Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nhyehyɛe a Yɛde Di Nkurɔfo Ho Nsɛm Ho Dwuma Wɔ Wiase Nyinaa

Nhyehyɛe a Yɛde Di Nkurɔfo Ho Nsɛm Ho Dwuma Wɔ Wiase Nyinaa

NKURƆFO HO NSƐM A YƐDE DI DWUMA

Wɛbsaet yi so mmeae pii wɔ hɔ a, ɛho nhia sɛ wohyehyɛ biribiara anaa wode wo ho nsɛm ma yɛn ansa na woatumi de ayɛ adwuma. Nanso ne fã ahorow bi wɔ hɔ a, ɛnyɛ obiara na otumi kɔ hɔ, gye wɔn a yɛagye wɔn atom, anaa wɔde wɔn abisade anaa akwammisa nkrataa (application) afa intanɛt so ama yɛn, ne wɔn a Yehowa Adansefo asafo bi afa jw.org so de wɔn ho nsɛm amena yɛn. Sɛ yɛde wo ho nsɛm a wode ama yɛn no bɛyɛ adwuma a, gye sɛ woama yɛn kwan. Ɛtɔ mmere bi a, obi betumi aka sɛ hokwan nni hɔ sɛ yɛde ne ho nsɛm yɛ adwuma bio, nanso ebia biribi nti, mmara bɛma kwan sɛ yɛmfa ne ho nsɛm no nyɛ adwuma.

Atirimpɔw nti a ɛho behiae sɛ wode wo ho nsɛm fa wɛbsaet so ma yɛn no nko ara ho na yɛbɛhwɛ de wo ho nsɛm ayɛ adwuma. Ebetumi ayɛ atirimpɔw a edidi so yi mu biara:

Accounts. Sɛ worebue account wɔ wɛbsaet yi so a, yegye wo e-mail address. Sɛ ehia sɛ yɛne wo di nkitaho fa account a woabue no ho a, yɛde bɛfa e-mail address a wode maa yɛn no so. Ma yɛmfa no sɛ wo werɛ afi edin a ɛda account a wubuei no so, anaa ebia wo werɛ afi wo password. Ɛba saa a, e-mail address a wode maa yɛn no, yɛbɛfa so de mmoa a wuhia ama wo.

Applications. Wubetumi afa wɛbsaet yi so de w’abisade anaa w’akwammisa krataa amena, na saa ara nso na asafo a wowom no betumi afa wɛbsaet yi so de wo ho nsɛm amena. Ɛba saa a, wo ho nsɛm a wode ama yɛn no nko ara na yɛde bɛyɛ adwuma anaa yebegyina so asi gyinae ahorow. Sɛ yɛreyɛ w’abisade no ho adwuma a, ebia yɛde wo ho nsɛm bɛma Yehowa Adansefo ɔfese ahorow anaa nnwumakuw afoforo a wɔwɔ aman ahorow so a yɛne wɔn yɛ adwuma no.

Ntoboa. Sɛ wofa intanɛt so yi ntoboa a, yegye wo din ne nsɛm afoforo a ebetumi ama yɛne wo adi nkitaho. Sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn nsa betumi aka ntoboa a wode credit card yi no, yɛfa ɔkwan a wɔde tua sika a wɔabɔ ho ban pa ara, na wotumi bɔ nkurɔfo nsɛm ho ban yiye wɔ intanɛt so na ɛyɛ saa. Yebetumi agye wo sikasɛm ho nsɛm bi te sɛ wo credit card anaa account nɔma biara a wopɛ sɛ wode yi ntoboa no. Wei bɛboa yɛn ama yɛatumi ayɛ ntoboa no ho ntotoe, na yɛde nsɛm a ehia amena wɔn a wɔbɛma yɛn nsa aka sika no. Sɛ yɛreyɛ wo ntoboa no ho adwuma a, yɛde akwankyerɛ a ɛwɔ Payment Card Industry Data Security Standard (“PCI DSS”) mu no na ɛyɛ adwuma. Wɔn a ntoboa no bɛkɔ akodi wɔn nsam no, anyɛ yiye koraa no, wɔde ɛho nkrataasɛm no sie bɛyɛ mfe du. Ebetumi ayɛ da a wuyii ntoboa no, sika dodow a wode mae, ne ɔkwan a wofaa so yii ntoboa no. Wei bɛboa yɛn ama yɛatumi de sikasɛm ho akwankyerɛ a yɛwɔ no ayɛ adwuma. Afei, ɛbɛboa yɛn ama yɛabua nsɛmmisa ahorow a wubebisa saa bere no. Yɛremfrɛ wo nsrɛ wo sika biara.

