Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE MU NSƐM A WƆAKYERƐKYERƐ MU

2 Timoteo 1:7—“Onyankopɔn Amma Yɛn Ehu Honhom”

2 Timoteo 1:7—“Onyankopɔn Amma Yɛn Ehu Honhom”

 “Efisɛ Onyankopɔn amma yɛn ehu honhom, na mmom ɔmaa yɛn tumi ne ɔdɔ ne adwene a emu da hɔ honhom.”—2 Timoteo 1:7, Wiase Foforo Nkyerɛase.

 “Efisɛ Onyankopɔn amma yɛn ehu honhom, na mmom ahoɔden ne ɔdɔ ne adwenemtew de.”—2 Timoteo 1:7, Akuapem Twi Bible a The Bible Society of Ghana Yɛe.

Nea 2 Timoteo 1:7 Kyerɛ

 Onyankopɔn betumi ama obi akokoduru ama wayɛ nea ɛteɛ. Onyankopɔn mpɛ sɛ obiara bɛyɛ ohufo, efisɛ ɛba saa a, ɛbɛma wasuro sɛ ɔbɛyɛ nea Onyankopɔn pɛ.

 Timoteo nhoma a ɛtɔ so mmienu, ti 1 nkyekyɛm 7 no kaa nneɛma mmiɛnsa bi a yenya fi Nyankopɔn hɔ a ɛma yetumi di ehu so. Yɛnhwɛ saa nneɛma no.

 “Tumi.” Atamfo a wɔn ho yɛ hu ne tebea a ɛyɛ hu nyinaa akyi no, Kristofo atumi de akokoduru asom Onyankopɔn. Wɔmmaa ehu nkyekyeree wɔn. (2 Korintofo 11:23-27) Ɛdɛn na ɛboa wɔn? Ɔsomafo Paul kyerɛɛ mu sei: “Nea ɔhyɛ me den no adaworoma, minya ahoɔden wɔ biribiara mu.” (Filipifo 4:13) Onyankopɔn betumi ama n’asomfo “tumi a ɛboro nnipa de so” ama wɔatumi adi ɔhaw biara so.—2 Korintofo 4:7.

 “Ɔdɔ.” Kristofo dɔ Onyankopɔn paa, enti ɛma wɔde akokoduru yɛ nea ɛteɛ. Afei nso, Kristofo dɔ wɔn yɔnko nnipa, enti ɛma wodwen afoforo ho sen wɔn ankasa ho. Sɛ nkurɔfo tan wɔn ani anaa wɔkɔ ɔhaw kɛse mu mpo a, wodwen afoforo ho sen wɔn ara wɔn ho.—Yohane 13:34; 15:13.

 “Adwene a emu da hɔ.” Bible mu no, sɛ yɛka sɛ Kristoni bi adwene mu da hɔ a, ɛkyerɛ sɛ otumi de Bible mu nsɛm sisi gyinae pa. Obi a n’adwene mu da hɔ no, sɛ ɔrefa ɔhaw mu mpo a, n’adwene ntu mfra, na ɔnyɛ ade ntra so. Otumi sisi gyinae a ɛma wuhu sɛ ɔwɔ Onyankopɔn adwene wɔ nneɛma ho, na ɔma ɔne Onyankopɔn ayɔnkofa hia no sen nea nkurɔfo bɛka.

2 Timoteo 1:7 Ho Nsɛm

 Bible nhoma a wɔfrɛ no Timoteo Nhoma a Ɛtɔ So Mmienu no, ɛyɛ krataa a ɔsomafo Paul kyerɛw kɔmaa ne yɔnko dwumayɛni Timoteo a ɔpɛ n’asɛm paa no. Paul hyɛɛ aberante Timoteo nkuran wɔ krataa no mu sɛ ɔnkɔ so nyɛ ɔsom adwuma no denneennen. (2 Timoteo 1:1, 2) Ɛbɛyɛ sɛ na Timoteo yɛ obi a osuro ne ho na ɔfɛre ade kakra, enti na ɛmma ontumi nyɛ pii wɔ Kristofo asafo no mu. (1 Timoteo 4:12) Nanso Paul kaee Timoteo sɛ, Onyankopɔn ama no ɔdom akyɛde, anaa hokwan titiriw bi a ɔde bɛsom wɔ asafo no mu. Ɔhyɛɛ Timoteo nkuran sɛ, sɛ ɔreyɛ n’adwuma sɛ ɔhwɛfo wɔ asafo no mu oo, sɛ ɔreka asɛmpa no oo, sɛ ne gyidi nti wɔretan n’ani oo, mma ɔmmmɔ hu.—2 Timoteo 1:6-8.

 Ɛwom sɛ wodii kan kyerɛw saa asɛm no kɔmaa Timoteo de, nanso wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn nnɛ no, ɛhyɛ wɔn nkuran sɛ, ɔhaw biara a wobehyia no, Onyankopɔn bɛboa wɔn ama wɔatumi adi so, na wɔatumi asom no yiye.