Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɛyɛ a Serew—Ɛyɛ Akyɛde

Ɛyɛ a Serew—Ɛyɛ Akyɛde

SƐ OBI yi ne yam serew kyerɛ wo a, dɛn na wobɛyɛ? Ɛyɛ dɛn ara a wo nso wobɛserew akyerɛ no. Ɛba saa a, mo nyinaa mo ani gye. Saa na ɛte, sɛ w’adamfo anaa obi a wunnim no koraa yi ne yam serew kyerɛ wo a, ɛka wo ma wo nso woserew na afei ɛma w’ani gye. Ɔbaa bi a yɛfrɛ no Magdalena kaa sɛ: “Me kunu Georg te ase no, na ɔpɛ serew paa. Sɛ ɔhwɛ m’anim serew kyerɛ me a, na manane, na me koma atɔ me yam.”

Sɛ obi yi ne yam serew a, ebetumi aba sɛ asɛm bi yɛ no serew, anaa n’ani agye, anaasɛ biribi ayɛ no dɛ. Intanɛt so nhoma bi kaa sɛ, “Serew deɛ . . . yɛde awo yɛn.” Ɛtoaa so sɛ, nkokoaa mpo, “sɛ woserew anaa wumuna a, wotumi hu ade pɔtee a worepɛ akyerɛ.” Ɛsan kaa sɛ: “Obi serew kyerɛ wo a, etumi ka biribi kyerɛ wo. Afei ɛma wutumi hu nea ɛsɛ sɛ woyɛ.” *Observer; ɛyɛ nyansahufo nhoma.

Nhwehwɛmufo bi wɔ Harvard University wɔ United States. Wɔyɛɛ nkwakoraa ne mmerewa bi ho nhwehwɛmu hwɛɛ sɛnea wɔn a wɔhwɛ wɔn no suban ka wɔn. Sɛ nkwakoraa ne mmerewa yi hu wɔ wɔn a wɔhwɛ wɔn no anim “sɛ wɔpɛ wɔn asɛm, wodwen wɔn ho, wɔte nka ma wɔn na wɔn ho hia wɔn” a, ɛma wɔn ani gye, na wɔn ho bae wɔn. Nanso sɛ wɔanhwɛ wɔn yiye, anaa womunamuna kyerɛ wɔn a, ɛhaw wɔn na wɔn ani nnye.

Sɛ woserew a, ɛboa wo ara nso. Nhwehwɛmu kyerɛ sɛ, woserew a ɛma wunya ahotoso, w’ani gye, na adwennwen nhyɛ wo so. Nanso sɛ wumunamuna a, wo ara wunim nea ebetumi asi!

NEA “ƐHYƐƐ ME DEN” PAA YƐ SEREW

Magdalena a yɛadi kan aka ne ho asɛm no, Wiase Ko II mu no na ɔyɛ Yehowa Danseni. Ɔne n’abusuafo amfa wɔn ho ammɔ Nazi aban no, enti wɔde wɔn kɔɔ Ravensbrück nneduaban mu wɔ Germany. Ɔkaa sɛ: “Ɛtɔ da a, na awɛmfo no mma kwan mma yɛne deduani biara nkasa. Nanso, wɔantumi ansiw yɛn kwan sɛ mma yɛnserew. Sɛ me maame ne me nuabaa hwɛ m’anim serew kyerɛ me a, na ɛhyɛ me den. Ɛno na ɛmaa mitumi gyinaa mu.”

Ebia abrabɔ mu nsɛmnsɛm nti, wontaa nserew. Nanso kae sɛ nea ɛwɔ ani so na yɛde kɔ dae mu. Enti nea ɛwɔ wo koma mu no, ɛno na ɛbɛkyerɛ sɛ wobɛserew anaa worenserew. (Mmebusɛm 15:15; Filipifo 4:8, 9) Ɛwom ɛnna fam, nanso ɛbɛyɛ yiye a, fa w’adwene si nneɛma pa anaa nea ɛbɛma w’ani agye so. * Bible akenkan ne mpaebɔ aboa mmusua bebree ama wɔatumi ayɛ saa. (Mateo 5:3; Filipifo 4:6, 7) Sɛ wohwɛ Bible mu a, wubehu nsɛmfua te sɛ “anigye,” “ahurusi,” ne nea ɛkeka ho bebree. Adɛn nti na womfa nsi w’ani so sɛ da biara wobɛkenkan Bible no fã bi? Obi nnim, ebia ɛbɛboa wo nso ama woataa aserew.

Afei ntena hɔ sɛ obi nserew nkyerɛ wo ansa na woaserew. Wuhu obi a, di kan serew kyerɛ no. Woyɛ saa a, wo nso wobɛma obi ani agye. Kae sɛ, serew yɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ, na ɛboa wo ne wɔn a woserew kyerɛ wɔn no nyinaa.

^ nky. 3 Kasakoa bi mpo wɔ Bible mu sɛ Onyankopɔn tew n’anim anaa ɔserew. Dwom 119:135 ka sɛ: “Tew w’anim ma w’akoa.”

^ nky. 8 Hwɛ Nyan! a ɛbaa November 2013 no mu. Asɛm bi wom a wɔato din “So Wowɔ ‘Apontow mu Daa’?