Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Fa Anisɔ Gye—Fi Koma Nyinaa Mu Ma

Fa Anisɔ Gye—Fi Koma Nyinaa Mu Ma

Fa Anisɔ Gye—Fi Koma Nyinaa Mu Ma

YEHOWA, yɛn soro Agya a ɔwɔ ɔdɔ no dwen yɛn ho ankasa. Onyankopɔn Asɛm ma yɛn awerɛhyem sɛ odwen n’asomfo nyinaa ho yiye. (1 Pet. 5:7) Ɔkwan biako a Yehowa fa so ma yehu sɛ odwen yɛn ho ne mmoa a ɔde ma yɛn wɔ akwan horow so ma yɛsom no nokware mu no. (Yes. 48:17) Sɛ yɛrehyia ɔhaw ahorow a ɛreteetee yɛn a, saa bere no titiriw na Yehowa pɛ sɛ yɛhwehwɛ ne hɔ mmoa. Mose Mmara no ma yehu saa nokwasɛm no.

Wɔ Mose Mmara no ase no, Yehowa fi ɔdɔ mu yɛɛ nhyehyɛe de boaa “wɔn a ahia wɔn” te sɛ nyisaa, akunafo, ne ahɔho. (Lev. 19:9, 10; Deut. 14:29) Yehowa nim sɛ n’asomfo binom behia mmoa afi wɔn mfɛfo asomfo hɔ. (Yak. 1:27) Enti, ɛnsɛ sɛ ne somfo biara twentwɛn ne nan ase sɛ obegye mmoa a ɛte saa a Yehowa ka afoforo koma ma wɔde ma no. Ɛno mpo no, ɛsɛ sɛ yɛde anisɔ gye mmoa a ɛte saa no.

Bere koro no ara no, Onyankopɔn Asɛm si so dua sɛ Onyankopɔn nkurɔfo nso wɔ hokwan sɛ wɔma ade. Kae “okunafo hiani” a Yesu huu no wɔ Yerusalem asɔrefie hɔ asɛm no. (Luka 21:1-4) Ɛbɛyɛ sɛ onyaa nhyehyɛe a Yehowa fi ɔdɔ mu yɛ ma wɔde boaa akunafo a ɛho asɛm wɔ Mose Mmara no mu no so mfaso. Ɛwom sɛ na okunafo no yɛ ohiani de, nanso nea yɛde kae no ne ade a ɔmae, na ɛnyɛ ade a ogyei. Ɛbɛyɛ sɛ ade a na ɔma no maa n’ani gyei, efisɛ sɛnea Yesu kae no, “ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye.” (Aso. 20:35) Bere a saa nokwasɛm yi wɔ w’adwenem no, wobɛyɛ dɛn atumi ‘akɔ so ama’ na woanya mu anigye?—Luka 6:38.

“Dɛn na Mede Betua Yehowa Ka?”

Odwontofo no kae sɛ: “Dɛn na mede betua Yehowa ka, papa a wayɛ me nyinaa ho?” (Dw. 116:12) Papa bɛn na na Yehowa ayɛ ama no? Ná Yehowa aboa no wɔ “ahohia ne awerɛhow” mu. Afei nso, na Yehowa ‘agye ne kra afi owu mu.’ Enti na ɔpɛ sɛ ɔyɛ biribi de ‘tua’ Yehowa “ka.” Ná dɛn na odwontofo no betumi ayɛ? Ɔkae sɛ: “Metua me bɔhyɛ ade ama Yehowa.” (Dw. 116:3, 4, 8, 10-14) Ɔbɔɔ ne tirim sɛ obedi ɛbɔ a na wafi ne komam ahyɛ Yehowa no nyinaa so na wayɛ nea ɔhwehwɛ fi ne hɔ nyinaa.

Wo nso wubetumi ayɛ saa ara. Ɔkwan bɛn so? Ɔkwan a wubetumi afa so ayɛ saa ne sɛ wode Onyankopɔn mmara ne ne nnyinasosɛm ahorow bɛbɔ wo bra bere nyinaa. Enti ma Yehowa som nkɔ so nyɛ ade a ɛho hia wo sen biara wɔ w’asetena mu, na ma Onyankopɔn honhom nkyerɛ wo kwan wɔ biribiara a woyɛ mu. (Ɔsɛnk. 12:13; Gal. 5:16-18) Nokwarem no, worentumi ntua Yehowa ka wɔ nneɛma a wayɛ ama wo nyinaa ho nwie da. Nanso, ‘Yehowa koma tɔ ne yam’ sɛ obehu sɛ wufi wo koma nyinaa mu reyɛ ne som adwuma no. (Mmeb. 27:11) Hwɛ sɛnea ɛyɛ hokwan soronko koraa sɛ wobɛma Yehowa ani agye wɔ saa kwan no so!

