Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

  MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO | AWARE

Sɛnea Wobɛyɛ Otiefo Pa

Sɛnea Wobɛyɛ Otiefo Pa

ASƐNNENNEN

Wo hokafo ka sɛ, “Wuntie me!” Woka kyerɛ wo ho sɛ, “Ná meretie no nso o.” Nanso, ɛda adi sɛ ɛnyɛ nea wo hokafo kae no na wotee. Eyi kɔfa akasakasa foforo ba.

Wubetumi asiw akasakasa yi ano. Nanso nea edi kan no, ɛsɛ sɛ wuhu nea enti a woante nsɛm pɔtẽẽ a na wo hokafo no reka no—ɛwom sɛ na ɛyɛ wo sɛ woretie no.

NEA ƐMA ƐBA SAA

Ebia na biribi retwetwe w’adwene anaa wabrɛ. Mmofra no reteɛteɛm, TV no ano yɛ den, na woredwen ɔhaw bi a wuhyiae wɔ adwumam ho. Afei wo hokafo nso fi ase ne wo kasa—ɛfa ahɔho a wɔreba abɛsra mo anwummere no ho. Wobɔ wo ti nko ka sɛ “Yoo,” nanso wotee nea ɔkae no ankasa? Ebia woante.

Wode w’adwene bu biribi. Wɔka sɛ “nsusuwii” a ɛte saa no nye koraa. Wunya adwene bi sɛ biribi foforo wɔ asɛm a wo hokafo no kae no akyi, bere a ebia wo mmom na woadwen asɛm no ho akɔ akyiri dodo. Sɛ nhwɛso, fa no sɛ wo hokafo ka sɛ: “Nnawɔtwe yi de, wokyɛe wɔ adwumam paa.” Wofaa no sɛ ɔrekasa atia wo, enti woka sɛ: “Anka menyɛ dɛn! Sɛ mantena adwumam ankyɛ a, mɛyɛ dɛn atua wo ho aka bebrebe no.” Wo hokafo nso teɛm sɛ “Menkaa sɛ woayɛ biribi o!”—nea na ɔrekyerɛ ankasa ne sɛ woabrɛ enti anka monye mo ahome nnawɔtwe no awiei.

Wopere wo ho wɔ nneɛma ho. Ɔbea bi a wɔfrɛ no Marcie * ka sɛ, “Ɛtɔ da a na mepɛ sɛ mema Mike hu nea ɛhaw me kɛkɛ, nanso ɛyɛ a na ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ me nea menyɛ wɔ ho. Ɛnyɛ ɔkwan a mɛfa so adi ho dwuma na merehwehwɛ. Nea mepɛ ara ne sɛ obehu sɛnea mete nka kɛkɛ.” Dɛn ne wɔn haw? Mike ho pere no sɛ obenya ɔhaw no ano aduru. Ne saa nti, ebia ɔbɛte asɛm a Marcie kae no bi anaasɛ ɔrente koraa.

Ɛmfa ho nea ɛde ɔhaw no bae no, wobɛyɛ dɛn atumi ayɛ otiefo pa?

 NEA WUBETUMI AYƐ

Yɛ aso na tie no yiye. Wo hokafo wɔ biribi a ɛho hia paa a ɔpɛ sɛ ɔka kyerɛ wo, nanso woayɛ krado sɛ wubetie no? Ebia wonyɛɛ krado. Ebia saa bere yi w’adwene wɔ biribi foforo so. Sɛ ɛte saa a, ɛnyɛ wo ho te sɛ nea woretie no. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, gyae nea woreyɛ no na yɛ aso tie nea wo hokafo no reka no, anaa wubetumi aka akyerɛ wo hokafo no sɛ ɔntwɛn ansa na wahwehwɛ bere a ɛfata de atie no.—Bible nnyinasosɛm: Yakobo 1:19.

Twɛn ma ɔnkasa nwie ansa na woakasa. Sɛ ɔrekasa a, yɛ aso tie no, na ntwitwa n’ano anaa nyɛ biribi a ɛkyerɛ sɛ wo ne no nyɛ adwene. Ebedu wo so, na nea wowɔ no woaka. Saa bere yi de, yɛ aso tie no.—Bible nnyinasosɛm: Mmebusɛm 18:13.

Bisa nsɛm. Eyi bɛma woate nea wo hokafo no reka no ase yiye. Marcie, a yɛfaa n’asɛm kae no ka sɛ: “Sɛ Mike bisabisa me nsɛm a, m’ani gye paa. Ɛma mihu sɛ n’ani gye asɛm a mereka no ho.”

Tie asɛm a ɔreka no, ɛnyɛ nsɛmfua no kɛkɛ. Hyɛ sɛnea ɔkeka ne ho, ɔdannan n’ani, ne ɛnne a ɔde rekasa no nsow. Sɛ woyɛ saa a, ebia wubehu sɛ ka a ɔkae sɛ “eye” no kyerɛ ankasa sɛ “enye.” Sɛ ɔka sɛ “wonyɛɛ w’adwene da sɛ wobɛboa me” a, ebia nea ɔrekyerɛ ara ne sɛ, “mete nka sɛ me ho nhia wo.” Sɛ nea ɔpɛ sɛ ɔka no ampue n’ano mpo a, bɔ mmɔden sɛ wubehu. Anyɛ saa a, sɛ anka wode w’adwene besi nea wo hokafo no repɛ akyerɛ so no, mubegye akyinnye mmom.

Kɔ so ara tie no. Sɛ w’ani nnye nea ɔreka no ho mpo a, nto w’adwene mu anaa ntwiw mfa no so. Na sɛ wo hokafo no rekasa tia wo nso ɛ? Gregory a waware bɛboro mfe 60 ni no de afotu yi ma sɛ, “Kɔ so ara tie no. Fi wo komam tie nea wo hokafo no reka no yiye. Eyi gye ahokokaw, nanso sɛ woyɛ a, wubenya so mfaso.”—Bible nnyinasosɛm: Mmebusɛm 18:15.

Fi wo komam tie wo hokafo no. Sɛ́ wobɛyɛ aso atie obi no nyɛ adeyɛ bi kɛkɛ, mmom ɛyɛ ɔkwan a wɔfa so da ɔdɔ adi. Sɛ w’ani gye nea wo hokafo no reka no ho ankasa a, ɛnyɛ den sɛ wubetie no. Sɛ woyɛ saa a, na woredi Bible afotu yi akyi: “Monnhwɛ nneɛma a ɛfa mo nko ara ho, na mmom monhwɛ nea ɛfa afoforo ho nso bi.”Filipifo 2:4, Good News Translation.

^ nky. 9 Wɔasesa edin ahorow a ɛwɔ asɛm yi mu no.