Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 ASƐM A ƐDA SO: MOSE—DƐN NA YEBETUMI ASUA AFI NE HƆ?

Hena Ne Mose?

Hena Ne Mose?

Sɛ wote Mose din a, dɛn na ɛba w’adwenem? Wokae no sɛ . . .

  • abofra ketewaa a ne maame de no asie kɛntɛn mu akɔto Nil asubɔnten ho?
  • aberantewa a Farao babea tetee no ma odii yiye wɔ Egypt nanso ne werɛ amfi sɛ ɔyɛ Israelni?
  • ɔbarima a ɔde mfe 40 hwɛɛ nguan wɔ Midianfo asase so?
  • ɔbarima a ɔne Yehowa * kasae wɔ nkyɛkyerɛ bi a ɛrehyew ho?
  • ɔbarima a ɔka sii Egypt hene anim sɛ ɔmma Israelfo mfi nkoasom mu?
  • ɔbarima a Onyankopɔn maa ɔde Ɔhaw Du baa Egyptfo so bere a wɔn hene buu Onyankopɔn animtiaa no?
  • ɔbarima a odii Israel dɔm anim fii Egypt?
  • ɔbarima a Onyankopɔn nam no so paee Po Kɔkɔɔ no mu?
  • ɔbarima a Onyankopɔn de Mmara Nsɛm Du no faa no so maa Israelfo?

NSƐM a yɛaka yi nyinaa fa Mose ho, nanso ɛnyɛ ɛno nko ara ne Mose ho nsɛm a ɛwɔ hɔ. Ɛnyɛ nwonwa sɛ Kristofo, Yudafo, ne Nkramofo nyinaa wɔ obu kɛse ma ɔbarima nokwafo yi!

Ɛda adi pefee sɛ, Mose yɛ odiyifo a ɔyɛɛ “ahude” pii. (Deuteronomium 34:10-12) Ɔmaa Onyankopɔn de no yɛɛ adwuma kɛse. Nanso na Mose yɛ onipa a mogya nam ne mu te sɛ yɛn ara. Bible ka sɛ bere a Yesu wɔ asase so no, ebinom huu Mose ne odiyifo Elia wɔ anisoadehu mu. Ná Mose te sɛ Elia, enti na “ɔwɔ nkate te sɛ yɛn ara.” (Yakobo 5:17; Mateo 17:1-9) Nsɛm a ɛto yɛn nnɛ no, ɛno ara bi na ɛtoo Mose, nanso otumi dii ne nyinaa so.

Wobɛpɛ sɛ wuhu nea ɛyɛe a otumi dii so? Ma yɛmfa su pa a Mose nyae no abiɛsa, na yɛnhwɛ nea yebetumi asua afi mu.

^ nky. 7 Bible ma yehu sɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn din.