Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

WƆBƆE ANAA?

Ɛyɛ Dɛn na Posena Tumi Sesa Ne Kɔla Ntɛmntɛm Saa?

Ɛyɛ Dɛn na Posena Tumi Sesa Ne Kɔla Ntɛmntɛm Saa?

POSENA yɛ nsu mu aboa a otumi sesa ne kɔla. Sɛ w’ani bɔ ne so a, obetumi adan ne kɔla ntɛmntɛm anibu baako mu. Wuhu no seesei a, wobɛbɔ w’ani ate no na wasesa ne ho; afei worenhu no bio. Animdefo bi kyerɛ sɛ, “nneɛma bi wɔ posena yi honam mu a ɛma otumi sesa ne ho ntɛmntɛm.” Ɛnde ɔkwan bɛn na aboa yi fa so yɛ saa?

Susuw ho: Nkwammoaa nketenkete bi wɔ posena yi wedeɛ mu, na ɛno na ɛboa ma otumi sesa ne kɔla ntɛmntɛm saa. Biribi te sɛ bɔtɔ wɔ nkwammoaa yi mu a kɔla ho nneɛma pii wom. Sɛ aboa yi pɛ sɛ ɔsesa ne ho a, n’amemene de “nkra” kɔ baabi a bɔtɔ no wɔ no, na biribi wɔ bɔtɔ no ho a emia bɔtɔ no ma emu bue. Ɛba saa a, kɔla ho nneɛma a ɛwɔ bɔtɔ no mu puw ba, na aboa no sesa ne ho prɛko pɛ. Ɛdɛn nti na aboa yi yɛ saa? Ɔyɛ saa de biribiri n’atamfo ani so na wɔannya no ankyere no. Bio nso, ɔyɛ saa de frɛfrɛ “n’adɔfo” ne wɔn di nkitaho.

Abenfo a wɔwɔ Bristol Suapɔn a ɛwɔ England hwɛɛ posena wedeɛ yɛɛ ne sɛso. Wɔyɛɛ biribi te sɛ posena honam, ɛnna wɔde rɔba tuntum bi hyɛɛ mfinimfini. Sɛ wɔde anyinam ahoɔden ka wedeɛ no a, na rɔba tuntum no ahuhuru. Ɛba saa a, wedeɛ a wɔayɛ no sesa yɛ tumm.

Ɔbenfo bi a ɔde Jonathan Rossiter kaa sɛ posena wedeɛ yɛ ade mmerɛmmerɛw a ɛyɛ anika paa wɔ abɔde mu. Nhomanimfo kyerɛ sɛ, sɛ wɔto wɔn bo ase sua posena honam ho ade kɔ akyiri a, wobetumi ahwɛ so ayɛ atade a ebetumi asesa kɔla ntɛmntɛm wɔ anibu baako mu. Rossiter kaa sɛ, sɛ wotumi yɛ atade a ɛte saa a, nnipa betumi ahyɛ de wɔn ho asuma anaa wɔbɛhyɛ de agye wɔn ani kɛkɛ.

Wususuw ho sɛn? Ɛyɛ dɛn na posena tumi sesa ne kɔla ntɛmntɛm saa? Ɛno ara na ɛbae anaa obi na ɔbɔɔ no saa?