Boa Ma Asafo no Nnya Nkɔso

Akyinnye biara nni ho sɛ wubegye atom sɛ Kristofo asafo no aboa wo wɔ akwan pii so. Yehowa afa asafo no so ama yɛn honhom fam aduan pii. Wuhuu nokware no, na ɛma wodee wo ho fii nneɛma bɔne a wɔyɛ wɔ nyamesom mu no ho, na ama woanya Onyankopɔn ne n’atirimpɔw ho nimdeɛ. (Yoh. 8:32) Asafo nhyiam, amansin, ne amantam nhyiam a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no yɛ ho nhyehyɛe no ama woanya nimdeɛ a ɛbɛma woanya daa nkwa wɔ paradise asase a ɛyaw ne amanehunu nni so no so. (Mat. 24:45-47) So wubetumi akan mmoa a Onyankopɔn asafo no ama woanya nyinaa ne nea worebenya no? Dɛn na wubetumi ayɛ ama asafo no wɔ nea ayɛ ama wo no ho?

Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Nipadua no nyinaa akeka atoatoam pɛpɛɛpɛ na ɛyɛ adwuma bom ma kwaa biara de nea ehia ma sɛnea kwaa biara dwumadi te, na ama nipadua no anyin ayɛ den wɔ ɔdɔ mu.” (Efe. 4:15, 16) Ɛwom sɛ saa kyerɛwsɛm no fa Kristofo a wɔasra wɔn no ho de, nanso nnyinasosɛm a ɛwom no betumi afa Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ nyinaa nso ho. Nokwarem no, asafo no muni biara betumi aboa ma asafo no anya nkɔso. Yɛbɛyɛ dɛn ayɛ saa?

Yebetumi ayɛ saa denam mmɔden a yɛbɛbɔ bere nyinaa sɛ yɛbɛhyɛ afoforo nkuran na yɛahyɛ wɔn den wɔ ɔsom no mu so. (Rom. 14:19) Sɛ yɛda Onyankopɔn honhom no aba adi wɔ sɛnea yɛne yɛn mfɛfo gyidifo di wɔ ade nyinaa mu a, yebetumi nso aboa “ama nipadua no anyin.” (Gal. 5:22, 23) Afei nso, yebetumi ahwehwɛ hokwan ahorow de ayɛ “nnipa nyinaa yiye, ne titiriw no wɔn a yɛne wɔn bɔ abusua wɔ gyidi mu no.” (Gal. 6:10; Heb. 13:16) Asafo no mufo nyinaa, mmarima ne mmea, mmofra ne mpanyin, betumi aboa ma ‘nipadua no ayɛ den wɔ ɔdɔ mu.’

Bio nso, yebetumi de yɛn dom akyɛde, yɛn ahoɔden, ne yɛn ahode ayɛ asɛnka adwuma a asafo no yɛ no. Yesu Kristo kae sɛ: “Munyaa no kwa.” Enti dɛn na ɛsɛ sɛ yɛde yɛ? Ɔkae sɛ: “Momfa mma kwa.” (Mat. 10:8) Enti bɔ mmɔden ka Ahenni no ho asɛm na yɛ asuafoyɛ adwuma no sɛnea w’ahoɔden betumi nyinaa. (Mat. 24:14; 28:19, 20) So biribi si wo kwan a ɛmma wuntumi nyɛ saa adwuma yi sɛnea wopɛ? Kae okunafo hiani a Yesu kaa ne ho asɛm no. Ná nea ɔde mae no sua koraa. Nanso Yesu kae sɛ nea ɔde mae no sen wɔn a wɔaka nyinaa de. Nea na ne ho bɛso nyinaa na ɔde mae no.—2 Kor. 8:1-5, 12.

Fa Anisɔ Gye

Nanso mmere bi wɔ hɔ a, ebia ɛho behia sɛ wugye mmoa fi asafo no hɔ. Ntwentwɛn wo nan ase da sɛ wubegye mmoa a asafo no betumi de ama wo bere a wuhu sɛ wiase yi mu nneɛma rehyɛ wo so no. Yehowa ama yɛn mmarima a wɔfata na wodwen nnipa ho sɛ ‘wɔnhwɛ asafo no so’—sɛ wɔmmoa wo bere a wuhyia sɔhwɛ ne amanehunu no. (Aso. 20:28) Mpanyimfo ne afoforo a wɔwɔ asafo no mu ani gye ho sɛ wɔbɛkyekye wo werɛ, wɔaboa wo, na wɔabɔ wo ho ban wɔ ahohia bere mu.—Gal. 6:2; 1 Tes. 5:14.

