Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO | MMABUN

Text Message—Dɛn na Ɛsɛ sɛ Woyɛ?

Text Message—Dɛn na Ɛsɛ sɛ Woyɛ?

ƆHAW NO

Fa no sɛ wo ne w’adamfo bi gyina hɔ rebɔ nkɔmmɔ, ɛnna obi sɛndee wo text. Dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ?

  1. A: Wo ne w’adamfo no rebɔ nkɔmmɔ nyinaa na worekenkan wo text no.

  2. B: Ka kyerɛ w’adamfo no sɛ wosrɛ no ɔmma wonkenkan nwie na montoa mo nkɔmmɔ no so.

  3. D: Nhwɛ text no; montoa mo nkɔmmɔ no so.

Eyi nso yɛ asɛm a ɛsɛ sɛ wudwen ho? Aane, ɛyɛ asɛm a ɛsɛ sɛ wudwen ho paa.

NEA ƐSƐ SƐ WUHU

Sɛ wo ne w’adamfo bi gyina hɔ rebɔ nkɔmmɔ na woresan asɛnde text akɔma obi foforo a, ɛte sɛ nea woredi agorɔ bi a w’ani gye ho nanso womfa ho mmara nyɛ hwee. Ebia wobɛka sɛ, ‘O, wei deɛ sɛ wɔyɛ me nnamfo enti ɛnyɛ hwee.’ Ɛno koraa nti na ɛsɛ wubu wɔn. Ɛno nso nkyerɛ sɛ yɛ wo biribiara pɛpɛɛpɛ sɛ soro abɔfo. Nanso kae: Sɛ wowɔ nnamfo na wode wɔn anim twitwi fam a, deɛ wubehu ara ne sɛ obiara afa ne baabi.

Adɛn ntia? Nea ɛwom ne sɛ obiara nni hɔ a ɔpɛ sɛ yɛde n’anim yɛ fam. Abaayewa bi a yɛfrɛ no Beth * kae sɛ: “Adeɛ a ɛyɛ m’abufuw ne sɛ me ne m’adamfo rekasa na ɔremiamia ne fon so; asɛ me ho nhia no papa.” Wugye di sɛ Beth betumi ne adamfo a ɔte saa anantew akyɛ?

Hwɛ deɛ yɛkaa no mfitiase no. Wohwɛ a, nea ɛwɔ he na anka wobɛyɛ? Wo ara wunim sɛ A no deɛ, ɛkyerɛ sɛ onipa no ani mmuei. Na B ne D no nso ɛ? Sɛ wo ne obi rebɔ nkɔmmɔ na wutwa so kenkan text message a, ɛkyerɛ sɛ w’ani mmuei anaa? Sɛ woanhwɛ text no na wo ne w’adamfo no toa nkɔmmɔ no so a, ɛno nso ɛ, ɛkyerɛ sɛ w’ani mmuei anaa?

Yɛka sɛ obi apɔ anaa n’ani abue a, ɛsono sɛnea obiara hu no. Nanso Bible ma yehu asɛm no ani so. Ɛka sɛ: “Sɛnea mopɛ sɛ nnipa yɛ mo no, monyɛ wɔn saa ara.” (Luka 6:31) Saa asɛm yi betumi aboa wo wɔ text message ho. Ɛbɛboa wo sɛn?

 NEA WUBETUMI AYƐ

Sɛnde text bere a ɛfata mu. Aberante bi a yɛfrɛ no Richard kae sɛ, “Ebi wɔ hɔ a anadwo dasum na obi asɛnde me text. Wobɛhwɛ na ɛnyɛ asɛm biara, nanso na asɛe me nna!” Bisa wo ho sɛ, ‘Ɛyɛ a mesɛnde nkurɔfo text bere a wɔada?’Bible nnyinasosɛm: Ɔsɛnkafo 3:1.

Hwɛ wo nsɛm yiye. Sɛ yɛrebɔ nkɔmmɔ a, nsɛm a yɛka, ɛnne a yɛde kasa, yɛn anim, ne sɛnea yɛtoto yɛn nsa nyinaa ka ho bi. Nanso wode text message kɔma obi a, saa nneɛma yi nyinaa wonyɛ bi. Ɛnde, wode text message rekɔma obi a, wobɛyɛ dɛn? Abaayewa bi a yɛfrɛ no Jasmine ka sɛ, “Fa nsɛm a ɛkyerɛ sɛ w’ani abue hyehyɛm. Bisa sɛ, ‘Wo ho te sɛn?’ Ɛyɛ a ka ‘mepaakyɛw’ ne ‘medaase.’”—Bible nnyinasosɛm: Kolosefo 4:6.

Fa w’ani to fam. San hwɛ asɛm a yɛde hyɛɛ ase no. Sɛ worehwɛ message bi kwan a, ɛnde ebehia sɛ wopa onipa a wo ne no rekasa no kyɛw kɔhwɛ message no. Nanso kae sɛ message dodow no ara deɛ, wubetumi ahwɛ no akyiri yi. Amy adi mfe 17, na asɛm a ɔkae ne sɛ: “Sɛ wo ne w’adamfo no bɔ nkɔmmɔ wie a, wo fon no deɛ ɛwɔ hɔ daa, nanso wobɛtexte awie no, ebia na w’adamfo no kɔ.” Sɛ wo ne wo nnamfo hyia a, ɛhɔ nso wubetumi de w’ani ato fam ahu nea ɛsɛ sɛ woyɛ. Jane nso adi mfe 18, na n’asɛm ne sɛ: “Mfa saa bere no nyinaa nsɛnde message, sɛ woyɛ saa a, na woreka akyerɛ wɔn sɛ ‘mo ho nhia me; sɛ́ me ne mo bɛtena ha deɛ, anka mɛkɔ baabi foforo.’”

Dwen ho ansa na woasɛnde. Bisa wo ho sɛ, message a meresɛnde yi, enti onipa no bɛte ase sɛn? Sɛ woma no hu sɛ woredi agorɔ a, ɔbɛfa no saa. Amber adi mfe 21, na nea ɔka ne sɛ: “Sɛ woredi agorɔ a, ɛnde fa smiley face to ho. Asɛm tumi hye nkurɔfo ma etumi dan ntɔkwaw mpo. Ne nyinaa fi sɛ, asɛm a wode redi agorɔ no, ebinom betumi afa no asɛm paa.”—Bible nnyinasosɛm: Mmebusɛm 12:18.

Enti, nneyɛe a wobɛyɛ wɔ fon so no, ehia paa!

Susuw ho: Anibue ne ɔdɔ na ɛnam. Dɛn na obi yɛ a ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ ɔdɔ? Bible ka sɛ: “Ɔdɔ wɔ abodwokyɛre na ne yam ye. Ɔdɔ nyɛ ahoɔyaw, entu ne ho, ɛnhoman, ɛnyɛ ade a ɛnsɛ, ɛnhwehwɛ nea n’ankasa hia, ne bo nhaw no.” (1 Korintofo 13:4, 5) Deɛ Bible ka fa ɔdɔ ho yi, emu nea ɛwɔ he na wuhu sɛ aka wo kakra?

^ nky. 11 Yɛasesa din no bi.