Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nea Ɛbɛma Wo Nyini Ayɛ Fɛ

Nea Ɛbɛma Wo Nyini Ayɛ Fɛ

SƐ WOKAE sɛ daakye wobɛbɔ akwakoraa anaa aberewa a, ɛyɛ a wote nka sɛn? Ebinom wɔ hɔ a, ɛma wɔbɔ hu, na ɛde adwendwene bɛto wɔn so, efisɛ onyini mu wɔ nsɛm pii. Ɛtumi ma obi ho twintwam, ɔyɛ mmerɛw, ne werɛ taa firi ade, na yare nso mpa ne ho.

Nanso nokwasɛm ne sɛ, ɛsono sɛnea obiara nyini te. Ebinom wɔ hɔ a, wɔanyini nanso yare ntaa nhaw wɔn, wɔngogowee, na wɔn adwenem nso da hɔ. Ɛnnɛ, nkɔanim a wɔanya wɔ nnuruyɛ mu nti, ebinom atumi anya wɔn yare a anka ɛyɛ den sɛ wɔbɛsa no ano aduro, anaa wɔatumi asɔ ano. Wei nti, wɔ aman bi so no nnipa pii tumi nyini kyɛ.

Nanso, sɛ́ yɛrehyia ɔhaw a onyini de ba oo, sɛ́ yɛnhyia bi oo, nea nnipa pii pɛ ne sɛ wɔbɛnyini na wɔn nyini ayɛ fɛ. Ɛbɛyɛ dɛn ayɛ yie saa? Sɛ yɛbɛnyini ma yɛn nyini ayɛ fɛ a, ɛgyina yɛn ankasa so; yɛn nneyɛe ne sɛnea yɛbɛgye tebea a yɛaba mu no atom no na ɛbɛkyerɛ. Momma yɛnsusuw Bible mu nsɛm kakra a ɛbɛtumi aboa yɛn ho nhwɛ.

NYA AHOBRƐASE: “Ahobrɛasefoɔ na nyansa ne wɔn teɛ.” (Mmebusɛm 11:2) “Ahobrɛasefoɔ” a yɛreka wɔn ho asɛm wɔ ha yi bɛtumi afa nkwakoraa ne mmerewa a wɔgye tom sɛ seesei onyini nti, ɛnyɛ biribiara na wɔbɛtumi ayɛ no ho. Charles wɔ Brazil, na wadi mfe 93. Nea ɔkae ne sɛ: “Sɛ yɛanwu ntɛm nko ara de a, ɛdane sɛ boɔ koraa a yɛbɛbɔ akwakoraa anaa aberewa; yɛyɛ ho hwee a ɛrenyɛ yie.”

Ahobrɛase ho asɛm a yɛreka yi nkyerɛ sɛ sɛ obi anyini a, ɛsɛ sɛ ɔde nsɛm bi yiyi ne ho ano ka sɛ, “Seesei mabɔ akwakoraa anaa aberewa, enti hwee nni hɔ a mɛtumi ayɛ.” Sɛ yɛnya adwene a ɛte saa a, ɛbɛtumi ama yɛn abam abu anaa yɛn ahoɔden so ate. Mmebusɛm 24:10 ka sɛ, “W’aba mu abu ahohia da mu anaa? W’ahoɔden so bɛte.” Obi a ɔwɔ ahobrɛase yɛ n’ade nyansa mu, na ɔyɛ nea ɔbɛtumi biara sɛnea ne tebea bɛma no kwan.

Corrado a ɔwɔ Italy a wadi mfe 77 kaa asɛm bi a ɛtɔ asom paa. Ɔkaa sɛ: “Sɛ woreka kar na wodu bepɔw so na sɛ woansesa kar no gyea a, wo kar no gya bedum.” Saa ara nso na wonyini du baabi a, ɛhia sɛ woyɛ nneɛma bi mu nsakrae, anyɛ saa a ɛbɛhaw wo. Corrado ne ne yere ahu ɔkwampa a wɔfa so yɛ fie nnwuma sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛwie no, na wɔmmrɛɛ pii; wɔyɛ no sɛnea wɔn ahoɔden bɛtumi. Marian nso wɔ Brazil; wadi mfe 81. Ɔno nso te mpaninyɛ ase paa. Ɔkaa sɛ, “Masua sɛ meremfa nnwuma pii mmobɔ so nhaw me ho. Sɛ mereyɛ biribi na sɛ mete nka sɛ mabrɛ a, ntɛm ara na magye m’ahome. Metumi tena ase anaa meda hɔ kenkan ade anaa metie nnwom. Seesei mahu sɛ ɛnyɛ biribiara na mɛtumi ayɛ.”

