Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE TUMI SESA NNIPA

Bible Maa Menyaa Me Nsɛmmisa Ho Mmuaeɛ

Bible Maa Menyaa Me Nsɛmmisa Ho Mmuaeɛ
  • AFE A WƆWOO NO: 1987

  • ƆMAN A ƆFIRI MU: AZERBAIJAN

  • TEBEA A NA ƆWOM: NÁ NE PAPA YƐ KRAMONI, ƐNNA NE MAAME YƐ YUDANI

ME KANE ASETENA:

Wɔwoo me Azerbaijan kuro bi a wɔfrɛ no Baku. M’awofoɔ woo mmienu; me na meyɛ kaakyire. Ná me papa yɛ Kramoni, ɛnna me maame nso yɛ Yudani. Ná m’awofoɔ dɔ wɔn ho paa, na na ɔsom a obiara wom nha ne yɔnko. Sɛ Ramadan duru na me papa reyɛ kyiriwia a, na me maame yɛ nneɛma bi de boa no; ná ɔtumi di n’akyi ma yɛn nyinaa kɔfrɛ Nyame. Sɛ ɛduru berɛ a me maame nso redi Twam a, na me papa ma no kwan ma ɔkɔ hyiadan mu kɔsom. Ná yɛwɔ Koran, Torah, ne Bible wɔ yɛn fie.

Mebuu me ho sɛ meyɛ Kramoni. Ná megye di sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ, nanso na nneɛma bi kyere m’adwene. Ebi ne sɛ, ‘Adɛn nti na Onyankopɔn bɔɔ nnipa? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ onipa ba wiase bɛbrɛ, na owu nso a, wɔyɛ no ayayadeɛ wɔ Ɔbonsam gya mu?’ Afei nso, nkurɔfoɔ ka sɛ nea ɛbɛsi biara yɛ Onyankopɔn akwan, enti mebisaa me ho sɛ, ‘Enti Onyankopɔn na ɔma nnipa hu amane anaa? Na sɛ nnipa hu amane a, ɛma n’ani gye?’

Berɛ a medii mfie 12 no, mehyɛɛ aseɛ yɛɛ namaz. Namaz yɛ Nkramofoɔ mpaeɛ a wɔbɔ no mprɛ nnum da biara. Saa berɛ no ara mu na me papa de me ne me nuabaa panin kɔtoo Yudafoɔ sukuu bi mu. Nneɛma a wɔkyerɛɛ yɛn wɔ sukuu no mu bi ne Hebri kasa ne Torah. Da biara, ansa na yɛbɛfiri sukuu adesua ase no, na wɔkyerɛkyerɛ yɛn Yudafoɔ amammerɛ. Enti anɔpa biara, na meyɛ namaz wɔ fie, na meduru sukuu mu nso a, na me ne wɔn abɔ Yudafoɔ mpaeɛ.

Mereka yi nyinaa na m’ani abere rehwehwɛ me nsɛmmisa no ho mmuaeɛ. Rabifoɔ a wɔwɔ yɛn sukuu mu no, na metaa bisa wɔn sɛ: “Adɛn nti na Onyankopɔn bɔɔ nnipa? Me papa yɛ Kramoni, na ɔno nso Onyankopɔn bu no sɛn? Ɔyɛ onipa pa, ɛnneɛ adɛn nti na wɔbu no sɛ ne ho nte? Adɛn nti na Onyankopɔn bɔɔ no?” Menyaa mmuaeɛ kakra, nanso na ɛntɔ asom.

SƐNEA BIBLE SESAA M’ASETENA:

Afe 2002 mu no, me gyidie wɔ Onyankopɔn mu tu yeraeɛ koraa. Ɛne sɛ, yɛtu kɔɔ Germany; yɛkɔduruu hɔ no, nnawɔtwe pɛpɛɛpɛ na me papa dwodwoeɛ (stroke), na afei ɔkɔɔ kooma. Mede mfie bebree bɔɔ mpaeɛ maa m’abusuafoɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛnya apɔmuden na asi wɔn yiye. Ná mewɔ gyidie sɛ adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no nko ara na ɔwɔ owuo ne nkwa so tumi, enti da biara da na mebɔ mpaeɛ sɛ ɔmmoa me papa na wanwu. Ná menim sɛ, ‘Abɔfra a meresrɛ Onyankopɔn adeɛ deɛ, ɛnyɛ no den sɛ ɔbɛyɛ m’abisadeɛ ama me.’ Ná mewɔ gyidie paa sɛ ɔbɛtie me sufrɛ. Nanso me papa wuiɛ.

Ɛyɛɛ me ya paa sɛ Onyankopɔn antie me mpaebɔ, na m’adwene tu fraeɛ. Ɛyɛɛ me sɛ ‘ebia sɛnea mebɔ mpaeɛ no, ɛnyɛ ne kwan so anaa ɛbɛtumi aba sɛ Onyankopɔn nni hɔ.’ M’abam buiɛ enti megyaee namaz mpaeɛ no koraa. Ɔsom ahodoɔ a aka no nso, emu biara nni hɔ a na m’ani gye ho, enti nea mekaeɛ ne sɛ Onyankopɔn nni hɔ.

