Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 SO WƆBƆE?

Posena Bi a N’akyi “Tumi Hu Ade”

Posena Bi a N’akyi “Tumi Hu Ade”

POSENA bi a ɔwɔ po mu wɔ biribi tuatua n’akyi a ɔde bɔ ne ho ban ma ɛyɛ nwonwa. Biribi te sɛ ahwehwɛ nketenkete tuatua aboa yi akyi a ɛma otumi hu ade.

Ahwehwɛ nketenkete a etuatua n’akyi no boa ma ohu ade yiye

Susuw ho: Bere a nyansahufo yɛɛ aboa yi akyi mu nhwehwɛmu no, wohui sɛ “nneɛma nketenkete paa bi a ɛte sɛ ahwehwɛ tuatua n’akyi bebree.” (Natural History) Hann tumi fa saa ahwehwɛ nketenkete a ɛte sɛ abona yi mu kɔ ntini a ɛwowɔ abona no ase no mu. Bio nso, sɛnea ahwehwɛ nketenkete yi te no boa ma aboa yi hu ade yiye.

Sɛnea odufrafo Joanna Aizenberg kyerɛ no, posena yi akyi a etumi yɛ nneɛma abien yi ma “yetumi te nyansahu mu mmara yi ase: mpɛn pii no, abɔde a nkwa wom wɔ nkwaa ahorow a wotumi de yɛ nneɛma pii.”

Nyansahufo asua biribi afi saa posena yi hɔ ma enti wɔafa ɔkwan tiaa bi so de calcium carbonate ayeyɛ ahwehwɛ nketenkete bi a hann tumi fa mu. Wotumi de ahwehwɛ nketenkete yi yɛ nnwuma pii a ebi ne sɛ, wɔde hyɛ mfiri te sɛ telefon ne radio mu ma etumi yɛ adwuma yiye.

Wususuw ho dɛn? So posena yi akyi a ‘etumi hu ade’ no nam adannandi so na ɛbae? Anaa wɔbɔe?