Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TETE NYANSASƐM A ƐNTWAM DA

Momfa Mfiri Korakora

Momfa Mfiri Korakora

BIBLE AFOTUSƐM: “Sɛ obi wɔ asɛm tia ne yɔnko a, monkɔ so . . . na momfa mfirifiri mo ho korakora. Sɛdeɛ Yehowa de afiri mo no, mo nso monyɛ saa ara.”—Kolosefoɔ 3:13.

Asɛm yi kyerɛ sɛn? Bible mu no, wɔde bɔne toto ɛka ho, ɛnna wɔde bɔne fafiri nso toto ɛka a wɔatwa mu ho. (Luka 11:4) Nhwehwɛmu nwoma bi kyerɛ sɛ Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “fafiri” wɔ Bible mu no, ɛkyerɛ sɛ, “wode obi ka bɛkyɛ no korakora.” Ɛno nti, sɛ yɛde obi mfomso firi no a, ɛkyerɛ sɛ yɛagyae biribiara mu ama aka. Sɛ yɛde obi bɔne kyɛ no a, ɛnkyerɛ sɛ yɛsosɔ ne so, na ɛnkyerɛ nso sɛ nea ɔde ayɛ yɛn no nyɛ yɛn ya. Sɛ yɛn asɛm yɛ dɛ mpo a, yɛmpɛ sɛ yɛde onipa no ho asɛm bɛhyɛ yɛn mu.

Yɛbɛtumi de asɛm yi abɔ bra nnɛ? Bɔne wɔ yɛn nyinaa ho. (Romafoɔ 3:23) Ɛno nti, ɛyɛ papa sɛ sɛ afoforo yɛ yɛn bɔne a yɛde kyɛ wɔn, efisɛ ɛnyɛ dɛn ara a yɛn nso, yɛbɛfom obi. Bio nso, sɛ yɛde afoforo mfomso firi wɔn a, yɛn ara na ɛboa yɛn. Adɛn nti na yɛreka saa?

Sɛ obi yɛ yɛn bɔne, na yɛamfa amfiri no, na sɛ yɛde hyɛ yɛn mu a, ɛpira yɛn. Sɛ yɛde obi ho asɛm hyɛ yɛn mu a, ɛsɛe yɛn anigye, ɛmma yɛntumi nkɔ baabi a onii no wɔ, na ɛbɛma yɛn asɛm ayɛ mmɔbɔ. Afei nso, ɛbɛtumi ama yɛayare. Ɔbenfo Yoichi Chida ne adwene ho nimdefo Andrew Steptoe de too dwa sɛ: “Nhwehwɛmu a wɔayɛ nnansa yi no da no adi sɛ sɛ yɛde obi ho asɛm hyɛ yɛn mu a, ɛbɛtumi ama yɛanya komayareɛ.”—Journal of the American College of Cardiology.

Nanso sɛ yɛde bɔne kyɛ a, ɛboa yɛn paa. Ɛboa ma asomdwoe ne baakoyɛ tena yɛne yɛn nuanom ntam, na ɛma yɛne wɔn ntam yɛ kama. Nea ɛsene ne nyinaa no, yɛkyerɛ sɛ yɛresuasua Onyankopɔn a ɔde wɔn a wɔanu wɔn ho bɔne firi wɔn no. Ɔpɛ sɛ yɛn nso yɛyɛ saa ara.—Marko 11:25; Efesofoɔ 4:32; 5:1.