Siesie wo ho sɛnea ɛfata

SIESIE WO HO SƐNEA ƐFATA: “[Ɛsɛ sɛ] mmaa de fɛreɛ ne adwenemteɛ hyɛ ntadeɛ a ɛfata.” (1 Timoteo 2:9) Asɛm “ntadeɛ a ɛfata” no kyerɛ ntade a ɛho twa na asɛm biara nni ho. Obi a ɔwɔ Canada a wɔfrɛ no Barbara adi mfe 74. Ɔkaa sɛ: “Mebɔ mmɔden sɛ mɛsiesie me ho kama. Ɛnyɛ sɛ m’ani afi ara nti, atade biara a me nsa bɛsɔ mu no na mafa awura.” Fern nso wɔ Brazil, na wadi mfe 91. N’asɛm ne sɛ: “Ɛwom araa na matɔ ntadeɛ foforo afra mu. Mehyɛ a ɛma me ho bae me.” Na nkwakoraa nso ɛ? Momma yɛntie nea Antônio a ɔwɔ Brazil a wadi mfe 73 nso ka. Ɔse, “Mebɔ mmɔden sɛ mɛsiesie me ho kama, ahyɛ ntade a ani tew na ɛho twa.” Nea ɛbɛyɛ na ne ho atew no, ɔka sɛ, “Da biara da medware yi m’abɔdwesɛ.”

Ɛwom sɛ ahosiesie ho hia deɛ, nanso ɛnsɛ sɛ obi de n’adwene si so araa ma ne werɛ fi sɛ ɔde “adwenemteɛ” bɛsiesie ne ho. Bok-im wɔ South Korea, na wadi mfe 69. Ɔno nso hwɛ n’ahosiesie yie. Ɔkaa sɛ: “Menim sɛ ɛmfata sɛ mɛhyɛ ntade bi a na mehyɛ bere a na meyɛ ababaa no.”

Nya adwempa

NYA ADWEMPA: “Mmɔborɔni deɛ, da biara nyɛ mma no; na deɛ ɔwɔ anigyeɛ akoma no wɔ apontoɔ mu daa.” (Mmebusɛm 15:15) Bere a worenyini no, sɛ wokae sɛ afei wontumi nyɛ nneɛma a bere a woyɛ ɔbabun no na wotumi yɛ no a, ebia w’abam bɛbu anaa wobɛte nka sɛ wonsɛ hwee. Sɛ wote nka saa a, ntease wom. Nanso, hwɛ na woamma nneɛma a seesei wontumi nyɛ no anhyɛ wo so. Sɛ wode w’adwene si nea na wotumi yɛ no so pii a, ɛbɛtumi ama w’abam abu, na nea seesei wobɛtumi ayɛ mpo no, ɛbɛyɛ wo sɛ wontumi nyɛ. Joseph a ɔwɔ Canada adi mfe 79, na ɔwɔ adwene a ɛfata wɔ mpaninyɛ ho. Ɔka sɛ: “Mede anigye yɛ nea m’ahoɔden bɛtumi ama mayɛ, na nea seesei mentumi nyɛ no deɛ, menni ho abooboo.”

Akenkan ne adesua nso bɛtumi ama woanya adwene a ɛfata wɔ nea wobɛtumi ayɛ ho, efisɛ ebue w’adwenem. Enti sɛ ɛbɛyɛ yie a, fa hokwan biara a wobɛnya no kenkan ade na sua nneɛma foforo. Ernesto wɔ Philippines, na wadi mfe 74. Ɔtaa kɔ nwomakorabea kɔkenkan nwoma ahorow a emu yɛ dɛ. Ɔka sɛ, “Sɛ mehu nneɛma a ɛkɔ so wɔ mmeae afoforo a, ɛma m’ani gye paa, na sɛ mekenkan ade a, ɛte sɛ nea matu kwan akɔ saa mmeae no.” Lennart a wadi mfe 75 a ɔwɔ Sweden no mpo deɛ, wasua kasa foforo ɛmfa ho sɛ kasasua yɛ den no.

Da ayamye adi

DA AYAMYE ADI: “Monkɔ so mma na nkurɔfoɔ ama mo.” (Luka 6:38) Fa yɛ wo su sɛ wode wo bere ne w’ahode bɛboa afoforo. Ɛbɛma woate nka sɛ wo nso woayɛ biribi, na ɛbɛma w’ani agye. Hosa a ɔwɔ Brazil a wadi mfe 85 no nni ahoɔden, nanso ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛboa afoforo. N’asɛm ne sɛ: “Mefrɛ me nnamfo a wɔyare anaa wɔn abam abu no wɔ tɛlɛfon so, na mekyerɛw wɔn krataa. Ɛtɔ mmere bi a, mekɔkyɛ wɔn biribi kakra. Afei nso metumi noa aduane anaa meyɛ anonne kakra kɔma wɔn a wɔyare.”