Bere a worepɛ biribi ho nsɛm pii anaa wopɛ sɛ obi ne wo besua Bible. Wubetumi afa yɛn wɛbsaet yi so ahwehwɛ biribi ho nsɛm pii anaa woama obi ne wo abesua Bible. Nea enti a wode wo ho nsɛm maa yɛn no, ɛno nko ara so na yɛbɛhwɛ de nsɛm no ayɛ adwuma. Sɛ yɛreyɛ w’abisade ho adwuma a, ebia yɛde wo ho nsɛm bɛma Yehowa Adansefo ɔfese ahorow anaa nnwumakuw afoforo a wɔwɔ aman horow so a yɛne wɔn yɛ adwuma no.

Atirimpɔw Afoforo. Ɛnyɛ account a wubebue, w’akwammisa nkrataa a wode bɛmena, anaa ntoboa a wubeyi nko ara nti na wode wo ho nsɛm (te sɛ wo din, address, ne tɛlɛfon nɔma) bɛma yɛn. Wubetumi de wo ho nsɛm ama yɛn de adi atirimpɔw afoforo ho dwuma. Sɛ yɛpɛ sɛ yegye wo ho nsɛm biara a, yɛma wuhu atirimpɔw nti a yɛregye. Sɛ yentumi nhu nea enti a wode wo ho nsɛm maa yɛn a, yɛremfa nni dwuma.

Yegye wo ho nsɛm, kora so, de di atirimpɔw nti a wode maa yɛn no nko ara ho dwuma. Afei, yɛkora wo ho nsɛm no so kosi sɛ atirimpɔw nti a yegyei anaa wode maa yɛn no bɛba awiei, anaa ebia biribi nti ebehia sɛ yɛkora so. Sɛ wopaw sɛ woremfa wo ho nsɛm mma yɛn a, ebia worentumi mfa wɛbsaet no fã bi nyɛ adwuma anaa yɛrentumi nni w’abisade no ho dwuma.

Wɔn a wɔreboa yɛn ama yɛadi w’abisade no ho dwuma, ne wɔn a wɔyɛ yɛn kɔmputa ahorow ho adwuma no nso nsa tumi ka wo ho nsɛm a wode ama yɛn no. Yɛmfa wo ho nsɛm mma obiara gye sɛ (1) ɛho behia sɛ yɛyɛ saa na ama yɛadi w’abisade no ho dwuma, nanso yɛbɛka ho asɛm akyerɛ wo ansa; (2) yegye di pa ara sɛ ɛno ne ɔkwan a ehia sɛ yɛfa so na yɛatumi adi mmara ahorow so; (3) ebia aban anaa mmara hwehwɛ sɛ yɛyɛ saa; anaa (4) ehia sɛ yɛyɛ saa de bɔ yɛn ho ban fi nsɛmmɔnedifo anaa akorɔmfo ho, na yɛbɔ wɛbsaet no ho ban. Sɛ wode wɛbsaet yi yɛ adwuma a, ɛkyerɛ sɛ wugye tom sɛ yebetumi de wo ho nsɛm no ama nnwumakuw afoforo a yɛne wɔn yɛ adwuma no, na ama yɛatumi adi atirimpɔw nti a wode maa yɛn no ho dwuma. Sɛ wode wo ho nsɛm ma yɛn wɔ wɛbsaet yi so a, yɛrentɔn, yɛremfa mma obi nnye biribi nsi ananmu, na yɛrenkyekyɛ mma obiara.

NKURƆFO HO NSƐM A YƐDE MENA AMAN HOROW

Yehowa Adansefo ahyehyɛde no nam nnwumakuw a ɛwɔ aman horow so na ɛyɛ adwuma wɔ wiase baabiara. Yɛn servers a ɛma wɛbsaet no yɛ adwuma no bi wɔ United States of America. Ebetumi aba sɛ, yɛde wo ho nsɛm bɛkɔ ɔman foforo so. Yɛde bɛkɔ aman a ebia wɔn mmara a ɛbɔ nkurɔfo ho nsɛm ho ban no di mũ sen ɔman a wote mu no de. Sɛ yɛde wo ho nsɛm no remena a, yɛyɛ nea yebetumi nyinaa bɔ ho ban. Adwumakuw biara a wɔboa Yehowa Adansefo ma wɔyɛ wɔn nnwuma no, yɛhwɛ kwan sɛ wobedi mmara ne akwankyerɛ biara a yɛde bɔ nkurɔfo ho nsɛm ho ban no so.

