Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Mobɛyɛ Asɔfo Ahemman”

“Mobɛyɛ Asɔfo Ahemman”

“Mobɛyɛ asɔfo ahemman ne ɔman kronkron ama me.”—EXODUS 19:6.

1, 2. Adɛn nti na na ɛsɛ sɛ Yehowa bɔ ɔbea no aseni no ho ban?

NKƆMHYƐ a ɛdi kan wɔ Bible mu no bɛboa yɛn ma yɛahu sɛnea Onyankopɔn atirimpɔw bɛbam. Saa nkɔmhyɛ no na yɛfrɛ no Eden bɔhyɛ no. Onyankopɔn kae sɛ: “Mede ɔtan bɛto wo [Satan] ne ɔbea no ntam ne w’aseni ne n’aseni ntam.” Dɛn na ɛkyerɛ sɛ ɔtan no mu bɛyɛ den paa? Yehowa kae sɛ: “Ɔno [ɔbea no aseni] na ɔbɛbɔ wo [Satan] ti na wo nso woaka ne nantin.” (Genesis 3:15) Nokwasɛm ne sɛ ɔtan a ɛda Satan ne ɔbea no ntam nti, Ɔbonsam bɛyɛ nea ɔbɛtumi biara sɛ ɔbɛyi ɔbea no aseni no afi hɔ.

2 Ɛnyɛ nwonwa sɛ odwontofo no bɔɔ mpae srɛ maa Onyankopɔn nkurɔfo sɛ: “Hwɛ! w’atamfo yɛ gyegyeegye; na wɔn a wokyi wo kɔkɔkɔkɔ no ama wɔn ti so. Wɔnam anifere so tu agyina tia wo man; na wɔbɔ wɔn a wode wɔn ahintaw no ho pɔw. Nea wɔka ne sɛ: ‘Mommra mma yɛmpopa wɔn mfi hɔ na ɔman no nyera.’” (Dwom 83:2-4) Na Satan adwene ara ne sɛ ɔbɛsɛe abusua a aseni no bɛfi mu aba no. Na ɛsɛ sɛ Yehowa de ne ho gye mu na ɔbɔ aseni no ne Mesia Ahenni no ho ban. Enti Yehowa hwɛ maa apam ahorow bi yɛɛ adwuma.

APAM A YEHOWA DE BƆƆ ASENI NO HO BAN

3, 4. (a) Bere bɛn na Mmara apam no fii ase yɛɛ adwuma? Dɛn na Israel man no gye toom sɛ wɔbɛyɛ? (b) Ná Mmara apam no atirimpɔw ne sɛn?

3 Bere a Abraham, Isak, ne Yakob asefo bu bɔɔ ho mpempem no, Yehowa de wɔn yɛɛ ɔman. Ɛno ne tete Israel man no. Onyankopɔn ne ɔman no yɛɛ apam titiriw bi, na na Mose ne ntamgyinafo. Yehowa de ne Mmara maa Israel man no, na wɔgye toom sɛ wɔbɛdi so. Bible ka sɛ Mose “faa apam nhoma no na ɔkenkan kyerɛɛ nkurɔfo no. Na wɔkae sɛ: ‘Nea Yehowa aka nyinaa yebetie na yɛadi so.’ Enti Mose de [anantwinini] mogya petepetee nkurɔfo no so kae sɛ: ‘Nsɛm yi nyinaa ho apam a Yehowa ne mo yɛe no ho mogya ni.’”Exodus 24:3-8.

Na Mmara no atirimpɔw ne sɛ ɛbɛbɔ aseni a ɔbɛfi Abraham abusua mu aba no ho ban afi nkekae biara ho

4 Mmara apam no fii ase yɛɛ adwuma bɛyɛ mfe 1513 ansa na Kristo reba. Yehowa nam apam yi so faa tete Israel man no yɛɛ ne man. Enti na Onyankopɔn yɛ wɔn Temmufo, wɔn Mmarahyɛfo, ne wɔn Hene. (Yesaia 33:22) Israelfo abakɔsɛm ma yɛhu nea ɛba bere a nnipa yɛ osetie ma Onyankopɔn Mmara anaa bere a wɔyɛ asobrakye. Na Mmara no abara sɛ Israelfo ne abosonsom aman no nni ayeware, na ɛnsɛ sɛ wɔsom wɔn anyame. Na Mmara yi atirimpɔw ne sɛ ɛbɛbɔ Abraham aseni no ho ban afi nkekae biara ho.Exodus 20:4-6; 34:12-16.

5. (a) Hokwan bɛn na Mmara apam no maa Israel man no nyae? (b) Adɛn nti na Onyankopɔn poo Israel man no?

