Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE MU NSƐM A WƆAKYERƐKYERƐ MU

Dwom 23:4—“Menam Esum Kabii Bon No Mu A”

Dwom 23:4—“Menam Esum Kabii Bon No Mu A”

 “Sɛ menam obon a emu yɛ sum kabii mu mpo a, minsuro bɔne biara, efisɛ woka me ho; w’abaa ne wo poma na ɛkyekye me werɛ.”—Dwom 23:4, Wiase Foforo Nkyerɛase.

 “Nso menam esum kabii bon no mu a, minsuro bɔne bi, efisɛ wo ne me na ɛwɔ hɔ, w’abaa ne wo poma na ɛkyekye me werɛ.”—Dwom 23:4, Akuapem Twi Bible a The Bible Society of Ghana Yɛe.

Nea Dwom 23:4 Kyerɛ

 Wɔn a wɔsom Onyankopɔn no, sɛ nneɛma nkɔ yiye mma wɔn mpo a, ɔbɔ wɔn ho ban. Kyerɛwsɛm yi ma yehu sɛ, sɛnea Onyankopɔn hwɛ n’asomfo no, ɛte sɛ nea oguanhwɛfo hwɛ ne nguan. a Amanehunu a Onyankopɔn asomfo tumi fa mu no, kyerɛwsɛm no de toto obon a emu yɛ sum kabii ho. Na sɛ wɔrefa saa amanehunu no mu anaa wɔne owu bɔ mpunimpu mpo a, wonim sɛ ɛnkaa wɔn nko ara. Wɔte nka sɛ Onyankopɔn wɔ wɔn nkyɛn pɛɛ, enti wonsuro.

 Tete mmere mu no, na nguanhwɛfo de abaa anaa poma na ɛbɔ wɔn nguan ho ban na mmoa bɔne ankyere wɔn. Wɔn poma no, na ɛyɛ dua tenten a ano akoa. Ɛno na na wɔde kyerɛ nguan no kwan, na sɛ wɔrekɔ baabi a ɛhɔ nye nso a, ɛno na na wɔde ka wɔn. Yehowa Nyankopɔn te sɛ Oguanhwɛfo a ɔdɔ ne nguan. Ɔbɔ n’asomfo ho ban, na ɔkyerɛ wɔn kwan. Sɛ nneɛma mu yɛ den ma wogye wɔn ho a ennye a, Yehowa fa akwannuasa nyinaa so boa wɔn.

  •   Ɔnam n’Asɛm Bible so ma wɔn akwankyerɛ, na ɔkyekye wɔn werɛ.—Romafo 15:4.

  •   Otie wɔn mpaebɔ, na ɔma wonya asomdwoe ne akomatɔyam.—Filipifo 4:6, 7.

  •   Ɔfa wɔn nuanom Kristofo so hyɛ wɔn nkuran.—Hebrifo 10:24, 25.

  •   Wama wɔn anidaso sɛ daakye nneɛma bɛyɛ yiye, efisɛ ɔhaw biara a wɔrefa mu no, obeyi afi hɔ.—Dwom 37:29; Adiyisɛm 21:3-5.

Dwom 23:4 Ho Nsɛm

 Dawid na ɔkyerɛw Dwom 23. Bere a ɔyɛ aberantewa no, na ɔyɛ oguanhwɛfo, na akyiri yi obedii tete Israel man no so hene. (1 Samuel 17:34, 35; 2 Samuel 7:8) Ɔrefi Dwom 23 ase no, ɔkaa Yehowa ho asɛm sɛ ɔyɛ Oguanhwɛfo a odi n’asomfo anim, ɔhwɛ wɔn so, na ɔma wɔn ho dwo wɔn, sɛnea oguanhwɛfo biara yɛ ne nguan no.—Dwom 23:1-3.

 Sɛnea Dawid fii n’asɛm no ase wɔ Dwom 23 no, na ɛte sɛ nea ɔreka Onyankopɔn ho asɛm akyerɛ obi. Nanso bere a Dawid rekyerɛ sɛnea Onyankopɔn bɔ n’asomfo ho ban wɔ nkyekyɛm 4 no, ɔkaa no te sɛ nea ɔne Onyankopɔn na ɛrekasa tẽẽ. Sɛnea ɔdanee asɛm no wɔ hɔ no ma yehu sɛ na ɔne Yehowa ntam yɛ kama paa. Ná Dawid nim sɛ Onyankopɔn dwen ne ho, na amane a ɔrehu nyinaa Onyankopɔn ani tua. Wei nti, na Dawid nsuro.

 Dwom 23 ahyɛase no, Dawid de oguanhwɛfo ne ne nguan na ɛyɛɛ mfatoho. Nanso nkyekyɛm 5 ne 6 no, ɔde obi a watow pon afrɛ obi aba ase na ɛyɛɛ mfatoho. Ná ayɛ te sɛ nea Yehowa atow Dawid pon na ɔde nea ɔpɛ nyinaa abesi n’anim. Dawid atamfo mpo, na biribiara nni hɔ a wobetumi ayɛ ama Onyankopɔn apo no. Bere a ɔde dwom no reba awiei no, ɔkyerɛe sɛ ogye di paa sɛ Onyankopɔn bɛyɛ no papa na wadɔ no ne nkwa nna nyinaa.

 Mfatoho ahorow a ɛwɔ Dwom 23 no ma yehu sɛ Onyankopɔn dɔ n’asomfo, na ɔbɛkɔ so ahwɛ wɔn.—1 Petro 2:25.

a Bible taa ka Onyankopɔn a ne din de Yehowa no ho asɛm sɛ ɔyɛ Oguanhwɛfo a odwen n’asomfo a wɔte sɛ ne nguan ho. Ɔno na ɔbɔ wɔn ho ban na ɔboa wɔn.—Dwom 100:3; Yesaia 40:10, 11; Yeremia 31:10; Hesekiel 34:11-16.