Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

WIASE YI AYƐ BISIBASAA

1 | Hwɛ W’apɔwmuden Yiye

1 | Hwɛ W’apɔwmuden Yiye

ADƐN NTI NA ƐHO HIA?

Sɛ asɛmmɔne anaa atoyerɛnkyɛm bi si a, etumi ka nkurɔfo apɔwmuden.

  • Sɛ ɔhaw bi ba a, nkurɔfo adwene tumi tu fra, na sɛ ɛkɔ so ara a, etumi bɔ wɔn yare mpo.

  • Sɛ biribi te sɛ atoyerɛnkyɛm anaa yare kodiawu bi te si baabi a, nnipa bebree ho ka, enti ɛma ɛyɛ den sɛ ayaresabea ahorow no bɛhwɛ obiara yiye. Afei nnuru ne nneɛma a wɔde hwɛ ayarefo no, ɛho tumi yɛ den.

  • Nneɛma bɔne si a, nkurɔfo sikasɛm tumi yɛ basaa. Ɛba saa a, ɛma ɛyɛ den sɛ wobenya sika atotɔ nneɛma a ɛho hia te sɛ nnuan papa ne nnuru.

Nea Ɛsɛ Sɛ Wuhu

  • Sɛ yare bi a emu yɛ den bɔ wo anaa adwinnwen bɛtɔ wo so a, etumi ma no yɛ den sɛ wubedwen yiye. Ɛba saa a, nneɛma a ɛsɛ sɛ woyɛ na w’apɔwmuden ayɛ papa no, anhwɛ a wubebu w’ani agu so, na wei betumi ama wo yare no ayɛ kɛse.

  • Sɛ woyare na woanhwɛ anyɛ wo ho aduru a, wo yare no betumi ayɛ kɛse, na ebetumi koraa akum wo.

  • Sɛ biribi bɔne si na sɛ w’apɔwmuden yɛ papa a, ɛma wutumi dwen yiye, na wutumi sisi gyinae pa.

  • Sɛ wo sikasɛm kɔ yiye oo, sɛ ɛnkɔ yiye oo, wubetumi ayɛ nneɛma bi a wode bɛbɔ w’apɔwmuden ho ban.

Nea Wubetumi Ayɛ No Nnɛ

Obi a n’ani da hɔ no, ɔhwɛ ade kɔ akyiri, ohu nneɛma bɔne a ebetumi asisi, na ɔde nneɛma gu akwan mu de bɔ ne ho ban. Ɛba apɔwmuden nso a, yebetumi ayɛ nneɛma bi a ɛremma yɛnyareyare, na sɛ yɛwɔ yare bi mpo a, ɛremma emu nyɛ den. Ebi ne sɛ wubedi wo ho ni, na woadi wo fie ni. Woyɛ saa a, eye sen sɛ daakye wode wo nsa begu wo ti aka sɛ mihui a anka.

“Yedi yɛn ho ni, na yesiesie yɛn fie ma ɛhɔ tew kama. Ɛno nti yɛntaa nyareyare. Wei ama ayaresabea ho ka a yɛbɔ no so atew, na yɛnsɛe sika ntotɔ nnuru.”—Andreas. *

^ Wɔasesa edin a ɛwɔ Nyan! yi mu no bi.