Nsɛm a Ɛwɔ Nyan! Yi Mu: Bible Betumi Ama Asi Wo Yiye Anaa?
Ɛyɛ Nhoma a Akyɛ Paa, Nanso Ɛso Wɔ Mfaso Nnɛ
Bible ma yehu sɛnea ɛsɛ sɛ yɛsom Onyankopɔn, nanso ɛnyɛ ɛno nko. Ɛma yenya afotusɛm a mfaso wɔ so a yɛde bɛbɔ yɛn bra da biara da. Ɛboa yɛn ma yehu:
Sɛnea yebenya apɔwmuden
Sɛnea yebenya suban pa
Sɛnea yɛne yɛn abusuafo ne yɛn nnamfo ntam bɛyɛ kama
ɛnea yɛbɛtoto yɛn sikasɛm yiye
Sɛnea yɛne Onyankopɔn ntam bɛyɛ papa
Nhoma a Ɛso Wɔ Mfaso Sen Biara Wɔ Wiase
Efi tete na Bible aboa nnipa. Seesei, wɔakyerɛ Bible ase kɔ kasa mpempem pii mu. Kenkan nsɛmma nhoma yi, na wubehu sɛnea Bible mu afotusɛm betumi aboa wo.