5 Mmara apam no maa Israel nyaa asɔfo a wɔbɛboa ɔman no. Na asɔfodi a ɛwɔ Israel no yɛ asɔfodi a ɛdi mũ a ɛbɛba daakye no ho sunsuma. (Hebrifo 7:11; 10:1) Mmara apam no maa Israel man no nyaa hokwan a ɛbɛma wɔabɛyɛ “asɔfo ahemman.” Ná ɛsɛ sɛ wɔdi Yehowa mmara so ansa na wɔanya saa hokwan no. (Monkenkan Exodus 19:5, 6.) Nanso Israel man no sen wɔn kɔn. Wɔannye Abraham aseni titiriw no anaa Mesia no antom. Mmom wɔpoo Yesu, na Onyankopɔn nso poo wɔn.

Israel asoɔden no nkyerɛ sɛ Mmara apam no anwie n’adwuma (Hwɛ nkyekyɛm 3-6)

6. Dɛn na Mmara no tumi yɛe?

6 Israel man no anni Onyankopɔn nokware, enti hokwan a wɔnyae sɛ wɔbɛyɛ asɔfo ahemman no bɔɔ wɔn. Nanso eyi nkyerɛ sɛ Mmara no antumi anwie n’adwuma. Mmara koro yi ara na ɛbɔɔ aseni no ho ban na ɛmaa nnipa huu nea ɔbɛba abɛyɛ Mesia no. Enti mpɛn dodow a Kristo baa asase so maa nnipa huu no no, na Mmara no ayɛ n’adwuma awie. Bible ka sɛ: “Kristo ne Mmara no awiei.” (Romafo 10:4) Ɛnde, ɛhefo na wɔbɛnya hokwan abɛyɛ asɔfo ahemman no? Yehowa yɛɛ apam bi a ɛbɛma wanya ɔman foforo.

YEHOWA NYAA ƆMAN FOFORO

7. Dɛn na Yehowa nam Yeremia so kae?

7 Ná Mmara apam no nnya mmaa awiei koraa na Yehowa nam Yeremia so kae sɛ ɔne Israel man no bɛyɛ “apam foforo” bi. (Monkenkan Yeremia 31:31-33.) Na apam yi yɛ soronko koraa. Ɛnte sɛ Mmara apam a na ɛhwehwɛ sɛ wɔde mmoa bɔ afɔre ansa na ɔman no atumi anya bɔne fafiri no. Adɛn ntia?

8, 9. (a) Dɛn na Yesu mogya no atumi ayɛ? (b) Hokwan bɛn na wɔn a wɔwɔ apam foforo no mu anya? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

8 Mfe bi akyi no, Yesu fii afahyɛ foforo bi ase wɔ Nisan 14 afe 33. Ɛno ne Awurade Anwummeduan no. Bere a Yesu ne n’asomafo anokwafo 11 wɔ hɔ no, ɔkaa bobesa no ho asɛm sɛ: “Kuruwa yi gyina hɔ ma apam foforo a ɛnam me mogya so, nea wobehwie agu ama mo no.” (Luka 22:20) Mateo bɔ amanneɛ sɛ Yesu kae sɛ: “Eyi gyina hɔ ma me ‘mogya a wɔde yɛ apam no’ a wobehwie agu ama nnipa bebree bɔne fafiri.”Mateo 26:27, 28.

9 Yesu mogya a ɔde bɔɔ afɔre no na ɛmaa apam foforo no dii mu. Ɔde mogya no bɔɔ afɔre prɛko na ama wɔde nnipa bebree bɔne afiri wɔn daa. Yesu nka saa apam no ho. Bɔne nni ne ho, enti ɔnhia bɔne fafiri. Nanso Onyankopɔn bɛtumi de Yesu afɔre no aboa Adam asefo. Bio nso ɔbɛtumi de ne honhom kronkron no asra nnipa anokwafo bi na wagye wɔn ‘ayɛ mma.’ (Monkenkan Romafo 8:14-17.) Yehowa ani so no, wɔte sɛ ne Ba Yesu a bɔne biara nni ne ho no. Wɔn a wɔasra wɔn no bɛkɔ akɔka Kristo ho sɛ ne “mfɛfo adedifo.” Afei wɔbɛnya hokwan a ɛbɔɔ Israel man no na wɔabɛyɛ “asɔfo ahemman.” Ɔsomafo Petro kaa “Kristo mfɛfo adedifo” yi ho asɛm sɛ: “Moyɛ ‘abusua a wɔapaw, adehye asɔfokuw, ɔman kronkron, nnipa a wɔde wɔn ayɛ agyapade soronko, sɛ monka’ nea ɔfrɛɛ mo fii sum mu baa ne hann nwonwaso mu no ‘nneyɛe pa nkyerɛ.’” (1 Petro 2:9) Yɛhu paa sɛ apam foforo no ho hia! Ɛbue kwan ma Yesu asuafo no bɛka ne ho sɛ Abraham asefo.