Bosome nsia akyi no, Yehowa Adansefoɔ baa me fie. Ná me ne me nuabaa no ani nnye Kristosom ho, enti yɛyɛɛ adwene sɛ yɛbɛfa nyansakwan bi so ama wɔahu sɛ nea wɔreka no nyɛ nokorɛ. Yɛbisaa wɔn sɛ: “Adɛn nti na Kristofoɔ som Yesu, krɔɔs, Maria, ne ahoni ahodoɔ a Mmara Nsɛm Du no kasa tia?” Adansefoɔ no kenkanee twerɛ nsɛm ahodoɔ kyerɛɛ yɛn, na ɛma yɛbɛhuu sɛ ɛnsɛ sɛ nokorɛ Kristofoɔ som ohoni biara. Afei nso, yɛbɛhuu sɛ Onyankopɔn nko ara na ɛsɛ sɛ yɛbɔ no mpaeɛ. Asɛm no maa me ho dwirii me.

Enti yɛsan bisaa wɔn sɛ: “Baasakorɔ nso ɛ?” Sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn a, ɛnneɛ ɛyɛɛ dɛn na ɔtumi bɛtenaa asase so maa nnipa kum no?” Ɛno nso, wɔde Bible kyerɛɛ mu sɛ, Yesu nyɛ Onyankopɔn na ɔne Onyankopɔn nyɛ pɛ nso. Adansefoɔ no kyerɛɛ sɛ, ɛno nti wɔnnye Baasakorɔ nni. Ɛyɛɛ me nwanwa yie, enti mebisaa me ho sɛ, ‘Kristofoɔ bɛn ni?’

Ne nyinaa akyi no, na mepɛ sɛ mehu nea enti a nnipa wu ne nea enti a Onyankopɔn ma kwan ma nnipa hu amane. Adansefoɔ no de nwoma bi kyerɛɛ me, na na m’asɛmmisa no ho mmuaeɛ wom. Nwoma no ne Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu. * Ɛhɔ ara na wɔne me yɛɛ nhyehyɛe sɛ wɔne me bɛsua Bible.

Berɛ biara a wɔne me bɛsua adeɛ no, na menya me nsɛmmisa ho mmuaeɛ a ɛtɔ asom firi Bible mu. Mebɛhuu sɛ Onyankopɔn din de Yehowa. (Dwom 83:18) Ne su titire ne ɔdɔ; ɔnyɛ pɛsɛmenkomenya. (1 Yohane 4:8) Ná ɔpɛ sɛ nnipa nso ba wiase bɛtena nkwa mu, ɛno nti na ɔbɔɔ wɔn no. Mesan huu sɛ ɛwom sɛ Onyankopɔn ama kwan ma atɛnkyea ɛrekɔ so deɛ, nanso n’ani nnye ho, enti ɔbɛtu aseɛ nnansa yi ara. Mebɛhuu nso sɛ bɔne a Adam ne Hawa yɛeɛ adi nnipa nya paa. (Romafoɔ 5:12) Ɔhaw a akɔfa aba no bi ne sɛ yɛhwere yɛn adɔfoɔ wɔ owuo mu te sɛ nea m’ahwere me papa no. Nanso, Onyankopɔn de wiase foforɔ bi reba; ɛhɔ deɛ ɔhaw biara nni hɔ. Wɔn a wɔawuwu no nso bɛsan aba nkwa mu bio.Asomafoɔ Nnwuma 24:15.

Bible maa menyaa me nsɛmmisa ho mmuaeɛ. Mesan bɛnyaa Onyankopɔn mu gyidie. Nkakrankakra, mebɛhuu Yehowa Adansefoɔ yie, na mehuu nso sɛ wɔwɔ wiase baabiara. Ɔdɔ ne baakoyɛ a ɛwɔ wɔn ntam no yɛɛ me fɛ paa. (Yohane 13:34, 35) Nneɛma a mesua faa Yehowa ho no maa meyɛɛ m’adwene sɛ mɛsom no, enti mesii gyinaeɛ sɛ mɛyɛ Yehowa Danseni. Ne saa nti January 8, 2005 mu no, mebɔɔ asu.

SƐNEA ABOA ME:

Bible mu nsɛm mu da hɔ na nteaseɛ wom, enti asesa m’asetena ama ayɛ papa. Onyankopɔn Asɛm mu nokorɛ a m’abɛhu no ama me koma atɔ me yam. Ɛbɔ a Onyankopɔn ahyɛ wɔ n’Asɛm mu sɛ ɔbɛnyane awufoɔ no nti, mewɔ anidasoɔ sɛ mɛsan ahu me papa bio. Ɛno ama manya awerɛkyekyerɛ ne anigyeɛ kɛse.Yohane 5:28, 29.

Me ne Jonathan, ɔbarima a osuro Onyankopɔn de anigyeɛ atena sɛ awarefoɔ mfie nsia ni. Yɛn mmienu nyinaa abɛhu sɛ nokwasɛm a ɛfa Onyankopɔn ho no mu da hɔ, na nteaseɛ wom. Ɛyɛ agyapadeɛ a ɛso bi nni. Ɛno nti yɛn ani gye ho sɛ yɛbɛka yɛn gyidie ne anidasoɔ a yɛanya no ho asɛm akyerɛ nkurɔfoɔ. Seesei deɛ, m’abɛhu sɛ Yehowa Adansefoɔ nyɛ nnipa bi kɛkɛ, na mmom wɔyɛ nokorɛ Kristofoɔ ankasa.

^ nky. 15 Yehowa Adansefoɔ na wɔtintimiiɛ nanso seesei deɛ wɔagyae tintim.