Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

NSƐM A WOBISABISA | RAJESH KALARIA

Amemene Ho Ɔbenfo Bi Kyerɛkyerɛ Ne Gyidi Mu

Amemene Ho Ɔbenfo Bi Kyerɛkyerɛ Ne Gyidi Mu

ƆBENFO Rajesh Kalaria a ɔwɔ Newcastle Suapɔn a ɛwɔ England no de mfe 40 asua nnipa amemene ho ade. Ná ogye di sɛ  nneɛma nam adannandi (evolution) so na ɛbae. Nanso akyiri yi, ɔsesaa n’adwene. Nyan! kyerɛwfo bi bisaa no adwuma a ɔyɛ ne ne gyidi ho asɛm.

Yɛsrɛ wo, ka ɔsom a na wo ne w’awofo wom ho asɛm kakra kyerɛ yɛn.

Wɔwoo me papa wɔ India. Me maame nso fi India, nanso wɔwoo no wɔ Uganda. Ná Hindu amammerɛ adidi wɔn ti. M’awofo woo mmiɛnsa, na me na metɔ so mmienu. Yɛtenaa Nairobi wɔ Kenya. Yɛne Hindufo pii tenaa mpɔtam.

Ɛdɛn na ɛmaa w’ani begyee nyansahu ho?

Ná m’ani gye mmoa ho dedaw. Ná metaa ne me nnamfo nantew kɔ wuram kɔhwɛ sɛnea mmoa ho yɛ nwonwa. Ɛtɔ mmere bi mpo a, na yetumi da wuram hɔ. Mfiase no, nea na esi m’ani so ne sɛ daakye mɛyɛ dɔkota a ɔyɛ mmoa oprehyɛn. Bere a miwiee tɛknikal sukuu wɔ Nairobi no, mekɔɔ London Suapɔn a ɛwɔ England kosuaa nyarewa ho ade. Akyiri yi, mede m’adwene sii so sɛ mɛyɛ nnipa amemene ho nhwehwɛmu akɔ akyiri.

Nea wusuae no, ɛkaa wo som mu gyidi anaa?

Aane. Bere a misuaa nyansahu kɔɔ akyiri no, ɛyɛɛ den maa me sɛ megye Hindu anansesɛm ne atetesɛm no adi. Saa gyidi no bi ne mmoa ne ahoni a wɔsom.

Adɛn nti na wugyee adannandi nkyerɛkyerɛ dii?

Bere a meyɛ abofra no, na nnipa a wɔatwa me ho ahyia no pii gye di sɛ Afrika na nnipa fii ase dannanee, na na yɛtaa ka ho asɛm wɔ sukuu. Afei nso, akyerɛkyerɛfo ne suapɔn abenfo no maa yenyaa adwene sɛ, sɛ nyansahufo gye adannandi di a, ɛno na ɛma nkurɔfo bu wɔn.

Nea ɛmaa nkwa bae no, eduu bere bi wosesaa w’adwene wɔ ho. Adɛn ntia?

Abɔde a nkwa wom ne sɛnea nipadua te no, misuaa ho ade mfe pii. Da bi deɛ, me sukuuni bi ka kyerɛɛ me sɛ ɔne Yehowa Adansefo sua ade, na ɔkyerɛɛ me nea wasua afi Bible mu. Me ho dwiriw me enti na mepɛ sɛ mihu nea ɔresua no mu yiye. Wei nti, bere a Adansefo no yɛɛ nhyiam bi wɔ yɛn sukuu asa so wɔ Nairobi no, mekɔɔ bi. Akyiri yi, Adansefo mmienu bi a wɔyɛ asɛmpatrɛwfo kyerɛkyerɛɛ me nneɛma pii wɔ Bible mu. Ná wogye di sɛ Ɔbɔadeɛ Kɛse bi wɔ hɔ a ɔwɔ asetena mu nsɛmmisa a ɛkyere adwene no ho mmuae. Saa asɛm yi, na ɛnsɛ anansesɛm; ɛtɔɔ m’asom paa.

Nnuruyɛ ho ade a wusuae no, ɛmaa ɛyɛɛ den maa wo sɛ wubegye adi sɛ obi na ɔbɔɔ ade anaa?

Dabi! Mmom, bere a misuaa nipadua ho ade no, mihuu sɛ nneɛma pii wɔ abɔde mu, na wɔahyehyɛ no yiye ma ɛyɛ nwonwa. Sɛ mehwɛ sɛnea wɔahyehyɛ nneɛma pii wɔ nipadua no mu ma ɛyɛ nwonwa no a, paa sɛ ɛno ara na ɛbae deɛ, na ntease nni mu mma me bio.

Wubetumi ama ɛho nhwɛso bi?