Sɛ wode yɛn wɛbsaet yi yɛ adwuma, na wofa ɛlɛtrɔnik so ne yɛn di nkitaho a, nea ɛkyerɛ ne sɛ, wugye tom sɛ yebetumi de wo ho nsɛm amena ɔman foforo.

WO FAHODI

Sɛ yɛredi atirimpɔw nti a wode wo ho nsɛm mae no ho dwuma a, yɛyɛ nea yebetumi biara hwɛ sɛ wo ho nsɛm no nyinaa yɛ pɛpɛɛpɛ na ɛyɛ nokware. Sɛ wohwɛ ɔman a wote mu ne mmara a wɔde bɔ nkurɔfo ho nsɛm ho ban a, wubetumi anya hokwan ahorow bi wɔ wo ho nsɛm a wode ama yɛn no ho. Ebi ne sɛ:

  • Sɛ mmara ma kwan a, wo ho nsɛm a yɛagye ne nea yɛde yɛ no, wubetumi abisa ho nsɛm;

  • Sɛ wo ho nsɛm no nni mũ anaa ɛnyɛ pɛpɛɛpɛ a, wubetumi abisa na yɛama wo kwan sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi ayɛ mu nsakrae, ayi afi hɔ, anaa woasiw kwan sɛnea obiara rentumi mfa nyɛ adwuma;

  • Sɛ wowɔ nnyinaso pa bi nti a wompɛ sɛ yɛde wo ho nsɛm yɛ adwuma bio a, wubetumi aka akyerɛ yɛn ama yɛagyae.

Sɛ ɔman a wote mu no, mmara a ɛbɔ nkurɔfo ho nsɛm ho ban wɔ hɔ, na wopɛ sɛ wo ho nsɛm a wode ama yɛn no, wohwɛ mu yɛ emu nsakrae, anaa wuyi fi hɔ a, ebia wubehu onii a ɛsɛ sɛ wofrɛ no wɔ Aman a Wɔwɔ Mmara a Wɔde Bɔ Nkurɔfo Ho Nsɛm Ho Ban Address afã hɔ.

Sɛ yɛn nsa ka w’abisade a ɛne sɛ wopɛ sɛ wo ho nsɛm a wode ama yɛn no, wohwɛ mu yɛ emu nsakrae, anaa wuyi fi hɔ a, yɛbɛhwɛ sɛ yɛwɔ adanse a edi mũ a ɛkyerɛ sɛ ɛyɛ wo ara na worebisa anaa. Afei wɔn a wɔredi wo ho nsɛm ho dwuma no besusuw ho ahwɛ sɛ ebia w’abisade no rentia ahyehyɛde no mmara wɔ ɔkwan biara so anaa. Yɛbɛhwɛ sɛ ebia w’abisade no renkɔfa ɔhaw biara mmrɛ asafo no fahodi a wɔde resom no anaa. Afei adwumakuw biara a yɛne no reyɛ wo ho nsɛm no ho adwuma nso, yɛbɛbɔ no amanneɛ sɛ nsakrae a aba ni.

Yɛsrɛ wo hyɛ no nsow sɛ, sɛ mmara hwehwɛ sɛ yɛde wo ho nsɛm yɛ adwuma anaa yɛkora so a, ebia yɛrempopa. Sɛ nhwɛso no, ankorankoro biara a ɔyɛ Yehowa Adansefo no, ahyehyɛde no pɛ sɛ ɔkora ne ho nsɛm so afebɔɔ. Sɛ wopopa saa nsɛm no a, ɛbɛkyerɛ sɛ woatiatia ahyehyɛde no gyidi a wɔwɔ ne wɔn nhyehyɛe so. Sɛ woka sɛ yɛmpopa wo ho nsɛm a wode ama yɛn no a, mmara na ɛbɛkyerɛ. Sɛ mmara no hwehwɛ sɛ yɛde wo ho nsɛm ma aban anaa ɛhwehwɛ sɛ yɛde wo ho nsɛm no sie kodu bere bi a, ɛnde sɛ woka sɛ yɛmpopa a, mmara no na ɛbɛkyerɛ. Sɛnea yɛde wo ho nsɛm a wode ama yɛn wɔ wɛbsaet yi so yɛ adwuma no, sɛ wonte ase a, adwumakuw a ɛhwɛ sɛ wɔbɛbɔ nkurɔfo nsɛm ho ban wɔ wo man mu no, wubetumi abɔ wɔn amanneɛ.