Na sɛ wɔboa wo a, fa anisɔ gye. Kyerɛ mmoa biara a wɔde bɛma wo no ho anisɔ. Bu mmoa a ɛte saa a wo mfɛfo gyidifo de ma wo no sɛ ɛyɛ Onyankopɔn dom akyɛde. (1 Pet. 4:10) Dɛn nti na ɛho hia sɛ yebu no saa? Efisɛ yɛmpɛ sɛ yegye ade te sɛ nea nnipa pii a wɔwɔ wiase gye no no—wɔnkyerɛ ho anisɔ biara.

Yɛ Nea Ɛfata na Da Ntease Adi

Paulo kyerɛw Filipi asafo no kaa Timoteo ho asɛm sɛ: “Minni obiara a ne suban te sɛ ɔno a obeyi ne yam adi mo nsɛm ho dwuma saa.” Nanso, Paulo san kae sɛ: “Wɔn a aka nyinaa hwehwɛ wɔn ankasa de, ɛnyɛ Kristo Yesu de.” (Filip. 2:20, 21) Bere a aniberesɛm a ɛte saa a Paulo kae wɔ yɛn adwenem no, dɛn na yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ betumi ayɛ na amma ‘yɛn ankasa de a yɛhwehwɛ’ annye yɛn adwene nyinaa?

Sɛ yɛsrɛ asafo no mufo bi sɛ wɔmfa wɔn bere mmɛboa yɛn mma yenni yɛn haw ahorow bi ho dwuma a, ɛnsɛ sɛ yɛhyɛ wɔn da. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛyɛ saa? Susuw asɛm yi ho hwɛ: Sɛ yɛkɔ ahokyere bi mu na onua bi boa yɛn wɔ honam fam a, akyinnye biara nni ho sɛ yɛbɛkyerɛ ho anisɔ kɛse. Nanso, so yɛbɛhyɛ no sɛ ɔmfa nneɛma a ɛte saa no mma yɛn? Dabida. Saa ara na ɛwom sɛ yɛn nuanom a wɔdɔ yɛn no ani gye ho sɛ wɔbɛboa yɛn bere nyinaa de, nanso ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade wɔ ɔkwan a ɛfata so, na yɛda ntease adi wɔ nea yɛhwɛ kwan sɛ wɔde wɔn bere bɛyɛ ama yɛn no ho. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, biribiara a yɛn mfɛfo gyidifo bɛyɛ de aboa yɛn ma yɛagyina yɛn haw ano no, yɛpɛ sɛ wofi wɔn pɛ mu na ɛyɛ saa.

Akyinnye biara nni ho sɛ wo nuanom Kristofo mmarima ne mmea bɛyɛ krado bere nyinaa sɛ wobefi wɔn pɛ mu aboa wo. Nanso ɛtɔ mmere bi a, ebia na wɔrentumi nyɛ nea wohwehwɛ no nyinaa. Sɛ ɛba saa a, nya awerɛhyem sɛ, sɛnea Yehowa boaa odwontofo no, ɔbɛboa wo nso wɔ sɔhwɛ biara a ebia wubehyia no mu.—Dw. 116:1, 2; Filip. 4:10-13.

Enti ntwentwɛn wo nan ase sɛ wode anisɔ begye nsiesiei biara a Yehowa yɛ ma wo no, titiriw wɔ amanehunu ne ɔhaw bere mu. (Dw. 55:22) Ɔpɛ sɛ woyɛ saa. Nanso ɔpɛ sɛ wo nso woyɛ obi a “ɔtew n’anim ma.” Enti yɛ nea ‘woasusuw wɔ wo komam’ sɛ wobɛyɛ de aboa nokware som sɛnea wo tebea bɛma wo kwan biara. (2 Kor. 9:6, 7) Sɛ woyɛ saa a, wubetumi de anisɔ agye ade na woafi wo koma nyinaa mu ama ade.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 31]

“Dɛn na mede betua Yehowa ka, papa a wayɛ me nyinaa ho?”​—Dw. 116:12

▪ Hwehwɛ hokwan ahorow fa yɛ “nnipa nyinaa yiye”

▪ Hyɛ afoforo nkuran na hyɛ wɔn den wɔ ɔsom no mu

▪ Bɔ mmɔden yɛ asuafoyɛ adwuma no sɛnea wo tebea bɛma kwan biara