Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Moyare a, Moyɛ Aduru?

Moyare a, Moyɛ Aduru?

 Aane, Yehowa Adansefo yare a, wogye ayaresa na wɔnom aduru. Yɛhwɛ yɛn nipadua ne yɛn apɔwmuden yiye sɛnea yebetumi biara, nanso edu baabi a na abehia sɛ yekohu “dɔkota.” (Luka 5:​31, Easy-to-Read Version) Sɛnea na tete Kristoni Luka yɛ dɔkota no, saa na ɛnnɛ nso Yehowa Adansefo binom yɛ adɔkotafo.​—Kolosefo 4:14.

 Nanso ayaresa no bi wɔ hɔ a, ɛne Bible nhyia, enti yɛmpene so. Emu biako ne sɛ, Bible bara mogya a yebegye agu yɛn nipadua mu ama yɛanya ahoɔden, enti yennye mogya. (Asomafo Nnwuma 15:​20) Ɛnyɛ ɛno nko ara, ayaresa biara a ahonhonsɛm bata ho no, Bible kasa tia.​—Galatifo 5:​19-21.

 Nanso, ayaresa bebree wɔ hɔ a, Bible nka ho asɛmmɔne. Enti obiara kyerɛ nea ɔpɛ. Nea Ɔdansefo bi pɛ no, Ɔdansefo foforo bɛka sɛ ɔmpɛ.​—Galatifo 6:5.