade bi a wɔn werɛ remfi da.​—Mateo 9:9-13; Yohane 12:1-8.

Nea ɛsen ne nyinaa no, Yesu kyerɛkyerɛɛ wɔ ɔkwan bi so a ɛmaa obiara a otiee no no nyaa daa nkwa ho anidaso a ɛyɛ anigye no. (Yohane 11:25, 26; 17:3) Bere a Yesu asuafo no mu 70 bɛkaa osuahu ahorow a wonyaa wɔ asɛnka mu no, ɔkaa sɛ: “Munni ahurusi efisɛ wɔakyerɛw mo din wɔ soro,” afei “anigye hyɛɛ no mã.”​—Luka 10:20, 21.

“MO DE, ƐNSƐ SƐ MOYƐ SAA”

Nyamesom akannifo a na wɔwɔ Yesu bere so no faa akwan bi so twee adwene baa wɔn ho so, na wodii tumi wɔ nkurɔfo so. (Numeri 15:38-40; Mateo 23:5-7) Ná Yesu nte sɛ wɔn. Ɔhyɛɛ n’asomafo no sɛ ɛnsɛ sɛ ‘wodi nkurɔfo so bakoma.’ (Luka 22:25, 26) Nokwasɛm ne sɛ, Yesu bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Monhwɛ yiye wɔ akyerɛwfo a wɔpɛ sɛ wɔhyɛ ntade atenten kyinkyin, na wɔpɛ gua so nkyia” no ho.—Marko 12:38.

Ná Yesu te sɛ onipa biara. Bere bi mpo de, bere a na ɔne nnipadɔm bi wɔ hɔ no, ebinom anhu sɛ ɛyɛ ɔno. (Yohane 7:10, 11) Sɛ na Yesu ne n’asomafo anokwafo 11 no mpo gyina hɔ a, worenhu sɛ ɔyɛ onipa soronko biara. Bere a na Yuda rebeyi Yesu ama no, na wadi kan ama nnipadɔm no “sɛnkyerɛnne bi dedaw” sɛ obefew Yesu ano na ama wɔahu no.—Marko 14:44, 45.

Ɛyɛ nokware, ɛnyɛ biribiara na yenim fa Yesu ho. Nanso yɛabehu sɛ, sɛnea nkurɔfo yɛ ne ho mfonini no, ɛnyɛ saa na ɔte. Biribi wɔ hɔ a ɛho hia sen sɛnea na ɔte ankasa. Ɛno ne adwene a yɛwɔ wɔ ne ho seesei.

“AKA BERE TIAA BI NA WIASE NHU ME BIO”

Ɛda a Yesu kaa saa asɛm no, saa da no ara na owui ma wosiee no. (Yohane 14:19) Ɔde ne nkwa mae sɛ ‘agyede de gyee nnipa bebree.’ (Mateo 20:28) Da a ɛto so mmiɛnsa no, Onyankopɔn nyanee no ma “ɔtenaa ase honhom mu,” na ‘ɔmaa no hokwan sɛ onyi ne ho adi nkyerɛ’ n’asuafo no bi. (1 Petro 3:18; Asomafo Nnwuma 10:40) Bere a Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ n’asuafo no, na ɔte sɛn? Ebetumi aba sɛ na ɔnte sɛ sɛnea na ɔte kan no. Efisɛ n’asuafo a na wɔbɛn no paa mpo anhu no ntɛm ara. Maria Magdalene adwene yɛɛ no sɛ Yesu yɛ turom hwɛfo. Asuafo mmienu a na wɔnam kwan so rekɔ Emaus nso, wosusuwii sɛ ɔyɛ ɔhɔho.​—Luka 24:13-18; Yohane 20:1, 14, 15.

Ɛnnɛ, sɛn na ɛsɛ sɛ yehu Yesu? Bere a Yesu wui bɛboro mfe 60 akyi no, Yohane a ɔyɛ ɔsomafo a ɔdɔ no yiye paa no nyaa Yesu ho anisoadehu ahorow bi. Yohane anhu sɛ wɔabɔ Yesu mmeamudua mu. Mmom no, ohuu “ahene mu Hene ne awuranom mu Awurade,” Onyankopɔn Ahenni no so Hene no. Ɛrenkyɛ Yesu bedi Onyankopɔn atamfo nyinaa so nkonim. Abɔfo bɔne oo, nnipa abɔnefo oo, obedi wɔn so nkonim na ɔde daa nhyira abrɛ adesamma.​—Adiyisɛm 19:16; 21:3, 4.