Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔsɔfo Bi Nyaa Ne Nsɛmmisa Ho Mmuae

Ɔsɔfo Bi Nyaa Ne Nsɛmmisa Ho Mmuae

 Eliso yɛ Yehowa Dansefo. Da koro bi, na ɔne maame bi reyɛ Bible adesua wɔ maame no fie. Ankyɛ koraa na maame no nyaa ahɔho. Ná ofiewura no nhwɛ kwan sɛ wɔbɛba hɔ. Ná ɛyɛ ɔsɔfo bi ne ne yere. Ná Eliso ate sɛ ɔsɔfo no ne ne yere ahwere wɔn ba koro pɛ.

 Bere a Eliso maa wɔn hyɛden na ɔkaa nsɛm de kyekyee wɔn werɛ wiei no, nusu guu ɔsɔfo no ne ne yere, na wosui paa. Afei ɔsɔfo no de abufuw kaa sɛ: “Minhu nea enti a Onyankopɔn ama asɛm a ɛte saa ato me! Adɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔbɛfa me ba no kɔ? Mfe 28 ni na mede asom no; menyɛɛ no bɔne biara. Enti nea mayɛ nyinaa, Onyankopɔn anhu. Wei na ɔde tuaa me ka. Adɛn nti koraa na okum me ba no?”

 Eliso maa awarefo no hui sɛ, ɛnyɛ Onyankopɔn na abɛfa wɔn ba no kɔ. Ɔne wɔn susuw nsɛm bi te sɛ agyede afɔre no, owusɔre, ne nea enti a Onyankopɔn ma kwan ma nneɛma bɔne sisi ho. Awarefo no ka kyerɛɛ Eliso sɛ, nsɛmmisa a ɛyɛ a wɔbɔ mpae sɛ wobenya ho mmuae araa na wɔanya no.

 Nnawɔtwe a edi hɔ no, ɔsɔfo no ne ne yere no kɔkaa maame no ho ma Eliso ne wɔn nyinaa suaa Bible no. Eliso ne wɔn susuw asɛmti a ɛne, “Anidaso Ankasa Wɔ Hɔ Ma W’adɔfo a Wɔawuwu No” a ɛwɔ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma no mu. Bere a wɔreyɛ adesua no, ɔsɔfo no ne ne yere no de wɔn ho hyɛɛ mu, na wɔmaa mmuae.

 Akyiri yi, ɔsɔfo no ne ne yere no kɔɔ nhyiam titiriw bi a Yehowa Adansefo yɛe wɔ Tbilisi, Georgia no bi. Wohui sɛ wɔn a wɔwɔ nhyiam no ase dodɔ wɔn ho, na baakoyɛ wɔ wɔn ntam. Ná wɔayɛ biara sɛ wɔbɛma wɔn asɔremma no adodɔ wɔ ho, nanso wɔde tare a na awae. Ɛno nti wohuu saa no, wɔn ani gyei paa na ɛkaa wɔn koma.