Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 BƐN ONYANKOPƆN

“Onyankopɔn Dɔ Nea Ɔtew N’anim Ma”

“Onyankopɔn Dɔ Nea Ɔtew N’anim Ma”

Dɛn na obi de kyɛ wo a, ɛbɛma w’ani agye paa? Yɛn nyinaa, sɛ ɔdɔ ka obi ma ɔno ara fi ne komam kyɛ yɛn ade a, yɛn ani gye. Ɛba akyɛde mu a, obiara pɛ nea efi komam. Akyɛde saa nso na Onyankopɔn ani gye ho. Wo de, ma yɛnhwɛ asɛm a honhom kaa ɔsomafo Paulo ma ɔkyerɛwee wɔ 2 Korintofo 9:7.

Adɛn nti na Paulo kyerɛw asɛm yi? Ná ɔpɛ sɛ ɔhyɛ Kristofo a wɔwɔ Korinto no nkuran ma wɔboa wɔn nuanom Kristofo a wɔwɔ Yudea a ade ahia wɔn no. Ɔhyɛɛ Korintofo no anaa? Dabi. Mmom no, ɔkyerɛw wɔn sɛ: “Obiara nyɛ no sɛnea wasusuw wɔ ne komam, ɛnyɛ amemenemfe anaa ɔhyɛ so, efisɛ Onyankopɔn dɔ nea ɔtew n’anim ma.” Ma yɛntɔ yɛn bo ase nhwehwɛ saa afotusɛm no mu.

“Sɛnea wasusuw wɔ ne komam.” Sɛnea Paulo kyerɛe no, sɛ Kristoni amapa rekyɛ ade a, ofi “ne komam” na ɛkyɛ. Afei nso ommu n’ani ngu ne nuanom Kristofo ahiade so; ɔde kɔ adwennwene mu. Nhomanimfo bi kyerɛ sɛ Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “sɛnea wasusuw” no, ɛkyerɛ sɛ “wubedi kan adwen biribi ho ato hɔ.” Enti Kristoni di kan dwennwen ho hu nea ne nuanom hia, na wabisa ne ho ahwɛ nea obetumi ayɛ de aboa wɔn.1 Yohane 3:17.

“Ɛnyɛ amemenemfe anaa ɔhyɛ so.” Paulo kyerɛɛ akwan abien bi a sɛ Kristofo fa so kyɛ ade a ɛnyɛ papa; biako ne sɛ yɛbɛyɛ no amemenemfe mu, na biako nso ne sɛ obi bɛhyɛ yɛn ansa na yɛayɛ. Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “amemenemfe” no, nea ɛkyerɛɛ paa ne “awerɛhow mu (anaa, ahomegu mu).” Nhoma bi ka sɛ: Obi a ofi amemenemfe mu kyɛ ade anaa wɔhyɛ no ma ɔkyɛ ade no, ɛkyerɛ sɛ “ɛba ne tirim sɛ ɔde ne sika rebɛkyɛ a, na ɛyɛ ne yaw wɔ ne komam.” Sɛ obi kyɛ ade ɔhyɛ so a, ɛkyerɛ sɛ biribi na ɛhyɛ no ma ɔkyɛ ade, na emfi ne komam. Yɛn mu hena paa na ɔpɛ sɛ obi kyɛ no ade amemenemfe anaa ɔhyɛ so?

“Onyankopɔn dɔ nea ɔtew n’anim ma.” Paulo asɛm no kyerɛ sɛ, sɛ Kristoni nya yɛ n’adwene sɛ ɔbɛkyɛ ade a, ɛsɛ sɛ ɔtew n’anim na ɔde anigye yɛ. Enti sɛ obi tew n’anim kyɛ ade a, ɛma n’ani gye. (Asomafo Nnwuma 20:35) Nea ɔtew n’anim kyɛ ade no, obiara behu sɛ n’ani agye. Sɛnea ɔsomafo no kae sɛ “nea ɔtew n’anim” no, ɛma yehu sɛnea nea ɔrekyɛ ade no te nka wɔ ne mu, na ɛda adi nso. Sɛ obi tew n’anim kyɛ yɛn ade a, ɛka yɛn koma. Onyankopɔn nso ani gye. Bible nkyerɛase foforo ka sɛ: “Onyankopɔn dɔ nnipa a wɔpɛ adekyɛ.”Contemporary English Version.

“Onyankopɔn dɔ nnipa a wɔpɛ adekyɛ”

Nsɛm a honhom kaa ɔsomafo Paulo ma ɔkyerɛwee no yɛ biribi a ebetumi aboa Kristofo wɔ adekyɛ mu. Sɛ yɛn bere na yɛde rekyɛ oo, yɛn ahoɔden oo, yɛn ahode oo, momma emfi yɛn komam. Sɛ yɛkyɛ nkurɔfo ade nso a, momma yɛmfa anigye nyɛ, ɛnkanka wɔn a wohia mmoa. Sɛ yɛtew yɛn anim kyɛ ade a, ɛnyɛ anigye nko na yebenya, na mmom ɛbɛma yɛabɛn Onyankopɔn, efisɛ ‘ɔdɔ nea ɔtew n’anim ma.’

September Bible akenkan

1 ne 2 Korintofo