Benkum dware nifa, ɛnna nifa nso dware benkum. Jan adi mfe 66, na ɔwɔ Sweden. Ɔno nso kyerɛ sɛ: “Sɛ woyɛ nneɛma ma afoforo de kyerɛ sɛ wodɔ wɔn a, wɔn nso bɛdɔ wo bi.” Obi a ne yam yɛ no, daa ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ nneɛma a ɛbɛma afoforo ani agye.

TEW W’ANIM MA AFOFORO: “Deɛ ɔte ne ho no hwehwɛ deɛ ɔno ara pɛ; ɔtwe ne ho firi nyansa nyinaa ho.” (Mmebusɛm 18:1) Ɛwom, ɛtɔ da a ebia wobɛpɛ sɛ wo nko ara wotena hɔ dwendwene wo ho, nanso ntew wo ho bere nyinaa. Innocent wɔ Nigeria, na wadi mfe 72. Sɛ ɔne afoforo bɔ fekuo a, n’ani gye. Ɔka sɛ, “Metumi ne mpanin ne mmofra nyinaa bɔ ma m’ani gye.” Börje adi mfe 85, na ɔwɔ Sweden. Ɔno nso ka sɛ: “Mebɔ mmɔden sɛ me ne mmerante ne mmabaa bɛbɔ. Sɛ me ne wɔn bɔ a, mete nka sɛ me nso mayɛ aberante.” Ɛyɛ a w’ankasa to nsa frɛ nkurɔfo ma wɔmmɛsra wo. Han-sik wɔ South Korea, na wadi mfe 72. N’asɛm ne sɛ: “Me ne me yere tumi to nsa frɛ mmofra ne mpanin ma yɛbom gye yɛn ani anaa yɛdidi.”

Tew w’anim ma afoforo

Obi a ɔpɛ nnipa no nim sɛnea wɔbɔ nkɔmmɔ. Nkɔmmɔ nso deɛ, ɔbaakofoɔ nni, enti yɛ aso tie nea afoforo nso bɛka. Ma nkurɔfo nhu sɛ wodwene wɔn ho. Helena a wadi mfe 71 no wɔ Mozambique, na asɛm a ɔkae ne sɛ: “Mete m’anim ma nnipa, na medi obiara ni. Meyɛ aso tie nea wɔka sɛnea ɛbɛyɛ a mɛhu wɔn adwene ne nea wɔn ani gye ho.” José adi mfe 73, na ɔwɔ Brazil. Ɔkaa sɛ: “Otiefo pa wɔ tema, ɔdwene afoforo ho, ɔkamfo afoforo bere a ɛfata, na ne ho yɛ anika, enti nkurɔfo anigye ho sɛ wɔbɛbɛn no.”

Sɛ worekasa a, ma “nkyene mmra mu” anaa ma wo kasa nyɛ dɛ. (Kolosefoɔ 4:6) Ka nsɛm a ɛhyɛ nkuran.

KYERƐ NNEƐMA HO ANISƆ: ‘Kyerɛ nneɛma ho anisɔ.’ (Kolosefoɔ 3:15) Sɛ obi yɛ ade ma wo a, ma w’ani nsɔ. Sɛ woda afoforo ase wɔ nea wɔayɛ ama wo ho a, mo adamfofa mu bɛyɛ den. Marie-Paule adi mfe 74, na ɔwɔ Canada. N’asɛm ne sɛ: “Ná me ne me kunu te fie kɛse bi mu, na akyiri yi yɛtu kɔtenaa ketewa mu. Bere a yɛretu no yɛn nnamfonom pii bɛboaa yɛn. Yɛn ani sɔɔ nea wɔyɛe no paa. Akyiri yi yɛkyerɛw krataa kɔdaa wɔn ase, na ɛfiri saa bere no, yɛto nsa frɛ wɔn mu binom ma yɛne wɔn bom didi.” Jae-won nso adi mfe 76, na ɔwɔ South Korea. N’ani sɔ sɛnea nkurɔfo de wɔn kar bɛfa no kɔ Ahenni Asa so san de no ba no. Ɔkaa sɛ: “M’ani sɔ nea wɔyɛ ma me no paa, enti mebɔ mmɔden sɛ me nso mɛyi sika kakra ma wɔde atɔ pɛtro. Ɛtɔ da nso a, mekyerɛw krataa de akyɛde kakra ka ho kɔda wɔn ase.”

Nea ɛsen ne nyinaa no, kyerɛ nkwa a wowɔ no ho anisɔ. Ɔhene Solomon nyansafo no ma yɛhu sɛ, “Kraman a ɔte aseɛ yɛ sene gyata a wawuo.” (Ɔsɛnkafoɔ 9:4) Enti sɛ yɛnya mpaninyɛ ho adwene a ɛfata, na yɛgye tebea a yɛaba mu no tom yɛ nsakrae a, ɛbɛtumi ama yɛn nyini ayɛ fɛ.

Kyerɛ nneɛma ho anisɔ