Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

NYAN! No. 1 2018 | Ɔkwan a Wɔfa So Nya Anigye

ƐHEFA NA YEBENYA AKWANKYERƐ PA A YEBETUMI DE ABƆ BRA AMA YƐN ANI AGYE?

Bible ka sɛ: “Anigye ne wɔn a wɔn ho nni asɛm, wɔn kwan mu.”​—Dwom 119:1.

Nsɛm nson a edidi so wɔ nhoma yi mu no ka afotusɛm bi a ɛbɛma yɛanya anigye ho asɛm. Saa afotu no, ebinom aka ahwɛ ahu sɛ nyansa wom na yebetumi de yɛn ho ato so.

 

Wobɛyɛ Dɛn Ahu?

Wohwɛ wo ho a, wowɔ anigye? Dɛn na ɛma obi ani gye?

Ma W’ani Nsɔ Nea Wowɔ Na Da Ayamye Adi

Nnipa bebree gye di sɛ sika anaa agyapade na ɛma obi ani gye. Nanso sɛ wohwɛ a, sika ne agyapade betumi ama yɛanya anigye a ɛto rentwa da? Dɛn na adanse ahorow ama ada adi?

Ma W’apɔwmuden Ho Nhia Wo, Na Mma W’abam Mmu

Sɛ obi apɔwmuden sɛe a, ɛkyerɛ sɛ ɔne anigye to nkwanta a na wɔapae anaa?

Da Ɔdɔ Adi

Sɛ woda ɔdɔ adi kyerɛ obi, anaa obi da ɔdɔ adi kyerɛ wo a, ɛbɛboa pa ara ama w’ani gye.

Fa Bɔne Kyɛ

Sɛ obi taa fa abufuw anaa ɔde nkurɔfo ho yawdi hyɛ ne mu a, ɛmma n’ani nnye, na otumi yare nso.

Nya Atirimpɔw Wɔ Asetenam

Ade baako a ɛboa pa ara ma obi ani gye ne sɛ obenya nsɛmmisa a ɛho hia pa ara wɔ asetenam no ho mmuae.

Nya Anidaso

Nnipa bebree wɔ hɔ a sɛ wonnim nea daakye ɛbɛto wɔn ne wɔn adɔfo a, wɔn ani nnye.

Sua Pii Ka Ho

Nneɛma bebree na ɛma obi ani gye anaasɛ odi awerɛhow. Hwɛ baabi a wubenya mmoa de adi nneɛma a ɛho hia pa ara wɔ w’asetenam no ho dwuma. Wuntua hwee.