Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wiase Nsɛm

Wiase Nsɛm

Gulf of Mexico

Bere a akwanhyia bi sii beae bi a wɔde mfiri tu fango wɔ po mu wɔ April 2010 mu no, fango ne gas pii tue guu po mu bɛyɛ asram abiɛsa. Nhwehwɛmu bi a nhwehwɛmufo kuw bi yɛe no ma wohui sɛ asram abien ne fã akyi no, na wonhu emu nnuru a ɛsɛe nsu ne mframa no bio. Wɔkae sɛ mmoawammoawa bi a wɔpɛ nea wɔfrɛ no methane anonom saa nneɛma no. Nanso, abenfo bi nnye nni. Wogye di sɛ fango no mu dodow no ara akogu po ase.

Russia

Atesɛm krataa bi ka sɛ, nhwehwɛmu bi kyerɛ sɛ Russiafo a wɔadi mfe 18 kosi 35 mu ɔha mu nkyem 59 gye di sɛ, “sɛ wubedi yiye wɔ asetena mu a, ɛtɔ bere bi a ɛsɛ sɛ wubu w’ani gu mmara ne ahyɛde so.” —Rossiiskaya Gazeta.

Peru

Burodua a akyɛ paa (te sɛ nea ne mfonini wɔ atifi hɔ) no bi a wɔahu no kyerɛ sɛ anyɛ yiye koraa no bɛyɛ mfe 3,000 ni, na nnipa a wɔte Peru atifi fam no de aburow yɛ popcorn ne aburosiam.

Italy

Katolekfo sɔfo panyin a ɔwɔ Adria-Rovigo, a wɔfrɛ no Lucio Soravito De Franceschi gye di sɛ ɛsɛ sɛ “wɔkɔka nyamesom ho asɛm kyerɛ nkurɔfo” wɔ baabi a wɔte. Ɔkae nso sɛ: “Yɛn asɔremma a yɛbɛhwɛ wɔn no hwehwɛ sɛ yegyae asɔre dɔn bɔ na yɛkɔbɔ wɔn afie apon mu.”

South Africa

Abɛnkoro abɛn a emu duru yɛ kilogram biako a wɔtɔn wɔ sum ase de sa yare bo akɔ soro akodu Amerika dɔla 65,000. Wɔ South Africa nkutoo no, wɔn a wowiawia wɔn ho kokunkum abɛnkoro no kunkum 448 wɔ afe 2011 mu. Nsɛmmɔnedifo abɔ awura tete nneɛma akorae ne mmeae a wɔtɔn mmɛn no bi wɔ Europa akowia bi. Wɔkyerɛ sɛ abɛnkoro a wɔwɔ Europa mmoa nyɛmmea mpo nkwa da asiane mu.