Efi afe 1971 na masua nnipa amemene ho ade, nanso besi nnɛ nyinaa, sɛnea akwaa yi yɛ adwuma no da so yɛ me nwonwa paa. Amemene no na ɛma yedwen na yɛkae ade. Ɛno ara nso na ɛma nipadua no akwaa pii tumi yɛ adwuma. Bio nso, amemene no na ɛma yɛn nkatede nyinaa yɛ adwuma. Ɛsan ma yehu nea ɛkɔ so wɔ nipadua no mu. Afei nso, nea ɛkɔ so wɔ yɛn nipadua no ho nyinaa, amemene no ma yɛte ase.

Ade titiriw a ɛma amemene no yɛ adwuma saa ne sɛ, nkwammoaa pii wɔ amemene no mu a wɔne wɔn ho di nkitaho. Nea ɛbɛyɛ na saa nkwammoaa ɔpepepem pii yi ne wɔn ho atumi adi nkitaho no, ntini atenten bi ma nkwammoaa no toatoa mu. Wɔfrɛ saa ntini yi axons. Wofa ntini tenten baako biara a, ɛwɔ ntini nketenkete pii wɔ ho a ɛboa ma nkwaboaa baako ne nkwammoaa pii di nkitaho. Yɛfrɛ saa ntini nketenkete yi dendrites. Wei nti nkwammoaa ne ntini dodow a ɛwɔ amemene no mu deɛ, ɛyɛ buburugyaa! Nea ɛyɛ nwonwa mpo ne sɛ, nkwammoaa ne ntini bebree yi ngu amemene no mu basaa, na mmom wɔahyehyɛ ne nyinaa pɛpɛɛpɛ. Anyinam ahama biara nni hɔ mpo a wɔahyehyɛ no saa da.

Yɛsrɛ wo kyerɛ mu kakra.

Ɛyɛ bere a akokoaa bi da awotwaa mu anaa wɔawo no foforo no na saa nkwammoaa ne ntini yi hyehyɛ yiye paa. Sɛ nkwaboaa bi pɛ sɛ ɔne nkwaboaa foforo di nkitaho a, ntini tenten fi nkwaboaa no ho kɔka nkwaboaa foforo no. Ebia na kwan a ɛda nkwammoaa mmienu no ntam no yɛ sɛntimita kakraa bi. Nanso nkwammoaa mu deɛ, ɛyɛ kwan tenten paa. Ntini no nkɔka nkwaboaa foforo no baabiara kɛkɛ, na mmom ɔkɔka baabi pɔtee bi wɔ nkwaboaa no ho.

Sɛ ntini bi fi nkwaboaa baako ho rekɔ foforo ho a, biribi wɔ kwan so a ɛkyerɛ no kwan. Ɔkyerɛ no sɛ ebia “gyina,” “kɔ,” anaa “mane fa nkyɛn,” kosi sɛ ebedu nkwaboaa foforo no nkyɛn. Sɛ biribiara ankyerɛ ntini yi kwan a, ɛbɛyera kwan seesei ara. Sɛnea wɔahyehyɛ nneɛma wɔ amemene no mu no, ɛyɛ nwonwa paa. Ne nyinaa fi ase wɔ nea yɛfrɛ no DNA no mu.

Nea yɛahu nyinaa akyi, sɛnea amemene no bae ne sɛnea ɛyɛ adwuma no, yennya ntee ase nwiei koraa. Ebi ne sɛnea ɛma yedwen, yɛkae ade na yɛte nka. Me deɛ, amemene no a ɛyɛ adwuma no nko ara mpo ma mihu sɛ obi a onim nyansa koraa kyɛn yɛn na ɔyɛe. Sɛnea ɛyɛ adwuma yiye ne sɛnea etumi hyehyɛ ne ho kama no deɛ, merentumi nka ho asɛm.

Adɛn nti na wobɛyɛɛ Yehowa Danseni?

Adansefo no maa me adanse a ɛkyerɛ sɛ Bible no yɛ Onyankopɔn Asɛm. Nhwɛso bi ni. Bible no nyɛ nyansahu nhoma, nanso ɛka nyansahu ho asɛm a, ɛka no pɛpɛɛpɛ. Afei nso nkɔmhyɛ a ɛwom no, ɛbam pɛpɛɛpɛ. Wɔn a wɔde emu nsɛm bɔ wɔn bra nso, ɛma wɔn asetena yɛ papa. Me ara m’asetena di wei ho adanse. Efi bere a mebɛyɛɛ Yehowa Danseni wɔ afe 1973 no, Bible no na akyerɛ me kwan wɔ m’asetenam. Wei nti minim nea ɛsɛ sɛ mede m’abrabɔ yɛ, na me koma atɔ me yam nso.