Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Ne Yehowa Adansefo Akwankyerɛ Kuw No?

Dɛn Ne Yehowa Adansefo Akwankyerɛ Kuw No?

 Akwankyerɛ Kuw no yɛ Kristofo mmarima kakraa bi a wɔn ho akokwaw a wɔde akwankyerɛ ma Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa. Wɔn adwuma no wɔ afã mmienu:

 Asomafo no bere so no, “asomafo no ne mpanyimfo a wɔwɔ Yerusalem no” na na wogyina Kristofo asafo no nyinaa ananmu sisi gyinae a emu yɛ duru. Saa ara na Akwankyerɛ Kuw no yɛ nnɛ. (Asomafo Nnwuma 15:2) Ná asomafo ne mpanyimfo a wɔwɔ Yerusalem no nyɛ Kristofo asafo no akannifo. Saa ara na Akwankyerɛ Kuw nso nyɛ Yehowa Adansefo akannifo. Akwankyerɛ a wɔde ma no, woyi fi Bible mu, na wogye tom sɛ Yesu Kristo na Yehowa Nyankopɔn de no ayɛ asafo no Ti.—1 Korintofo 11:3; Efesofo 5:23.

Henanom ne Akwankyerɛ Kuw no mufo?

 Akwankyerɛ Kuw no mufo ne Kenneth Cook, Jr., Gage Fleegle, Samuel Herd, Geoffrey Jackson, Stephen Lett, Gerrit Lösch, Mark Sanderson, David Splane, ne Jeffrey Winder. Yehowa Adansefo ɔfese kɛse paa a ɛwɔ Warwick, New York, U.S.A. no, ɛhɔ na wɔyɛ adwuma.

Sɛn na wɔahyehyɛ Akwankyerɛ Kuw no?

 Akwankyerɛ Kuw no ahyehyɛ akuw nsia a wɔhwɛ ɔsom adwuma no afa ahorow so. Akwankyerɛ Kuw no muni biara wɔ akuw nsia yi baako anaa nea ɛboro saa mu.

  •   Nsɛm Ho Dwumadi Boayikuw: Biribiara a ɛfa mmara ho no, wɔn na wɔhwɛ ma wɔyɛ ho adwuma. Afei nso, sɛ atoyerɛnkyɛm bi si anaa wɔretan Yehowa Adansefo ani wɔ wɔn gyidi ho anaasɛ nsɛm bi to wɔn na wohia mmoa ntɛm paa a, Akwankyerɛ Kuw no na ɛyɛ nhyehyɛe ma wɔkɔboa wɔn.

  •   Adwumayɛfo Yiyedi Boayikuw: Wɔn na wɔhwɛ toto nneɛma ma Betel abusua no mufo.

  •   Nhoma Tintim Boayikuw: Wɔn na wɔhwɛ ma wotintim nhoma a yɛde sua Bible, na wɔn ara nso na wɔhwɛ ma wɔde nhoma no bi kɔ wiase nyinaa. Wɔn ara na wɔhwɛ ma wosisi adan a Yehowa Adansefo hyiam, mmeae a wɔkyerɛ nhoma ase kɔ kasa ahorow mu, ne Yehowa Adansefo ɔfese akɛse a ɛwɔ aman ahorow so.

  •   Ɔsom Boayikuw: Wɔn na wɔhwɛ “Ahenni no ho asɛmpa” a yɛka no so.—Mateo 24:14.

  •   Nkyerɛkyerɛ Boayikuw: Bible nkyerɛkyerɛ a wɔde ma Yehowa Adansefo wɔ wɔn asafo nhyiam ase, sukuu ahorow a wɔyɛ, audio ne video a wɔyɛ nyinaa, wɔn na wɔde ho akwankyerɛ ma.

  •   Akyerɛw Boayikuw: Nhoma ahorow a yɛde sua Bible, ne nneɛma a yɛde gu Intanɛt so no, wɔn na wɔde ho akwankyerɛ ma. Wɔn ara nso na wɔhwɛ ma wɔkyerɛ yɛn nhoma ahorow ase kɔ kasa ahorow mu.

 Boayikuw ahorow yi mu adwuma a Akwankyerɛ Kuw no mufo yɛ akyi no, nnawɔtwe biara wohyiam susuw nneɛma a Yehowa Adansefo hia ho. Wohyiam a, wosusuw nea Bible no ka ho, wɔma Onyankopɔn honhom kyerɛ wɔn kwan, na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ adwenkoro wɔ gyinae a wosisi ho.—Asomafo Nnwuma 15:25.

Henanom ne Akwankyerɛ Kuw no aboafo?

 Wɔyɛ Kristofo a wodi nokware a wɔboa Akwankyerɛ Kuw no wɔ akuw a wɔahyehyɛ no mu. (1 Korintofo 4:2) Wɔwɔ nimdeɛ ne osuahu wɔ adwuma a kuw a wɔde wɔn kɔ mu hwɛ so no mu, na wɔkɔ nhyiam a saa kuw no yɛ nnawɔtwe biara no bi. Ɛwom sɛ aboafo yi nka wɔn a wosisi gyinae no ho de, nanso wotumi ka nea wonim fa asɛm a wɔresusuw ho no ho na wɔde ho afotu a ebetumi aboa ama wɔasi gyinae pa ma. Wɔde gyinae a Akwankyerɛ Kuw no sisi no yɛ adwuma, na wɔde wɔn ani di akyiri hwɛ sɛnea nneɛma rekɔ so. Afei nso, Akwankyerɛ Kuw no tumi soma wɔn ma wɔkɔsrasra yɛn nuanom a wɔwɔ wiase aman bi so, na sɛ wɔreyɛ afe afe nhyiam no anaa nhyiam a wɔyɛ ma wɔn a wɔawie Gilead sukuu no nso a, wotumi ma wɔkasa wɔ ase.

ABOAFO NO

Boayikuw

Edin

Nsɛm Ho Dwumadi

  • Ekrann, John

  • Gillies, Paul

  • Snyder, Troy

Adwumayɛfo Yiyedi

  • Grizzle, Gerald

  • LaFranca, Patrick

  • Molchan, Daniel

  • Scott, Mark

  • Walls, Ralph

Nhoma Tintim

  • Butler, Robert

  • Corkern, Harold

  • Glockentin, Gajus

  • Gordon, Donald

  • Luccioni, Robert

  • Reinmueller, Alex

  • Sinclair, David

Ɔsom

  • Breaux, Gary

  • Dellinger, Joel

  • Georges, Betty

  • Griffin, Anthony

  • Hyatt, Seth

  • Jedele, Jody

  • Mavor, Christopher

  • Perla, Baltasar, Jr.

  • Rumph, Jacob

  • Smith, Jonathan

  • Turner, William, Jr.

  • Weaver, Leon, Jr.

Nkyerɛkyerɛ

  • Banks, Michael

  • Curzan, Ronald

  • Flodin, Kenneth

  • Malenfant, William

  • Noumair, Mark

  • Schafer, David

Akyerɛw

  • Ahladis, Nicholas

  • Christensen, Per

  • Ciranko, Robert

  • Godburn, Kenneth

  • Mantz, James

  • Marais, Izak

  • Martin, Clive

  • Myers, Leonard

  • Smalley, Gene

  • van Selm, Hermanus