APAM FOFORO NO FII ASE YƐƐ ADWUMA

10. Bere bɛn na apam foforo no fii ase yɛɛ adwuma? Adɛn nti na anyɛ adwuma kɔsii sɛ saa bere no dui?

10 Bere bɛn na apam foforo no fii ase yɛɛ adwuma? Ɛnyɛ bere a Yesu de Awurade Anwummeduan no sii hɔ no na apam foforo no fii ase yɛɛ adwuma. Adɛn ntia? Asɛm no ne sɛ, sɛ apam foforo no bɛdi mu a, na ɛsɛ sɛ Yesu san kɔ soro de ɔdesani nkwa a ɛyɛ pɛ a ɔde bɔɔ afɔre no kɔma Onyankopɔn. Bio nso ɛsɛ sɛ wɔde honhom kronkron sra wɔn a wɔbɛka Kristo ho sɛ ne “mfɛfo adedifo” no. Enti Pentekoste afe 33 na apam foforo no fii ase yɛɛ adwuma. Saa bere no na Yesu asuafo no nsa kaa Onyankopɔn honhom kronkron.

Pentekoste afe 33 na apam foforo no fii ase yɛɛ adwuma. Saa bere no na Yesu asuafo no nsa kaa Onyankopɔn honhom kronkron

11. Adɛn nti na apam foforo no ama Yudafo ne Amanaman mufo nyinaa anya hokwan abɛyɛ honhom fam Israelfo? Apam foforo no mufo dodow yɛ sɛn?

11 Bere a Yehowa nam Yeremia so kae sɛ ɔbɛyɛ apam foforo bi no, nea na ɛkyerɛ ne sɛ Mmara apam no bɛfi hɔ da bi. Enti bere a apam foforo no fii ase yɛɛ adwuma no, Mmara apam no baa awiei. (Hebrifo 8:13) Apam foforo no nti Yudafo ne Amanaman mufo a wɔntwaa twetia nyinaa bɛnya hokwan koro wɔ Onyankopɔn Ahenni no mu, efisɛ wɔn ‘twetiatwa yɛ komam de denam honhom so, na ɛnyɛ mmara a wɔakyerɛw so.’ (Romafo 2:29) Onyankopɔn kae sɛ ɔde ne mmara bɛhyɛ wɔn adwene ne wɔn koma mu. (Hebrifo 8:10) Apam foforo no mufo yɛ Yesu akyidifo 144,000 a wɔasra wɔn. Wɔka bom yɛ ɔman foforo a wɔfrɛ wɔn “Onyankopɔn Israel,” anaa honhom fam Israel.Galatifo 6:16; Adiyisɛm 14:1, 4.

12. Sɛ wohwɛ Mmara apam no ne apam foforo no a, ntotoho bɛn na wobɛtumi ayɛ?

12 Momma yɛmfa apam foforo no ntoto Mmara apam no ho na yɛnhwɛ sɛnea ɛte. Mmara apam no yɛ apam a Yehowa ne Israel man no yɛe; apam foforo no yɛ apam a Yehowa ne honhom fam Israel ayɛ. Ná Mose ne Mmara apam no ntamgyinafo; Yesu ne apam foforo no Ntamgyinafo. Mmoa mogya na ɛmaa Mmara apam no dii mu; Yesu mogya na ɛma apam foforo no di mu. Bere a Mmara apam no wɔ hɔ a Israel bɛyɛɛ ɔman no, na Mose na ɔdi wɔn anim. Yesu a ɔyɛ asafo no Ti no na ɔdi apam foforo no mufo anim.Efesofo 1:22.

13, 14. (a) Twaka bɛn na ɛwɔ apam foforo no ne Ahenni no ntam? (b) Ɛbɛyɛ dɛn na honhom fam Israel atumi akɔka Kristo ho ne no adi ade wɔ soro?

13 Twaka bɛn na ɛwɔ apam foforo no ne Ahenni no ntam? Apam yi de ɔman kronkron bi asi hɔ na emufo wɔ hokwan a ɛbɛma wɔayɛ ahemfo ne asɔfo wɔ ɔsoro Ahenni no mu. Ɔman yi na wɔka Yesu ho yɛ Abraham asefo. (Galatifo 3:29) Enti apam foforo no si so dua sɛ Abraham apam no bɛbam.

