Nnwom 37:1-40

  • Wɔn a wɔde wɔn ho to Yehowa so no, ebesi wɔn yiye

    • Mma wo bo mmfuw esiane nnebɔneyɛfo nti (1)

    • “Di ahurusi wɔ Yehowa mu” (4)

    • “Fa wo kwan hyɛ Yehowa nsa” (5)

    • “Ahobrɛasefo na asaase no bɛyɛ wɔn dea” (11)

    • Ɔtreneeni ano aduan remmɔ no (25)

    • Atreneefo bɛtena asaase so daa (29)

Dawid dwom. א [Aleph] 37  Mma wo bo mmfuw esiane nnebɔneyɛfo nti,Na mma w’ani mmmere amumɔyɛfo.+   Wobekisa ntɛm sɛ sare,+Na wobetwintwam sɛ wura momono. ב [Beth]   Fa wo ho to Yehowa so na yɛ papa;+Tena asaase so na di nokware.+   Di ahurusi wɔ Yehowa mu,*Na ɔbɛma wo nea wo koma pɛ. ג [Gimel]   Fa wo kwan hyɛ Yehowa nsa,+Na fa wo ho to no so, na obeso wo mu.+   Ɔbɛma wo trenee ada adi sɛ adekyee hann,Na w’atɛntrenee ada adi sɛ awia ketee. ד [Daleth]   Yɛ komm hwɛ Yehowa;+Tɔ wo bo ase* twɛn no. Sɛ obi bɔ pɔw bɔne na otumi yɛ ho adwuma a,Mma ɛnhaw wo.+ ה [He]   Mma abufuw nnhyɛ wo so, na mma abufuhyew kwan;+Mma nneɛma nnhaw wo na woankɔyɛ bɔne,*   Efisɛ wobeyi nnebɔneyɛfo hɔ,+Na wɔn a wɔtwɛn Yehowa no, wɔn na asaase no bɛyɛ wɔn dea.+ ו [Waw] 10  Aka kakraa bi na nnebɔneyɛfo nni hɔ bio;+Wobɛhwehwɛ wɔn tenabea,Nanso worenhu wɔn.+ 11  Ahobrɛasefo na asaase no bɛyɛ wɔn dea,+Na wobegye wɔn ani wɔ asomdwoe bebree mu.+ ז [Zayin] 12  Ɔdebɔneyɛfo fa ɔtreneeni ho adwemmɔne,+Na ɔde abufuw twɛre ne se gu no so. 13  Nanso Yehowa bɛserew no,Efisɛ Onim sɛ n’awiei bɛba.+ ח [Heth] 14  Nnebɔneyɛfo twe wɔn sekan, na wokuntun wɔn agyan muSɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛma mmɔborɔwa ne ohiani ahwe ase,Na wɔakum wɔn a wɔn kwan teɛ. 15  Wɔn ankasa sekan na ɛbɛwɔ wɔn koma mu;+Wɔn agyan bebubu. ט [Teth] 16  Nneɛma kakra a ɔtreneeni wɔ no,Eye sen adedodow a nnebɔneyɛfo pii wɔ,+ 17  Efisɛ nnebɔneyɛfo nsam begow,Na atreneefo de, Yehowa bɛboa wɔn. י [Yod] 18  Ɔhaw a wɔn a wɔn ho nni asɛm fa mu no, Yehowa nim,*Na wɔn agyapade bɛtena hɔ daa.+ 19  Ahohia ba a, wɔn ani renwu,Na ɔkɔm bere mu nso, wɔbɛmee. כ [Kaph] 20  Nnebɔneyɛfo de, wɔbɛyera,+Sɛnea wura frɔmfrɔm hyew no, saa ara na Yehowa atamfo ase bɛhyew;Wɔbɛyera te sɛ wusiw. ל [Lamed] 21  Ɔdebɔneyɛfo fɛm ade a, ontua;Ɔtreneeni de, ne yam ye* na ɔkyɛ ade.