Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sini ne Nhoma ne Nnwom Bi Wɔ Hɔ a Yehowa Adansefo Bara Anaa?

Sini ne Nhoma ne Nnwom Bi Wɔ Hɔ a Yehowa Adansefo Bara Anaa?

 Daabi. Yɛn ahyehyɛde no nhyɛ da nhwehwɛ sini, nhoma, ne nnwom pɔtee bi mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛka akyerɛ yɛn sɛ wei ye anaa wei nye. Adɛn ntia?

  Bible tu obiara fo sɛ ɔntete ‘n’adwene’ sɛnea ɛbɛyɛ a obehu nea ɛyɛ papa ne nea ɛyɛ bɔne.—Hebrifo 5:14.

  Sɛ Kristoni pɛ sɛ ɔde biribi gyigye n’ani a, nsɛm bi wɔ Bible mu a ebetumi aboa no ama wahu nea ɛyɛ papa ne nea ɛnyɛ papa. a Nneɛma a yɛde gyigye yɛn ani ne biribi foforo biara a yɛyɛ wɔ yɛn abrabɔ mu no, nea ehia yɛn paa ne sɛ ‘yɛbɛkɔ so ahwehwɛ mu ahu nea ɛsɔ Awurade ani.’—Efesofo 5:10.

  Bible ma yehu sɛ abusua ti biara wɔ tumi bi wɔ n’abusua so, enti obetumi aka sɛ ɔremma kwan mma n’abusua mfa nneɛma bi nnyigye wɔn ani. (1 Korintofo 11:3; Efesofo 6:1-4) Sɛ obi yɛ Yehowa Danseni a, n’abusua mu nko ara na obetumi abara sini anaa nnwom bi. Nanso obiara nni tumi a obetumi de aka sɛ wabara sini anaa nnwom pɔtee bi sɛ enye mma Yehowa Adansefo nyinaa.—Galatifo 6:5.

a Ɛho nhwɛso ni: Biribiara a ahonhonsɛm, aguamammɔ, ɔbrasɛe, ne awudisɛm wom no, Bible kasa tia.—Deuteronomium 18:10-13; Efesofo 5:3; Kolosefo 3:8.