14 Yehowa nam apam foforo no so anya honhom fam Israel, na apam no na ɛma wɔn a wɔasra wɔn no nya tumi bɛyɛ “Kristo mfɛfo adedifo.” Nanso ɛbɛyɛ dɛn na wɔn a wɔasra wɔn no atumi akɔka Yesu ho ne no adi ade sɛ ahemfo ne asɔfo wɔ soro? Apam bi ho hia wɔ ha.

APAM A ƐBƐMA AFOFORO ANYA HOKWAN NE KRISTO ADI ADE

15. Apam bɛn na Yesu ne n’asomafo anokwafo no yɛe?

15 Bere a Yesu de Awurade Anwummeduan no sii hɔ no, ɔne n’asuafo anokwafo no yɛɛ Ahenni apam. (Monkenkan Luka 22:28-30.) Ade a ɛda nsow wɔ saa apam yi ho ne sɛ Yehowa nka ho bi. Mmom eyi yɛ apam a Yesu ne Kristofo a wɔasra wɔn no ayɛ. Bere a Yesu kae sɛ “sɛnea m’Agya ne me ayɛ apam no,” ebia nea na ɛwɔ n’adwenem ne apam a Yehowa ne no yɛe sɛ ɔbɛyɛ “ɔsɔfo daa wɔ Melkisedek kwan so” no.Hebrifo 5:5, 6.

16. Hokwan bɛn na Ahenni apam no ama Kristofo a wɔasra wɔn no anya?

16 Yesu asomafo 11 no kɔɔ so bataa ne ho wɔ ne sɔhwɛ nyinaa mu. Ahenni apam no maa asomafo no awerɛhyem sɛ wɔne Yesu bɛtena nhengua so adi ade sɛ ahemfo ne asɔfo wɔ soro. Nanso ɛnyɛ 11 no nko ara na na wɔbɛnya saa hokwan no. Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ ɔsomafo Yohane wɔ anisoadehu mu, na ɔkae sɛ: “Nea odi nkonim no, mɛma ɔne me atena m’ahengua so, sɛnea me nso midii nkonim na me ne m’Agya tenaa n’ahengua so no.” (Adiyisɛm 3:21) Enti wɔn a ɔne wɔn ayɛ Ahenni apam no yɛ Kristofo 144,000 a wɔasra wɔn. (Adiyisɛm 5:9, 10; 7:4) Apam yi na ɛma wɔn a wɔasra wɔn no nya kwan sɛ wɔne Yesu bɛdi ade wɔ soro. Eyi te sɛ ɔbea bi a wɔde no rebɛma ɔhene bi aware. Sɛ aware no nya ba so a, ɔbɛnya hokwan ne ɔhene no adi ade. Nokwasɛm ne sɛ Bible frɛ wɔn a wɔasra wɔn no Kristo “ayeforo,” “ɔbaabun a efĩ nkaa no” a wɔrebɛgye no aware ama Kristo.Adiyisɛm 19:7, 8; 21:9; 2 Korintofo 11:2.

FA WO WERƐ HYƐ ONYANKOPƆN AHENNI NO MU PINTINN

17, 18. (a) Yɛahu apam nsia a ɛfa Ahenni no ho. Kyerɛkyerɛ mu. (b) Adɛn nti na yɛbɛtumi de yɛn werɛ ahyɛ Ahenni no mu pintinn?

17 Yɛahu sɛ apam ahorow a yɛasusu ho wɔ adesua yi ne nea ɛdi kan mu no nyinaa fa Ahenni no ho. (Hwɛ asɛm a wɔato din “Nea Onyankopɔn Bɛyɛ Ama N’atirimpɔw Abam” a ɛwɔ adesua asɛm a ɛdi kan mu no.) Eyi kyerɛ sɛ Ahenni no gyina apam ahorow so, na apam no bɛbɔ Ahenni no kyidɔm ma ayɛ n’adwuma. Yɛbɛtumi anya awerɛhyem paa sɛ Onyankopɔn nam Mesia Ahenni no so bɛma adwene a ɔde bɔɔ asase ne nnipa no abam.Adiyisɛm 11:15.

Yehowa nam Mesia Ahenni no so bɛma atirimpɔw a ɔde bɔɔ asase ne nnipa no abam (Hwɛ nkyekyɛm 15-18)

18 Akyinnye biara nni ho sɛ Ahenni no na Onyankopɔn nam so bɛyi adesamma haw nyinaa afi hɔ. Yɛwɔ awerɛhyem paa sɛ ɛde nhyira a ɛnni awiei bɛbrɛ nnipa nyinaa. Enti momma yɛmfa nsi ne ahokeka nka saa nokwasɛm yi nkyerɛ afoforo!Mateo 24:14.