+ 22  Wɔn a Onyankopɔn hyira wɔn no, wɔn na asaase no bɛyɛ wɔn dea,Na wɔn a ɔdome wɔn no de, wɔbɛsɛe.+ מ [Mem] 23  Sɛ ɔbarima kwan sɔ Yehowa ani a,+Ɔkyerɛ no sɛnea obetutu n’anammɔn.*+ 24  Sɛ ɔhwe ase mpo a, ɔrenka hɔ,+Efisɛ Yehowa beso ne nsa* ama no so.+ נ [Nun] 25  Ná meyɛ abofra, na afei mabɔ akwakoraa,Nanso minhuu sɛ Onyankopɔn apo ɔtreneeni+Anaasɛ n’asefo srɛsrɛ aduan.*+ 26  Oyi ne yam de ade fɛm nkurɔfo daa,+Na nhyira da hɔ retwɛn ne mma. ס [Samekh] 27  Fi bɔne ho na yɛ papa,+Na wobɛtena ase daa. 28  Efisɛ Yehowa dɔ atɛntrenee,Na ɔrennyaw n’anokwafo.+ ע [Ayin] Ɔbɛhwɛ wɔn so daa;+Na nnebɔneyɛfo asefo de, wɔbɛsɛe.+ 29  Atreneefo na asaase no bɛyɛ wɔn dea,+Na wɔbɛtena so daa.+ פ [Pe] 30  Ɔtreneeni de n’ano ka nsɛm a ɛma nkurɔfo hu nyansa,*Na ne tɛkrɛma ka nsɛm a ɛteɛ.+ 31  Ne Nyankopɔn mmara wɔ ne koma mu;+Sɛ otutu n’anammɔn a, ɔrenhintiw.+ צ [Tsade] 32  Ɔdebɔneyɛfo ani sa ɔtreneeni;Ɔrehwehwɛ no akum no. 33  Nanso Yehowa rennyaw ɔtreneeni nhyɛ ne nsa,+Na sɛ ɔrebu atɛn a, ɔremmu ɔtreneeni fɔ.+ ק [Qoph] 34  Twɛn Yehowa, na fa ne kwan so;Ɔbɛma wo so na ɔde asaase no ama wo. Sɛ woyi nnebɔneyɛfo hɔ a,+ wubehu.+ ר [Resh] 35  Mahu ɔdebɔneyɛfo a ne tirim yɛ sum;Ɔtrɛtrɛw yɛɛ frɔmm sɛ dua a anya baabi pa asi.+ 36  Nanso mpofirim ara otwaam kɔe, na na onni hɔ bio;+Mehwehwɛɛ no ara nso manhu no.+ ש [Shin] 37  Hwɛ onipa a asɛm biara nni ne ho,*Na hwɛ nea ɔteɛ;+Saa onipa no awiei bɛyɛ asomdwoe.+ 38  Mmaratofo de, wɔbɛsɛe wɔn nyinaa,Na anidaso biara nni hɔ mma nnebɔneyɛfo.+ ת [Taw] 39  Atreneefo nkwagye fi Yehowa;+Ɔno ne wɔn ahohia bere mu guankɔbea.+ 40  Yehowa bɛboa wɔn na wagye wɔn.+ Obeyi wɔn afi nnebɔneyɛfo nsam, na wagye wɔn,Efisɛ wɔde no ayɛ wɔn guankɔbea.+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “Ma w’ani nka Yehowa ho.”
Anaa “Nya abotare.”
Ebetumi nso akyerɛ, “Mma nneɛma nnhaw wo efisɛ nea ebewie ara ne bɔne.”
Nt., “Yehowa nim wɔn a wodi mu no nkwa nna.”
Anaa “ɔdom nkurɔfo.”
Anaa “Ɔma n’anammɔn tim.”
Anaa “Yehowa de ne nsa beso ne mu.”
Nt., “paanoo.”
Anaa “Nyansa na ɔtreneeni de n’ano besebese.”
Anaa “onipa a n’abrabɔ di mu.”